< Hesekiel 10 >

1 Mehwɛe, na mihuu biribi te sɛ bibiri ahengua a ɛsensɛn ntrɛwmu a ɛwɔ kerubim apampam no so.
ואראה והנה אל הרקיע אשר על ראש הכרבים כאבן ספיר כמראה דמות כסא נראה עליהם׃
2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.
ויאמר אל האיש לבש הבדים ויאמר בא אל בינות לגלגל אל תחת לכרוב ומלא חפניך גחלי אש מבינות לכרבים וזרק על העיר ויבא לעיני׃
3 Afei na kerubim no gyinagyina asɔredan no anafo fam bere a ɔbarima no kɔhyɛn mu no, na omununkum kɔhyɛɛ fam adiwo hɔ mu ma.
והכרבים עמדים מימין לבית בבאו האיש והענן מלא את החצר הפנימית׃
4 Na Awurade anuonyam maa ne ho so fii kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no abobow ano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma, na Awurade anuonyam hyerɛn yɛɛ adiwo hɔ ma.
וירם כבוד יהוה מעל הכרוב על מפתן הבית וימלא הבית את הענן והחצר מלאה את נגה כבוד יהוה׃
5 Bere a ɔrekasa no na wɔte kerubim ntaban no nnyigyei no wɔ mfikyiri fam adiwo hɔ te sɛ Otumfo Nyankopɔn nne.
וקול כנפי הכרובים נשמע עד החצר החיצנה כקול אל שדי בדברו׃
6 Bere a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Yi nnyansramma fi nkyimii no mu, fi kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kogyinaa nkyimii no baako ho.
ויהי בצותו את האיש לבש הבדים לאמר קח אש מבינות לגלגל מבינות לכרובים ויבא ויעמד אצל האופן׃
7 Afei kerubim no mu baako teɛɛ ne nsa hyɛɛ nnyansramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no nsam, na ɔno nso gye de fii adi.
וישלח הכרוב את ידו מבינות לכרובים אל האש אשר בינות הכרבים וישא ויתן אל חפני לבש הבדים ויקח ויצא׃
8 (Na wohu biribi te sɛ onipa nsa wɔ kerubim no ntaban ase.)
וירא לכרבים תבנית יד אדם תחת כנפיהם׃
9 Mehwɛe, na mihuu nkyimii anan a baako biara gyina kerubim nkyɛn, na nkyimii no pa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo.
ואראה והנה ארבעה אופנים אצל הכרובים אופן אחד אצל הכרוב אחד ואופן אחד אצל הכרוב אחד ומראה האופנים כעין אבן תרשיש׃
10 Sɛnea ɛte no de, na nkyimii no nyinaa sesɛ; biara wɔ nkyimii foforo hyɛ mu.
ומראיהם דמות אחד לארבעתם כאשר יהיה האופן בתוך האופן׃
11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ nea kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ no; nkyimii no nnan wɔn ho bere a kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee wɔ nea eti no anim kyerɛ a ɔnnan ne ho.
בלכתם אל ארבעת רבעיהם ילכו לא יסבו בלכתם כי המקום אשר יפנה הראש אחריו ילכו לא יסבו בלכתם׃
12 Aniwa tuatua wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban ho nyinaa. Saa ara na nkyimii anan no nso te.
וכל בשרם וגבהם וידיהם וכנפיהם והאופנים מלאים עינים סביב לארבעתם אופניהם׃
13 Metee sɛ wɔrefrɛ nkyimii no se, “mfɛtɛ nkyimii.”
לאופנים להם קורא הגלגל באזני׃
14 Kerubim no mu biara wɔ anim anan. Anim baako te sɛ kerub, nea ɛto so abien te sɛ onipa anim, nea ɛto so abiɛsa te sɛ gyata anim, nea ɛto so anan te sɛ ɔkɔre anim.
וארבעה פנים לאחד פני האחד פני הכרוב ופני השני פני אדם והשלישי פני אריה והרביעי פני נשר׃
15 Afei kerubim no maa wɔn ho so. Eyinom na na wɔyɛ ateasefo a na mahu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no.
וירמו הכרובים היא החיה אשר ראיתי בנהר כבר׃
16 Sɛ kerubim no keka wɔn ho a, nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ma wɔn ho so kɔ wim a, nkyimii no ka wɔn ho ara.
ובלכת הכרובים ילכו האופנים אצלם ובשאת הכרובים את כנפיהם לרום מעל הארץ לא יסבו האופנים גם הם מאצלם׃
17 Sɛ kerubim no gyinagyina dinn a, nkyimii no nso gyinagyina dinn, na sɛ kerubim no ma wɔn ho so a wɔne wɔn ma wɔn ho so, efisɛ honhom wɔ ateasefo no mu.
בעמדם יעמדו וברומם ירומו אותם כי רוח החיה בהם׃
18 Afei Awurade anuonyam no fii asɔredan no abobow ano na ekogyinaa kerubim no atifi.
ויצא כבוד יהוה מעל מפתן הבית ויעמד על הכרובים׃
19 Merehwɛ no, kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu maa wɔn ho so fii fam na nkyimii no ne wɔn kɔe. Wokogyinaa Awurade fi pon a ɛwɔ apuei fam no ano, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi.
וישאו הכרובים את כנפיהם וירומו מן הארץ לעיני בצאתם והאופנים לעמתם ויעמד פתח שער בית יהוה הקדמוני וכבוד אלהי ישראל עליהם מלמעלה׃
20 Eyinom ne ateasefo a na mahu wɔn wɔ Israel Nyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mihuu sɛ wɔyɛ kerubim.
היא החיה אשר ראיתי תחת אלהי ישראל בנהר כבר ואדע כי כרובים המה׃
21 Wɔn mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase.
ארבעה ארבעה פנים לאחד וארבע כנפים לאחד ודמות ידי אדם תחת כנפיהם׃
22 Wɔn nyinaa anim te sɛ nea na mahu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.
ודמות פניהם המה הפנים אשר ראיתי על נהר כבר מראיהם ואותם איש אל עבר פניו ילכו׃

< Hesekiel 10 >