< 2 Mose 9 >

1 Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.”
Hierauf sagte der HERR zu Mose: »Gehe zum Pharao und sage zu ihm: ›So hat der HERR, der Gott der Hebräer, gesprochen: Laß mein Volk ziehen, damit es mir diene!
2 Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a,
Denn wenn du dich weigerst, es ziehen zu lassen, und sie noch länger zurückhältst,
3 Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa.
so wird die Hand des HERRN über dein Vieh auf dem Felde kommen, über die Pferde, Esel und Kamele, über die Rinder und das Kleinvieh mit einer sehr schlimmen Seuche.
4 Nanso Awurade de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu.
Der HERR wird dabei aber einen Unterschied zwischen dem Vieh der Israeliten und dem Vieh der Ägypter machen, so daß von dem gesamten Besitz der Israeliten kein Stück fallen wird.‹«
5 Awurade ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, Awurade bɛyɛ eyi wɔ asase no so.
Darauf setzte der HERR eine bestimmte Zeit fest mit den Worten: »Morgen schon wird der HERR dies im Lande geschehen lassen!«
6 Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu.
Und am andern Tage ließ der HERR dies wirklich eintreten: alles Vieh der Ägypter starb, während vom Vieh der Israeliten kein einziges Stück fiel.
7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.
Als der Pharao nämlich hinsandte, um nachzusehen, stellte es sich heraus, daß vom Vieh der Israeliten kein einziges Stück gefallen war. Aber das Herz des Pharaos blieb trotzdem verstockt, so daß er das Volk nicht ziehen ließ.
8 Enti Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim.
Hierauf gebot der HERR dem Mose und Aaron: »Nehmt euch eure beiden Hände voll Ofenruß, und Mose soll ihn vor den Augen des Pharaos himmelwärts streuen!
9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”
Dann wird er sich als feiner Staub über das ganze Land Ägypten verbreiten und an Menschen und am Vieh zu Beulen werden, die als Geschwüre aufbrechen, im ganzen Lande Ägypten!«
10 Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa.
Da nahmen sie Ofenruß und traten vor den Pharao, und Mose streute ihn himmelwärts; da wurde er zu Beulen, die als Geschwüre an den Menschen und am Vieh aufbrachen.
11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa.
Die Zauberer aber konnten nicht vor Mose treten wegen der Beulen; denn die Beulen waren an den Zauberern ebenso wie an allen anderen Ägyptern aufgebrochen.
12 Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
Doch der HERR verhärtete das Herz des Pharaos, so daß er nicht auf sie hörte, wie der HERR es dem Mose vorausgesagt hatte. –
13 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me,
Hierauf gebot der HERR dem Mose: »Tritt morgen in der Frühe vor den Pharao und sage zu ihm: ›So hat der HERR, der Gott der Hebräer, gesprochen: Laß mein Volk ziehen, damit es mir diene!
14 anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho.
Denn diesmal will ich alle meine Plagen gegen dich selbst sowie gegen deine Diener und dein Volk loslassen, damit du erkennst, daß niemand mir gleichkommt auf der ganzen Erde!
15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa.
Denn schon jetzt hätte ich meine Hand ausstrecken und dich samt deinem Volk mit der Pest schlagen können, so daß du von der Erde vertilgt worden wärst;
16 Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa.
aber ich habe dich absichtlich leben lassen, um an dir meine Kraft zu erweisen und damit mein Name auf der ganzen Erde gepriesen wird.
17 Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ.
Wenn du dich noch länger dagegen sträubst, mein Volk ziehen zu lassen,
18 Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ.
so will ich morgen um diese Zeit einen sehr schweren Hagel niedergehen lassen, wie ein solcher nie zuvor in Ägypten dagewesen ist vom Tage seiner Gründung an bis jetzt.
19 Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”
Sende also hin und laß dein Vieh und alles, was du im Freien hast, in Sicherheit bringen: denn alle Menschen und alle Tiere, die sich im Freien befinden und nicht unter Dach und Fach gebracht worden sind, werden sterben, wenn der Hagel auf sie niederfällt!‹«
20 Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie.
Wer nun von den Leuten des Pharaos die Drohung des HERRN fürchtete, der brachte seine Knechte und sein Vieh unter Dach und Fach in Sicherheit;
21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn.
wer aber die Drohung des HERRN nicht beachtete, der ließ seine Knechte und sein Vieh im Freien.
22 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.”
Da gebot der HERR dem Mose: »Strecke deine Hand gen Himmel aus, damit Hagel in ganz Ägypten falle auf Menschen und Vieh und auf alles, was in Ägypten auf den Feldern gewachsen ist!«
23 Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa Awurade maa anyinam ne aprannaa twitwae.
Als nun Mose seinen Stab gen Himmel ausstreckte, ließ der HERR donnern und hageln, und Feuer fuhr zur Erde nieder, und der HERR ließ Hagel auf Ägypten regnen;
24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da.
mit dem Hagel aber kamen unaufhörliche Blitze mitten in den Hagel hinein so furchtbar, wie man etwas Derartiges in ganz Ägypten noch nicht erlebt hatte, seit es von einem Volk bewohnt war.
25 Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee.
Der Hagel erschlug in ganz Ägypten alles, was sich im Freien befand, Menschen wie Tiere; auch alle Feldgewächse zerschlug der Hagel und zerschmetterte alle Bäume auf dem Felde.
26 Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no.
Nur im Lande Gosen, wo die Israeliten wohnten, fiel kein Hagel.
27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. Awurade di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so.
Da ließ der Pharao Mose und Aaron rufen und sagte zu ihnen: »Diesmal habe ich mich versündigt: der HERR ist im Recht, ich aber und mein Volk sind im Unrecht!
28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”
Legt Fürbitte beim HERRN ein; denn der Donnerschläge Gottes und des Hagels ist nun mehr als genug: ich will euch ziehen lassen, und ihr sollt nicht länger hier bleiben!«
29 Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa.
Da antwortete ihm Mose: »Sobald ich zur Stadt hinausgehe, will ich meine Hände zum HERRN ausbreiten; dann werden die Donnerschläge aufhören, und kein Hagel wird mehr fallen, damit du erkennst, daß die Erde dem HERRN gehört.
30 Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.”
Aber ich weiß wohl: du und deine Diener, ihr fürchtet euch immer noch nicht vor Gott dem HERRN.«
31 Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa.
Der Flachs und die Gerste waren zerschlagen, denn die Gerste stand schon in Ähren und der Flachs in Blüte;
32 Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ.
aber der Weizen und der Spelt waren nicht zerschlagen, weil sie spätzeitig sind.
33 Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ.
Als Mose dann vom Pharao hinweg aus der Stadt hinausgegangen war, breitete er seine Hände zum HERRN aus; da hörten die Donnerschläge und der Hagel auf, und auch der Regen strömte nicht mehr auf die Erde nieder.
34 Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so.
Als nun der Pharao sah, daß der Regen, der Hagel und der Donner aufgehört hatten, fuhr er fort zu sündigen und verstockte sein Herz, er samt seinen Dienern.
35 Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.
So blieb denn das Herz des Pharaos hart, und er ließ die Israeliten nicht ziehen, wie der HERR es durch Mose vorausgesagt hatte.

< 2 Mose 9 >