< 2 Mose 37 >

1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso yɛ anammɔn abien ne fa.
Och Bezaleel gjorde arken af furoträ, halftredje aln lång, halfannor aln bred och hög;
2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho ne emu nyinaa na wɔde bi beabea ho nyinaa.
Och öfverdrog honom med klart guld innan och utan; och gjorde honom en gyldene krans omkring;
3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ nʼanan anan no a nkaa abien wɔ ɔfa biara.
Och göt fyra gyldene ringar till hans fyra hörner; på hvarje sidone två;
4 Osen ɔkanto nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho.
Och gjorde stänger af furoträ, och öfverdrog dem med guld;
5 Na wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkaa no mu wɔde bɛsoa.
Och satte dem uti ringarna på sidone af arken, så att man kunde bära honom.
6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa.
Och han gjorde nådastolen af klart guld, halftredje aln lång, och halfannor aln bred;
7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti.
Och gjorde två Cherubim af tätt guld, på båda ändarna af nådastolenom;
8 Wɔde kerubim no tetaree adaka no atifi ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no yɛɛ baako.
En Cherub på denna ändan; en annan på den andra ändan.
9 Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
Och de Cherubim uträckte sina vingar ofvan öfver, och öfverskylde dermed nådastolen, och deras anlete stodo tvärtemot hvarsannars; och sågo på nådastolen.
10 Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa; ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa.
Och han gjorde bordet af furoträ, två alnar långt, en aln bredt, och halfannor aln högt;
11 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho na woguu bi wɔ ne ntwea so nyinaa.
Och öfverdrog det med klart guld, och gjorde der en gyldene krans omkring.
12 Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho.
Och gjorde der ena listo omkring; ena hand bredt hög, och gjorde en gyldene krans omkring listona;
13 Afei, wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan, na ɔde hyehyɛɛ ɔpon no anan anan no nyinaa ase.
Och göt dertill fyra gyldene ringar; och satte dem på de fyra hörnen uppå dess fyra fötter;
14 Wɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkaa no mu a wɔde bɛma ɔpon no so asoa.
Hardt under listone, så att stängerna voro deruti, der man bordet med bar;
15 Wɔde ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.
Och gjorde stängerna af furoträ, och öfverdrog dem med guld, att man skulle bära bordet dermed;
16 Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.
Och gjorde desslikes, af klart guld, redskapen på bordet, fat, skedar, kannor och skålar, der man med ut och in skänkte;
17 Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bɔ mu yɛ ade baako.
Och gjorde ljusastakan af klart tätt guld; derpå voro läggen, rör, skålar, knöpar och blommor;
18 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no wɔ nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa.
Sex rör gingo ut af sidorna, på hvarjo sidone tre rör;
19 Wɔde nhwiren abiɛsa siesiee nkorata biara ho.
Tre skålar, såsom mandelnötter, voro på hvar rör, med knöpar och blommor;
20 Na saa ara nso na kaneadua no, wodii nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwinni de siesiee no.
Men på ljusastakanom voro fyra skålar med knöpar och blommor;
21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso wɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa yɛ asia.
Inunder två rör en knöp, så att sex rör gingo ut af honom;
22 Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.
Och hans knöpar och rör deruppå; och var allt klart tätt guld;
23 Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe.
Och gjorde de sju lampor, med deras ljusanäpor och släcketyg, af klart guld.
24 Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru yɛ kilogram aduasa anan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.
Af en centner guld gjorde han honom, och all hans tyg.
25 Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako.
Han gjorde ock rökaltaret af furoträ, en aln långt och bredt, rätt fyrakant, och två alnar högt med sin horn;
26 Wɔde sikakɔkɔɔ duraa ne nyinaa ho, na oguu bi nso wɔ ne ntwea so nyinaa.
Och öfverdrog det med klart guld, dess tak och väggar allt omkring, och dess horn, och gjorde der en krans omkring af klart guld;
27 Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu wɔ nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu.
Och två gyldene ringar under kransen på båda sidor, så att man satte stängerna deruti, och bar det dermed.
28 Nnua a na wɔde soa no yɛ ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
Men stängerna gjorde han af furoträ, och öfverdrog dem med guld;
29 Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso.
Och gjorde den helga smörjooljan, och rökverk af rent speceri, efter apothekarekonst.

< 2 Mose 37 >