< 2 Mose 4 >

1 Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’”
And Moses answered and said, But behold, they will not believe me, nor hearken unto my voice; for they will say, Jehovah has not appeared to thee.
2 Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?” Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.”
And Jehovah said to him, What is that in thy hand? And he said, A staff.
3 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.” Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho.
And he said, Cast it on the ground. And he cast it on the ground, and it became a serpent; and Moses fled from before it.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no.
And Jehovah said to Moses, Stretch out thy hand and take it by the tail — and he stretched out his hand and caught it, and it became a staff in his hand —
5 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.”
that they may believe that Jehovah, the God of their fathers, the God of Abraham, the God of Isaac, and the God of Jacob, hath appeared unto thee.
6 Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.
And Jehovah said moreover to him, Put now thy hand into thy bosom. And he put his hand into his bosom, and took it out, and behold, his hand was leprous, as snow.
7 Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.
And he said, Put thy hand into thy bosom again. And he put his hand into his bosom again, and took it out of his bosom, and behold, it was turned again as his flesh.
8 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi.
And it shall come to pass, if they will not believe thee, neither hearken to the voice of the first sign, that they will believe the voice of the other sign.
9 Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”
And it shall come to pass, if they will not believe also those two signs, neither hearken unto thy voice, that thou shalt take of the water of the river, and pour [it] on the dry [land]; and the water that thou takest out of the river shall become blood upon the dry [land].
10 Nanso Mose srɛe se, “Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”
And Moses said to Jehovah, Ah Lord! I am not eloquent, neither heretofore nor since thou hast spoken to thy servant, for I am slow of speech and of a slow tongue.
11 Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm?
And Jehovah said to him, Who gave man a mouth? or who maketh dumb, or deaf, or seeing, or blind? [have] not I, Jehovah?
12 Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”
And now go, and I will be with thy mouth, and will teach thee what thou shalt say.
13 Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”
And he said, Ah Lord! send, I pray thee, by the hand [of him whom] thou wilt send.
14 Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye.
Then the anger of Jehovah was kindled against Moses, and he said, Is not Aaron the Levite thy brother? I know that he can speak well. And also behold, he goeth out to meet thee; and when he seeth thee he will be glad in his heart.
15 Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ.
And thou shalt speak unto him, and put the words in his mouth; and I will be with thy mouth, and with his mouth, and will teach you what ye shall do.
16 Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no.
And he shall speak for thee unto the people; and it shall come to pass that he shall be to thee for a mouth, and thou shalt be to him for God.
17 Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.”
And thou shalt take this staff in thy hand, with which thou shalt do the signs.
18 Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.” Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.”
And Moses went and returned to Jethro his father-in-law, and said to him, Let me go, I pray thee, and return to my brethren who are in Egypt, that I may see whether they are yet alive. And Jethro said to Moses, Go in peace.
19 Ansa na Mose rebefi Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.”
And Jehovah said to Moses in Midian, Go, return to Egypt; for all the men are dead who sought thy life.
20 Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae.
And Moses took his wife and his sons, and set them riding upon an ass, and he returned to the land of Egypt. And Moses took the staff of God in his hand.
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ.
And Jehovah said to Moses, When thou goest to return to Egypt, see that thou do all the wonders before Pharaoh that I have put in thy hand. And I will harden his heart, that he shall not let the people go.
22 Na ka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan
And thou shalt say to Pharaoh, Thus saith Jehovah: Israel is my son, my firstborn.
23 na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’”
And I say to thee, Let my son go, that he may serve me. And if thou refuse to let him go, behold, I will kill thy son, thy firstborn.
24 Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no.
And it came to pass on the way, in the inn, that Jehovah came upon him, and sought to slay him.
25 Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.”
Then Zipporah took a stone and cut off the foreskin of her son, and cast it at his feet, and said, A bloody husband indeed art thou to me!
26 Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)
And he let him go. Then she said, A bloody husband — because of the circumcision.
27 Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono.
And Jehovah said to Aaron, Go into the wilderness to meet Moses. And he went, and met him on the mountain of God, and kissed him.
28 Na Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron.
And Moses told Aaron all the words of Jehovah who had sent him, and all the signs that he had commanded him.
29 Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa,
And Moses and Aaron went and gathered all the elders of the children of Israel;
30 na Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn
and Aaron spoke all the words that Jehovah had spoken to Moses, and did the signs before the eyes of the people.
31 ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.
And the people believed. And when they heard that Jehovah had visited the children of Israel, and that he had seen their affliction, then they bowed their heads and worshipped.

< 2 Mose 4 >