< 2 Mose 39 >

1 Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
그들이 여호와꼐서 모세에게 명하신 대로 청색 자색 홍색실로 성소에서 섬기기 위한 정교한 옷을 만들고 또 아론을 위한 거룩한 옷을 만들었더라
2 Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no.
그가 또 금실과 청색 자색 홍색실과 가늘게 꼰 베실로 에봇을 만들었으되
3 Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye.
금실을 얇게 쳐서 오려서 실을 만들어 청색 자색 홍색실과 가는 베실에 섞어 공교히 짜고
4 Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu.
에봇을 위하여 견대를 만들어 그 두 끝에 달아 서로 연하게 하고
5 Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.
에봇 위에 에봇을 매는 띠를 에봇과 같은 모양으로 금실과 청색 자색 홍색실과 가늘게 꼰 베실로 에봇에 붙여 짰으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
6 Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no.
그들이 또 호마노를 깎아 금테에 물려 인을 새김 같이 이스라엘의 아들들의 이름을 그것에 새겨
7 Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
에봇 견대에 달아 이스라엘 자손의 기념 보석을 삼았으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
8 Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu.
그가 또 흉패를 공교히 짜되 에봇과 같은 모양으로 금실과 청색 자색 홍색실과 가늘게 꼰 베실로 하였으니
9 Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so.
그것의 장이 한 뼘, 광이 한 뼘으로 네모 반듯하고 두 겹이며
10 Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo;
그것에 네 줄 보석을 물렸으니 곧 홍보석 황옥 녹주옥이 첫 줄이요
11 nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo;
둘째 줄은 석류석 남보석 홍마노요
12 nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo;
셋째 줄은 호박 백마노 자수정이요
13 na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia.
넷째 줄은 녹보석 호마노 벽옥이라 다 금테에 물렸으니
14 Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so.
이 보석들은 이스라엘 아들들의 이름 곧 그들의 이름대로 열둘이라 인을 새김 같이 그 열두 지파의 각 이름을 새겼으며
15 Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so.
그들이 또 정금으로 사슬을 노끈처럼 땋아 흉패에 붙이고
16 Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro.
또 금테 둘과 금고리 둘을 만들어 그 두 고리를 흉패 두 끝에 달고
17 Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu.
그 두 땋은 금사슬을 흉패 끝 두 고리에 꿰어 매었으며
18 Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu.
그 땋은 두 사슬의 다른 두 끝을 에봇 앞 두 견대의 금테에 매고
19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so.
또 금고리 둘을 만들어 흉패 두 끝에 달았으니 곧 그 에봇에 대한 안쪽 가에 달았으며
20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no.
또 금고리 둘을 만들어 에봇 앞 두 견대 아래 매는 자리 가까운 편 곧 공교히 짠 에봇 띠 윗편에 달고
21 Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.
청색 끈으로 흉패 고리와 에봇 고리에 꿰어 흉패로 공교히 짠 에봇 띠 위에 붙여서 에봇을 떠나지 않게 하였으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
22 Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee
그가 에봇 받침 긴 옷을 전부 청색으로 짜서 만들되
23 na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew.
그 옷의 두 어깨 사이에 구멍을 내고 갑옷 깃 같이 그 구멍 주위에 깃을 짜서 찢어지지 않게 하고
24 Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano.
청색 자색 홍색실과 가는 베실로 그 옷 가장자리에 석류를 수 놓고
25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae.
정금으로 방울을 만들어 그 옷 가장자리로 돌아가며 석류 사이 사이에 달되
26 Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
방울과 석류를 서로 간격하여 공직하는 그 옷 가장자리로 돌아가며 달았으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima.
그들이 또 직조한 가는 베로 아론과 그 아들들을 위하여 속옷을 짓고
28 Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no.
세마포로 두건을 짓고 세마포로 빛난 관을 만들고 가는 베실로 짜서 세마포 고의들을 만들고
29 Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
가는 베실과 청색 자색 홍색실로 수 놓아 띠를 만들었으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
30 Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so: Kronkron Ma Awurade.
그들이 또 정금으로 거룩한 패를 만들고 인을 새김 같이 그 위에 여호와께 성결이라 새기고
31 Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea Awurade hyɛe no.
그 패를 청색 끈으로 관 전면에 달았으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 하였더라
32 Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no.
이스라엘 자손이 이와 같이 성막 곧 회막의 모든 역사를 준공하여 여호와께서 모세에게 명하신 대로 다 행하고
33 Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso;
그들이 성막을 모세에게로 가져왔으니 곧 막과 그 모든 기구와 그 갈고리들과 그 널판들과 그 띠들과 그 기둥들과 그 받침들과
34 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano,
붉은 물 들인 수양의 가죽 덮개와 해달의 가죽 덮개와 가리우는 장과
35 adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua;
증거궤와 그 채들과 속죄소와
36 ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo,
상과 그 모든 기구와 진설병과
37 sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea;
정금 등대와 그 잔 곧 벌여놓은 등잔과 그 모든 기구와 등유와
38 sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano,
금단과 관유와 향기로운 향과 장막 문장과
39 kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma, nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,
놋단과 그 놋 그물과 그 채들과 그 모든 기구와 물두멍과 그 받침과
40 ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu, nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano, ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.
뜰의 포장들과 그 기둥들과 그 받침들과 뜰문의 장과 그 줄들과 그 말뚝들과 회막의 소용 곧 성막의 모든 기구와
41 Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.
성소에서 섬기기 위한 정교한 옷 곧 제사 직분을 행할 때에 입는 제사장 아론의 거룩한 옷과 그 아들들의 옷이라
42 Enti Israelfo no dii nsɛm a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so.
여호와께서 모세에게 명하신 대로 이스라엘 자손이 모든 역사를 필하매
43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe.
모세가 그 필한 모든 것을 본즉 여호와께서 명하신 대로 되었으므로 그들에게 축복하였더라

< 2 Mose 39 >