< 2 Mose 34 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo.
And the Lord said unto Moses, Hew thyself two tables of stone like unto the first; and I will write upon these tables the words which were on the first tables, which thou didst break.
2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me.
And be ready by the morning, and come up in the morning unto mount Sinai, and present thyself there to me on the top of the mount.
3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.”
And no man shall come up with thee, neither let any man be seen throughout all the mount; neither let the flocks or herds feed near this mount.
4 Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea Awurade hyɛe no no.
And he hewed two tables of stone like unto the first, and Moses rose up early in the morning, and went up unto mount Sinai, as the Lord had commanded him; and he took in his hand the two tables of stone.
5 Awurade sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no.
And the Lord descended in a cloud, and stood with him there, and proclaimed, by name, the Lord.
6 Awurade faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso;
And the Lord passed by before him, and proclaimed, The Lord is the immutable, eternal Being, the omnipotent God, merciful and gracious, long-suffering and abundant in beneficence and truth;
7 me Awurade, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.”
Keeping mercy unto the thousandth [generation], forgiving iniquity and transgression and sin, but who will by no means clear the guilty; visiting the iniquity of the fathers upon the children, and upon the children's children, unto the third and to the fourth generation.
8 Mose kotow Awurade som no.
And Moses made haste, and bowed his head toward the earth, and prostrated himself.
9 Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”
And he said, If now I have found grace in thy eyes, O Lord, let the Lord, I pray thee, go among us; even because it is a stiffnecked people; and pardon thou our iniquity and our sin, and take us for thy heritage.
10 Awurade buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no.
And he said, Behold, I make a covenant: before all thy people will I perform wonders, such as have not been done on all the earth, nor in any nation; and all the people amongst whom thou art shall see the work of the Lord; for it is a terrible thing that I will do with thee.
11 Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim.
Observe thou that which I command thee this day; behold, I will drive out before thee the Emorite, and the Canaanite, and the Hittite, and the Perizzite, and the Hivite, and the Jebusite.
12 Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo.
Take heed to thyself, lest thou make a covenant with the inhabitants of the land against which thou goest up, lest it be for a snare in the midst of thee;
13 Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu.
But their altars shall ye destroy, and their statues shall ye break, and their groves shall ye cut down.
14 Na monnsom onyame foforo biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.
For thou shalt worship no other God; for the Lord whose name is Watchful, is a watchful God.
15 “Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan.
Make thou then no covenant with the inhabitants of the land; lest that, if they go astray after their gods, and sacrifice unto their gods, any one call thee, and thou eat of his sacrifice;
16 Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.
And lest thou take of his daughters unto thy sons; and when his daughters go astray after their gods, they make thy sons also go astray after their gods.
17 “Monnyɛ ahoni biara.
Thou shalt not make unto thyself any molten gods.
18 “Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim.
The feast of unleavened bread shalt thou keep; seven days shalt thou eat unleavened bread, as I have commanded thee, in the time of the month of Abib; for in the month of Abib thou wentest forth out of Egypt.
19 “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi.
All that openeth the womb is mine; and every firstling that is a male among thy cattle, whether ox or lamb.
20 Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa. “Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi.
But the firstling of an ass shalt thou redeem with a lamb: and if thou redeem him not, then shalt thou break his neck; all the first-born of thy sons shalt thou redeem; and none shall appear before me empty.
21 “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome.
Six days thou mayest work, but on the seventh day shalt thou rest: even in ploughing time and in harvest shalt thou rest.
22 “Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ.
And the feast of weeks shalt thou observe, with the firstfruits of the wheat harvest; and the feast of ingathering at the closing of the year.
23 Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim.
Thrice in the year shall all thy males appear before the Lord, the Eternal, the God of Israel.
24 Sɛ mokɔ Awurade mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu.
For I will cast out nations before thee, and enlarge thy borders; yet shall no man desire thy land, when thou goest up to appear in the presence of the Lord thy God thrice in the year.
25 “Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so.
Thou shalt not offer the blood of my sacrifice with leaven; neither shall be left unto the morning the sacrifice of the feast of the passover.
26 “Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi. “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.”
The first of the first-fruits of thy land shalt thou bring unto the house of the Lord thy God: thou shalt not seethe a kid in his mother's milk.
27 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.”
And the Lord said unto Moses, Write thee down these words; for after the tenor of these words have I made with thee a covenant and with Israel.
28 Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so.
And he remained there with the Lord forty days and forty nights; bread he did not eat, and water he did not drink; and he wrote upon the tables the words of the covenant, the ten commandments.
29 Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn.
And it came to pass, when Moses came down from mount Sinai, with the two tables of the testimony in Moses' hand, when be came down from the mount, that Moses knew not that the skin of his face shone, because he had spoken with him.
30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no.
And Aaron and all the children of Israel saw Moses, and, behold, the skin of his face shone: and they were afraid to come nigh unto him.
31 Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae.
But Moses called unto them, and then returned unto him Aaron and all the princes of the congregation: and Moses spoke to them.
32 Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn.
And afterward all the children of Israel came nigh: and he commanded them all that which the Lord had spoken with him on mount Sinai.
33 Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim,
And when Moses had done speaking with them, he put a vail over his face.
34 na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no
But when Moses went in before the Lord to speak with him, he took the vail off, until he came out; and then he came out, and spoke unto the children of Israel that which he had been commanded.
35 a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.
And the children of Israel saw the face of Moses, that the skin of Moses' face shone: and Moses put the vail again over his face, until he went in to speak with him.

< 2 Mose 34 >