< 2 Mose 5 >

1 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’”
Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’”
2 Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”
Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.”
3 Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu.”
Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio sɛ, “Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Onyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo.”
4 Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”
Farao bisaa sɛ, “Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”
5 Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.”
Farao toaa so sɛ, “Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ.”
6 Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se,
Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ,
7 “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no.
“Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no.
8 Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn Awurade afɔre no.
Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri sɛ, asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ, wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka sɛ wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn Awurade afɔdeɛ no.
9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara.”
Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara.”
10 Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio.
Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no sɛ, “Farao aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma mo ɛserɛ bio.
11 Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.”
Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara.”
12 Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi.
Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi.
13 Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.”
Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so sɛ, “Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no.”
14 Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”
Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?”
15 Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa?
Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa,
16 Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”
ɛfiri sɛ, wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so.”
17 Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.’
Nanso, Farao buaa sɛ, “Monni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka sɛ, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade.’
18 Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa.”
Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa.”
19 Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba.
Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu sɛ ahokyere aba.
20 Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no,
Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfie no ho no,
21 wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa sɛ wonkunkum yɛn.”
wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnkum yɛn.”
22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me?
Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? Sɛ wonim sɛ wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me?
23 Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn wɔ ɔkwan biara so ɛ.”
Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!”

< 2 Mose 5 >