< 2 Mose 40 >
1 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
2 “Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si Ahyiae Ntamadan no.
“In the first month, on the first day of the month, you shall raise the tabernacle of the testimony,
3 Wusi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamtam no twa Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ.
and you shall place the ark in it, and you shall release the veil before it.
4 Afei, fa ɔpon no besi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no.
And having brought in the table, you shall place the things which were solemnly commanded upon it. The lampstand shall stand with its lamps,
5 Fa sikakɔkɔɔ afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so no besi Apam Adaka no anim na fa ɔpon no nkataanim sɛn Ahyiae Ntamadan no ano.
and the altar of gold, in which the incense is burned, shall stand before the ark of the testimony. You shall place the tent at the entrance of the tabernacle,
6 “Fa ɔhyew afɔremuka no si Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
and before it, the altar of holocaust.
7 Fa hweaseammɔ no si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na hyɛ no nsu ma.
The washtub shall stand between the altar and the tabernacle, and you shall fill it with water.
8 Siesie adiwo twa Ahyiae Ntamadan no ho hyia na fa nsɛnanim no sɛn ne kwan no ano.
And you shall encompass the atrium and its entrance with hangings.
9 “Fa ɔsrango no na pete gu Ahyiae Ntamadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkongua so, na fa tew ho.
And, having taken up the oil of unction, you shall anoint the tabernacle along with its articles, so that they may be sanctified.
10 Ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na tew ho na ɛnyɛ kronkron.
The altar of holocaust and all its vessels,
11 Sra hweaseammɔ no ne ne ntaease no ngo na fa tew ho.
the washtub with its base, and all things, you shall consecrate with the oil of unction, so that they may be the Holy of holies.
12 “Fa Aaron ne ne mmabarima no bra Ahyiae Ntamadan no kwan ano na fa nsu hohoro wɔn ho.
And you shall bring forward Aaron and his sons to the entrance of the tabernacle of the testimony, and, having washed them with water,
13 Na fa atade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho ntew na ɔmmɛyɛ me sɔfo.
14 Fa ne mmabarima no bra na fa wɔn ntade hyehyɛ wɔn.
15 Sra wɔn ngo sɛnea woyɛɛ wɔn agya no, sɛnea wɔbɛsom me sɛ asɔfo. Wɔn ngosra no bɛyɛ asɔfodi wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”
you shall clothe them in the holy vestments, so that they may minister to me, and so that their unction may accomplish an everlasting priesthood.”
16 Mose yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
And Moses did all that the Lord had instructed.
17 Afe a ɛto so abien no mu ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔkekaa Ahyiae Ntamadan no sisii anim.
Therefore, in the first month of the second year, on the first day of the month, the tabernacle was put in place.
18 Mose sii Ahyiae Ntamadan no; ɔde nsisiso no sisii wɔn afa, de nnyinaso no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabea mu de mpuran sisii wɔn afa.
And Moses raised it up, and he positioned the panels as well as the bases and the bars, and he set up the columns,
19 Afei, ɔde nkuruso no kuruu mpuran no so de ne nguguso guguu so san de nguguso a edi akyi kuruu so sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
and he stretched out the roof over the tabernacle, imposing a cover above it, just as the Lord had decreed.
20 Ɔde abo a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔde bɛsoa no susoo mu. Ɔde ne nkataso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkataso no kataa so.
And he placed the testimony in the ark, applying the bars beneath, and the oracle above.
21 Afei, ɔde Apam Adaka no besii Ahyiae Ntamadan no mu de ntwamtam no twaa mu, sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
And when he had brought the ark into the tabernacle, he drew the veil before it, in order to fulfill the commandment of the Lord.
22 Afei, ɔde ɔpon no sii atifi fam wɔ ɔdan no mu wɔ ntwamtam no akyi,
And he placed the table in the tabernacle of the testimony, at the north side, beyond the veil,
23 de Ɔkyerɛ Brodo no too so wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛe no.
arranging before it the bread of the presence, just as the Lord had instructed Moses.
24 Ɔde kaneadua no sii ɔpon no nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
And he placed the lampstand in the tabernacle of the testimony, away from the table, on the south side,
25 Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
setting the lamps in order, according to the precept of the Lord.
26 Mose de sikakɔkɔɔ afɔremuka sii ntwamtam no ho pɛɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu
He also positioned the altar of gold under the roof of the testimony, opposite the veil,
27 na ɔhyew nnuhuam wɔ so sɛnea Awurade hyɛe no.
and he heaped upon it the incense of aromatics, just as the Lord had commanded Moses.
28 Ɔde Ahyiae Ntamadan no ano nkataano sɛn ano.
And he positioned the tent at the entrance of the tabernacle of the testimony,
29 Ɔde afɔremuka a esi akyi a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si bɛn ɔkwan no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre sɛnea Awurade hyɛe no.
and the altar of holocaust in the vestibule of the testimony, offering the holocaust and the sacrifices upon it, just as the Lord had decreed.
30 Ɔde hweaseammɔ sii Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na wɔhyɛɛ no nsu ma, sɛnea asɔfo no benya bi ahohoro wɔn ho,
Likewise, he stationed the washtub between the tabernacle of the testimony and the altar, filling it with water.
31 na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ.
And Moses and Aaron, along with his sons, washed their hands and feet,
32 Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
whenever they would enter the covering of the covenant, and when they approached to the altar, just as the Lord had instructed Moses.
33 Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma.
And he raised up the atrium around the tabernacle and the altar, drawing the hanging at its entrance. After all these things were perfected,
34 Omununkum no bɛkataa Ahyiae Ntamadan no so maa Awurade anuonyam hyɛɛ no ma.
the cloud covered the tabernacle of the testimony, and the glory of the Lord filled it.
35 Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no nti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade anuonyam hyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ma.
Neither could Moses enter the covering of the covenant: the cloud was covering all things, and the majesty of the Lord was flashing. For the cloud had covered everything.
36 Bere biara a omununkum no bɛma ne ho so no, na Israelfo no nso di akyi.
Whenever the cloud departed from the tabernacle, the sons of Israel set out by their companies.
37 Na sɛ egyina a, na wɔn nso agyina akosi sɛ ɛbɛma ne ho so bio.
But if it remained hanging over it, they remained in the same place.
38 Awia de, omununkum no gyina Ahyiae Ntamadan no so na sɛ edu anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛnea Israelfo no nyinaa behu. Eyi toaa so saa ara wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu.
Certainly, the cloud of the Lord lay over the tabernacle by day, and the fire by night, being seen by all the people of Israel throughout all their resting places.