< 2 Mose 36 >

1 Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea Awurade ahyɛ no.”
ועשה בצלאל ואהליאב וכל איש חכם לב אשר נתן יהוה חכמה ותבונה בהמה לדעת לעשת את כל מלאכת עבדת הקדש לכל אשר צוה יהוה׃
2 Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase.
ויקרא משה אל בצלאל ואל אהליאב ואל כל איש חכם לב אשר נתן יהוה חכמה בלבו כל אשר נשאו לבו לקרבה אל המלאכה לעשת אתה׃
3 Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo.
ויקחו מלפני משה את כל התרומה אשר הביאו בני ישראל למלאכת עבדת הקדש לעשת אתה והם הביאו אליו עוד נדבה בבקר בבקר׃
4 Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no
ויבאו כל החכמים העשים את כל מלאכת הקדש איש איש ממלאכתו אשר המה עשים׃
5 kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.”
ויאמרו אל משה לאמר מרבים העם להביא מדי העבדה למלאכה אשר צוה יהוה לעשת אתה׃
6 Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio.
ויצו משה ויעבירו קול במחנה לאמר איש ואשה אל יעשו עוד מלאכה לתרומת הקדש ויכלא העם מהביא׃
7 Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo.
והמלאכה היתה דים לכל המלאכה לעשות אתה והותר׃
8 Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu.
ויעשו כל חכם לב בעשי המלאכה את המשכן עשר יריעת שש משזר ותכלת וארגמן ותולעת שני כרבים מעשה חשב עשה אתם׃
9 Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia.
ארך היריעה האחת שמנה ועשרים באמה ורחב ארבע באמה היריעה האחת מדה אחת לכל היריעת׃
10 Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo.
ויחבר את חמש היריעת אחת אל אחת וחמש יריעת חבר אחת אל אחת׃
11 Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano
ויעש ללאת תכלת על שפת היריעה האחת מקצה במחברת כן עשה בשפת היריעה הקיצונה במחברת השנית׃
12 a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim.
חמשים ללאת עשה ביריעה האחת וחמשים ללאת עשה בקצה היריעה אשר במחברת השנית מקבילת הללאת אחת אל אחת׃
13 Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako.
ויעש חמשים קרסי זהב ויחבר את הירעת אחת אל אחת בקרסים ויהי המשכן אחד׃
14 Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ
ויעש יריעת עזים לאהל על המשכן עשתי עשרה יריעת עשה אתם׃
15 a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so.
ארך היריעה האחת שלשים באמה וארבע אמות רחב היריעה האחת מדה אחת לעשתי עשרה יריעת׃
16 Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako.
ויחבר את חמש היריעת לבד ואת שש היריעת לבד׃
17 Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano
ויעש ללאת חמשים על שפת היריעה הקיצנה במחברת וחמשים ללאת עשה על שפת היריעה החברת השנית׃
18 na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn.
ויעש קרסי נחשת חמשים לחבר את האהל להית אחד׃
19 Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ.
ויעש מכסה לאהל ערת אלים מאדמים ומכסה ערת תחשים מלמעלה׃
20 Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho.
ויעש את הקרשים למשכן עצי שטים עמדים׃
21 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra,
עשר אמת ארך הקרש ואמה וחצי האמה רחב הקרש האחד׃
22 nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ.
שתי ידת לקרש האחד משלבת אחת אל אחת כן עשה לכל קרשי המשכן׃
23 Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo
ויעש את הקרשים למשכן עשרים קרשים לפאת נגב תימנה׃
24 a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase.
וארבעים אדני כסף עשה תחת עשרים הקרשים שני אדנים תחת הקרש האחד לשתי ידתיו ושני אדנים תחת הקרש האחד לשתי ידתיו׃
25 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho
ולצלע המשכן השנית לפאת צפון עשה עשרים קרשים׃
26 a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so.
וארבעים אדניהם כסף שני אדנים תחת הקרש האחד ושני אדנים תחת הקרש האחד׃
27 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho,
ולירכתי המשכן ימה עשה ששה קרשים׃
28 na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ.
ושני קרשים עשה למקצעת המשכן בירכתים׃
29 Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ.
והיו תואמם מלמטה ויחדו יהיו תמים אל ראשו אל הטבעת האחת כן עשה לשניהם לשני המקצעת׃
30 Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe.
והיו שמנה קרשים ואדניהם כסף ששה עשר אדנים שני אדנים שני אדנים תחת הקרש האחד׃
31 Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako.
ויעש בריחי עצי שטים חמשה לקרשי צלע המשכן האחת׃
32 Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam.
וחמשה בריחם לקרשי צלע המשכן השנית וחמשה בריחם לקרשי המשכן לירכתים ימה׃
33 Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti.
ויעש את הבריח התיכן לברח בתוך הקרשים מן הקצה אל הקצה׃
34 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
ואת הקרשים צפה זהב ואת טבעתם עשה זהב בתים לבריחם ויצף את הבריחם זהב׃
35 Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu.
ויעש את הפרכת תכלת וארגמן ותולעת שני ושש משזר מעשה חשב עשה אתה כרבים׃
36 Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so.
ויעש לה ארבעה עמודי שטים ויצפם זהב וויהם זהב ויצק להם ארבעה אדני כסף׃
37 Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe.
ויעש מסך לפתח האהל תכלת וארגמן ותולעת שני ושש משזר מעשה רקם׃
38 Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe.
ואת עמודיו חמשה ואת וויהם וצפה ראשיהם וחשקיהם זהב ואדניהם חמשה נחשת׃

< 2 Mose 36 >