< 2 Mose 1 >

1 Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi.
以色列的眾子,各帶家眷,和雅各一同來到埃及。他們的名字記在下面。
2 Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;
有呂便、西緬、利未、猶大、
3 Isakar, Sebulon ne Benyamin;
以薩迦、西布倫、便雅憫、
4 Dan, Naftali; Gad ne Aser.
但、拿弗他利、迦得、亞設。
5 Yakob asefo a ɔne wɔn kɔe no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dedaw.
凡從雅各而生的,共有七十人。約瑟已經在埃及。
6 Yosef ne ne nuanom ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui,
約瑟和他的弟兄,並那一代的人,都死了。
7 nanso Israelfo no ase fɛee, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.
以色列人生養眾多,並且繁茂,極其強盛,滿了那地。
8 Na ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm.
有不認識約瑟的新王起來,治理埃及,
9 Ɔka kyerɛɛ ne manfo no se, “Monhwɛ, Israelfo yi ase adɔ, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn.
對他的百姓說:「看哪,這以色列民比我們還多,又比我們強盛。
10 Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.”
來吧,我們不如用巧計待他們,恐怕他們多起來,日後若遇甚麼爭戰的事,就連合我們的仇敵攻擊我們,離開這地去了。」
11 Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.
於是埃及人派督工的轄制他們,加重擔苦害他們。他們為法老建造兩座積貨城,就是比東和蘭塞。
12 Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo
只是越發苦害他們,他們越發多起來,越發蔓延;埃及人就因以色列人愁煩。
13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfo no so ketee.
埃及人嚴嚴地使以色列人做工,
14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no.
使他們因做苦工覺得命苦;無論是和泥,是做磚,是做田間各樣的工,在一切的工上都嚴嚴地待他們。
15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se,
有希伯來的兩個收生婆,一名施弗拉,一名普阿;埃及王對她們說:
16 “Sɛ mukogye Hebrini biara awo, na awoe hɔ muhu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabea de a, monnyɛ no hwee.”
「你們為希伯來婦人收生,看她們臨盆的時候,若是男孩,就把他殺了;若是女孩,就留她存活。」
17 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo no nti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so, maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenae.
但是收生婆敬畏上帝,不照埃及王的吩咐行,竟存留男孩的性命。
18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanni mmara a mehyɛe no so na moama mmarimaa a Hebrifo no wowoo wɔn no atena?”
埃及王召了收生婆來,說:「你們為甚麼做這事,存留男孩的性命呢?」
19 Wobuaa no se, “Hebrifo mmea no de ahoɔden wo ɔhare so nti yebedu hɔ no, na wɔawo dedaw. Wɔnte sɛ Misraimfo mmea no.”
收生婆對法老說:「因為希伯來婦人與埃及婦人不同;希伯來婦人本是健壯的,收生婆還沒有到,她們已經生產了。」
20 Onyankopɔn hyiraa awogyefo no. Na Israelfo no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛse.
上帝厚待收生婆。以色列人多起來,極其強盛。
21 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo nti, Onyankopɔn dom wɔn mma.
收生婆因為敬畏上帝,上帝便叫她們成立家室。
22 Na Farao hyɛɛ mmara sɛ Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no, wɔntow wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmeawa a wɔbɛwo wɔn foforo no de, wɔntena hɔ.
法老吩咐他的眾民說:「以色列人所生的男孩,你們都要丟在河裏;一切的女孩,你們要存留她的性命。」

< 2 Mose 1 >