< 2 Mose 8 >

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me.
여호와께서 모세에게 이르시되 너는 바로에게 가서 그에게 이르기를 여호와의 말씀에 내 백성을 보내라 그들이 나를 섬길 것이니라
2 Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.
네가 만일 보내기를 거절하면 내가 개구리로 너의 온 지경을 칠지라
3 Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama.
개구리가 하수에서 무수히 생기고 올라와서 네 궁에와 네 침실에와 네 침상 위에와 네 신하의 집에와 네 백성에게와 네 화덕에와 네 떡반죽 그릇에 들어갈지며
4 Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’”
개구리가 네게와 네 백성에게와 네 모든 신하에게 오르리라 하셨다 하라
5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”
여호와께서 모세에게 이르시되 아론에게 명하기를 네 지팡이를 잡고 네 팔을 강들과 운하들과 못 위에 펴서 개구리로 애굽 땅에 올라오게 하라 할지니라
6 Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ.
아론이 팔을 애굽 물들 위에 펴매 개구리가 올라와서 애굽 땅에 덮이니
7 Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.
술객들도 자기 술법대로 이와 같이 하여 개구리로 애굽 땅에 올라오게 하였더라
8 Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.”
바로가 모세와 아론을 불러 이르되 여호와께 구하여 개구리를 나와 내 백성에게서 떠나게 하라 내가 이 백성을 보내리니 그들이 여호와께 희생을 드릴 것이니라
9 Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”
모세가 바로에게 이르되 내가 왕과 왕의 신하와 왕의 백성을 위하여 어느 때에 구하여 이 개구리를 왕과 왕궁에서 끊어서 하수에만 있게 하오리이까 내게 보이소서
10 Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara.
그가 가로되 내일이니라 모세가 가로되 왕의 말씀대로 하여 왕으로 우리 하나님 여호와와 같은 이가 없는 줄을 알게 하리니
11 Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”
개구리가 왕과 왕궁과 왕의 신하와 왕의 백성을 떠나서 하수에만 있으리이다 하고
12 Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no.
모세와 아론이 바로를 떠나 나가서 바로에게 내리신 개구리에 대하여 모세가 여호와께 간구하매
13 Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma tɔ.
여호와께서 모세의 말대로 하시니 개구리가 집에서, 마당에서, 밭에서 나와서 죽은지라
14 Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye.
사람들이 모아 무더기로 쌓으니 땅에서 악취가 나더라
15 Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
그러나 바로가 숨을 통할 수 있음을 볼 때에 그 마음을 완강케 하여 그들을 듣지 아니하였으니 여호와의 말씀과 같더라
16 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’”
여호와께서 모세에게 이르시되 아론에게 명하기를 네 지팡이를 들어 땅의 티끌을 치라 하라 그것이 애굽 온 땅에서 이가 되리라
17 Mose ne Aaron yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom.
그들이 그대로 행할새 아론이 지팡이를 잡고 손을 들어 땅의 티끌을 치매 애굽 온 땅의 티끌이 다 이가 되어 사람과 생축에게 오르니
18 Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi.
술객들이 자기 술법으로 이같이 행하여 이를 내려 하였으나 못 하였고 이는 사람과 생축에게 있은지라
19 Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
술객이 바로에게 고하되 이는 하나님의 권능이니이다 하나 바로의 마음이 강퍅케 되어 그들을 듣지 아니하였으니 여호와의 말씀과 같더라
20 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me.
여호와께서 모세에게 이르시되 아침에 일찍이 일어나 바로 앞에 서라 그가 물로 나오리니 그에게 이르기를 여호와의 말씀에 내 백성을 보내라 그들이 나를 섬길 것이니라
21 Na sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.
네가 만일 내 백성을 보내지 아니하면 내가 너와 네 신하와 네 백성을 보내지 아니하면 내가 너와 네 신하와 네 백성과 네 집들에 파리 떼를 보내리니 애굽 사람의 집집에 파리 떼가 가득할 것이며 그들의 거하는 땅에도 그러하리라
22 “‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so.
그 날에 내가 내 백성의 거하는 고센 땅을 구별하여 그곳에는 파리 떼가 없게 하리니 이로 말미암아 나는 세상 중의 여호와인 줄을 네가 알게 될 것이라
23 Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’”
내가 내 백성과 네 백성 사이에 구별을 두리니 내일 이 표징이 있으리라 하셨다 하라 하시고
24 Awurade yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.
여호와께서 그와 같이 하시니 무수한 파리 떼가 바로의 궁에와 그 신하의 집에와 애굽 전국에 이르니 파리 떼로 인하여 땅이 해를 받더라
25 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ ɔman yi ara mu.”
바로가 모세와 아론을 불러 이르되 너희는 가서 이 땅에서 너희 하나님께 희생을 드리라
26 Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana?
모세가 가로되 그리함은 불가하니이다 우리가 우리 하나님 여호와께 희생을 드리는 것은 애굽 사람의 미워하는 바이온즉 우리가 만일 애굽 사람의 목전에서 희생을 드리면 그들이 그것을 미워하여 우리를 돌로 치지 아니하리이까
27 Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no.”
우리가 사흘길쯤 광야로 들어가서 우리 하나님 여호와께 희생을 드리되 우리에게 명하시는 대로 하려하나이다
28 Farao kae se, “Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me.”
바로가 가로되 내가 너희를 보내리니 너희가 너희 하나님 여호와께 광야에서 희생을 드릴 것이나 너무 멀리는 가지 말라 그런즉 너희는 나를 위하여 기도하라
29 Mose buae se, “Sɛ mifi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye sɛ ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma Awurade.”
모세가 가로되 내가 왕을 떠나 가서 여호와께 기도하리니 내일이면 파리 떼가 바로와 바로의 신하와 바로의 백성을 떠나려니와 바로는 이 백성을 보내어 여호와께 희생을 드리는 일에 다시 거짓을 행치 마소서 하고
30 Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ Awurade mpae,
모세가 바로를 떠나 나와서 여호와께 기도하니
31 na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo.
여호와께서 모세의 말대로 하사 파리를 바로와 그 신하와 그 백성에게 몰수히 떠나게 하시니라
32 Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ.
그러나 바로가 이 때에도 마음을 완강케 하여 백성을 보내지 아니하였더라

< 2 Mose 8 >