< 2 Mose 38 >

1 Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa.
Od bagremova drva napravi žrtvenik za žrtve paljenice, pet lakata dug, pet lakata širok - u četvorinu - a tri lakta visok.
2 Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho.
Na njegova četiri ugla načini mu četiri roga. Rogovi su bili u jednom komadu s njim. Onda ga obloži tučem.
3 Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho.
A načini i sav pribor za žrtvenik: lonce, strugače, kotliće, viljuške i kadionike; sav mu je ovaj pribor načinio od tuča.
4 Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini.
Za žrtvenik zatim načini rešetku u obliku mrežice od tuča ispod izbočine; zahvaćala mu je do sredine.
5 Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu.
Salije četiri koluta na četiri ugla tučane rešetke da služe kao kvake za motke.
6 Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no.
Motke načini od bagremova drva pa ih obloži tučem.
7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso.
Onda provuče motke kroz kolutove na objema stranama žrtvenika da se na njima nosi. Napravio ga je šuplja - od dasaka.
8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no.
A zatim, od zrcala žena koje su posluživale na vratima Šatora sastanka, načini tučani umivaonik i tučani stalak za nj.
9 Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe.
Onda načini dvorište. Na južnoj strani dvorišta bijahu zavjese od prepredenog lana, stotinu lakata duge.
10 Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho.
Njihovih dvadeset stupova sa dvadeset podnožja bilo je od tuča, dok su kuke na stupovima i njihove šipke bile od srebra.
11 Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho.
Od stotinu lakata bile su zavjese i sa sjeverne strane. Njihovih dvadeset stupova sa dvadeset podnožja bilo je od tuča, dok su kuke na stupovima i njihove šipke bile od srebra.
12 Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina.
Sa zapadne strane bijahu zavjese od pedeset lakata, sa deset stupova i deset njihovih podnožja. Kuke su na stupovima i njihove šipke bile od srebra.
13 Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum.
Sprijeda, s istoka, zavjese od pedeset lakata.
14 Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu,
S jedne strane vrata zavjese su bile petnaest lakata, sa tri stupca i njihova tri podnožja.
15 na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu.
Tako i s druge strane - dakle, na obje strane dvorišnih vrata - bile su zavjese od petnaest lakata, sa tri stupca i njihova tri podnožja.
16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho.
Sve su zavjese oko dvorišta bile od prepredenog lana.
17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa.
Podnožja za stupove bila su od tuča, a kuke na stupovima i njihove šipke od srebra. Vrhovi stupova bili su srebrom obloženi. Sve šipke na dvorišnim stupovima bijahu od srebra.
18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no.
Zavjesa na dvorišnim vratima - izvezena - bila je od ljubičastog, crvenog i tamnocrvenog prediva i prepredenog lana. Dvadeset je lakata bila duga; visoka, po širini, pet lakata kao i dvorišne zavjese.
19 Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.
Bila su četiri njihova stupa sa četiri podnožja od tuča. Kuke na stupovima bile su od srebra. Vrhovi stupova bili su srebrom obloženi, a njihove šipke bile su srebrne.
20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.
Svi kočići unutar Prebivališta bili su od tuča.
21 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so.
To je popis stvari za Prebivalište - Prebivalište Svjedočanstva, koji je sastavljen na zapovijed Mojsijevu trudom levita pod vodstvom Itamara, sina svećenika Arona.
22 Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena.
Besalel, Urijev sin, iz koljena Hurova od plemena Judina napravio je sve što je Jahve Mojsiju naredio.
23 Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu.
S njim je bio Oholiab, sin Ahisamakov, iz plemena Danova, rezbar, krojač i vezilac za ljubičasto, crveno i tamnocrveno predivo i prepredeni lan.
24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma.
Sve zlato što je utrošeno u radove oko Svetišta - zlato posvećeno prinosom - iznosilo je: dvadeset i devet talenata i sedam stotina trideset šekela u hramskim šekelima.
25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan.
A srebro, sabrano prigodom upisivanja zajednice -
26 Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ.
to jest beku po glavi, odnosno pola šekela prema hramskom šekelu, od svakoga koji je bio upisan, od dvadeset godina pa naprijed - iznosilo je: stotinu talenata i tisuću sedam stotina sedamdeset i pet šekela u hramskim šekelima. Bilo je upisanih: šest stotina tri tisuće i petsto pedeset.
27 Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan.
Stotinu talenata srebra otišlo je za salijevanje podnožja Svetištu i zavjesi: sto podnožja od sto talenata - talenat za podnožje.
28 Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no.
A od tisuću sedam stotina sedamdeset i pet šekela načinio je kuke za stupove, obložio njihove vrhove i napravio šipke za njih.
29 Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan.
Tuč od žrtve prikaznice iznosio je sedamdeset talenata i dvije tisuće četiri stotine šekela.
30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae,
Od njega je načinio: podnožja za ulaz u Šator sastanka, žrtvenik od tuča s njegovom tučanom rešetkom i sav pribor za žrtvenik;
31 afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa.
dalje, podnožja oko dvorišta, podnožja za dvorišni ulaz; sve kočiće za Prebivalište i sve kočiće oko dvorišta.

< 2 Mose 38 >