< 2 Mose 7 >

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mayɛ wo sɛ Onyankopɔn ama Farao na wo nua Aaron nso bɛyɛ wo diyifo.
여호와께서 모세에게 이르시되 볼지어다 내가 너로 바로에게 신이 되게 하였은즉 네 형 아론은 네 대언자가 되리니
2 Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim.
내가 네게 명한 바를 너는 네 형 아론에게 말하고 그는 바로에게 말하여 그로 이스라엘 자손을 그 땅에서 보내게 할지니라
3 Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim
내가 바로의 마음을 강퍅케 하고 나의 표징과 나의 이적을 애굽 땅에 많이 행하리라마는
4 nanso ɔrentie mo. Na mɛfa atemmu a mu yɛ den so de me nsa ato Misraim so na mayi me nkurɔfo Israelfo no.
바로가 너희를 듣지 아니할터인즉 내가 내 손을 애굽에 더하여 여러 큰 재앙을 내리고 내 군대 내 백성 이스라엘 자손을 그 땅에서 인도하여 낼지라
5 Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfo no a, wobehu sɛ mene Awurade no, na mayi me nkurɔfo no afi mu.”
내가 내 손을 애굽 위에 펴서 이스라엘 자손을 그 땅에서 인도하여 낼 때에야 애굽 사람이 나를 여호와인 줄 알리라 하시매
6 Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.
모세와 아론이 여호와께서 자기들에게 명하신 대로 곧 그대로 행하였더라
7 Bere a Mose ne Aaron kohyiaa Farao no, na Mose adi mfe aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfe aduɔwɔtwe abiɛsa.
그들이 바로에게 말할 때에 모세는 팔십 세이었고 아론은 팔십삼 세이었더라
8 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
여호와께서 모세와 아론에게 일러 가라사대
9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwonwade akyerɛ no ama wahu sɛ, nokware, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ obisa saa a, Aaron ntow ne pema no nkyene fam na ɛbɛdan ɔwɔ.”
바로가 너희에게 이르기를 너희는 이적을 보이라 하거든 너는 아론에게 명하기를 너의 지팡이를 가져 바로 앞에 던지라 하라 그것이 뱀이 되리라
10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwonwade no sɛnea Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron tow ne pema no kyenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfo anim ma ɛdan ɔwɔ.
모세와 아론이 바로에게 가서 여호와의 명하신 대로 행하여 아론이 바로와 그 신하 앞에 지팡이를 던졌더니 뱀이 된지라
11 Farao nso frɛɛ nʼanyansafo ne ne nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwonwade koro no ara bi.
바로도 박사와 박수를 부르매 그 애굽 술객들도 그 술법으로 그와 같이 행하되
12 Wɔn nso pema tumi dan ɔwɔ. Nanso Aaron ɔwɔ no menee wɔn de no.
각 사람이 지팡이를 던지매 뱀이 되었으나 아론의 지팡이가 그들의 지팡이를 삼키니라
13 Farao kɔɔ so yɛɛ komaden a na ɔmpɛ sɛ otie asɛm a Awurade kae no.
그러나 바로의 마음이 강퍅하여 그들을 듣지 아니하니 여호와의 말씀과 같더라
14 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Farao apirim ne koma nti, ɔbɛkɔ so asiw nnipa no kwan sɛ ɔremma wɔnkɔ.
여호와께서 모세에게 이르시되 바로의 마음이 완강하여 백성 보내기를 거절하는도다
15 Nanso Awurade kae se: San kɔ Farao nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kogyina asu no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wukura wo pema a ɛdan ɔwɔ no.
아침에 너는 바로에게로 가라 그가 물로 나오리니 너는 하숫가에 서서 그를 맞으며 그 뱀 되었던 지팡이를 손에 잡고
16 Ka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn asan asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ sare so. Woayɛ asoɔden.
그에게 이르기를 히브리 사람의 하나님 여호와께서 나를 왕에게 보내어 이르시되 내 백성을 보내라 그들이 광야에서 나를 섬길 것이니라 하였으나 이제까지 네가 듣지 아니하도다
17 Afei, Awurade se: Wubehu sɛ mene Awurade no. Efisɛ maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne pema no mmɔ Nil asu no mu na nsu no bɛdan mogya.
여호와가 이같이 이르노니 네가 이로 인하여 나를 여호와인줄 알리라 하셨느니라 볼지어다 내가 내 손의 지팡이로 하수를 치면 그것이 피로 변하고
18 Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.’”
하수의 고기가 죽고 그 물에서는 악취가 나리니 애굽 사람들이 그 물 마시기를 싫어하리라 하라
19 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne pema no nkyerɛ nsu a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔnten, wɔn nsuwa, wɔn atare ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ ne nsu a ɛwɔ afi mu nyinaa so na ɛbɛdan mogya.”
여호와께서 또 모세에게 이르시되 아론에게 명하기를 네 지팡이를 잡고 네 팔을 애굽의 물들과 하수들과 운하와 못과 모든 호수 위에 펴라 하라 그것들이 피가 되리니 애굽 온 땅에와 나무 그릇에와 돌 그릇에 모두 피가 있으리라
20 Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade ahyɛ wɔn no. Bere a Farao ne ne mpanyimfo gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de pema no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no dan mogya.
모세와 아론이 여호와의 명하신 대로 행하여 바로와 그 신하의 목전에서 지팡이를 들어 하수를 치니 그 물이 다 피로 변하고
21 Mpataa a wɔwɔ mu nyinaa wuwu maa nsu no bɔnee, enti na Misraimfo no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa dan mogya.
하수의 고기가 죽고 그 물에서는 악취가 나니 애굽 사람들이 하수물을 마시지 못하며 애굽 온 땅에는 피가 있으나
22 Nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayi so maa nsu dan mogya, nti Farao kɔɔ so pirim ne koma a na ontie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no.
애굽 술객들도 자기 술법으로 그와 같이 행하므로 바로의 마음이 강퍅하여 그들을 듣지 아니하니 여호와의 말씀과 같더라
23 Ɔsan kɔɔ nʼahemfi a hwee ampusuw no.
바로가 돌이켜 궁으로 들어가고 그 일에도 관념하지 아니하였고
24 Misraimfo no tutuu mmura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛnea wobenya nsu anom, efisɛ na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu.
애굽 사람들은 하수 물을 마실 수 없으므로 하숫가를 두루 파서 마실 물을 구하였더라
25 Asubɔnten a ɛdan mogya no dii nnaawɔtwe.
여호와께서 하수를 치신 후 칠 일이 지나니라

< 2 Mose 7 >