< 2 Mose 33 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’
و خداوند به موسی گفت: «روانه شده، از اینجا کوچ کن، تو و این قوم که اززمین مصر برآورده‌ای، بدان زمینی که برای ابراهیم، اسحاق و یعقوب قسم خورده، گفته‌ام آن را به ذریت تو عطا خواهم کرد.۱
2 Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
و فرشته‌ای پیش روی تو می‌فرستم، و کنعانیان و اموریان و حتیان و فرزیان و حویان و یبوسیان را بیرون خواهم کرد.۲
3 Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.”
به زمینی که به شیر و شهد جاری است، زیرا که در میان شما نمی آیم، چونکه قوم گردن کش هستی، مبادا تو را در بین راه هلاک سازم.»۳
4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa.
وچون قوم این سخنان بد را شنیدند، ماتم گرفتند، و هیچکس زیور خود را برخود ننهاد.۴
5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.”
وخداوند به موسی گفت: «بنی‌اسرائیل را بگو: شماقوم گردن کش هستید؛ اگر لحظه‌ای در میان توآیم، همانا تو را هلاک سازم. پس اکنون زیورخود را از خود بیرون کن تا بدانم با تو چه کنم.»۵
6 Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so.
پس بنی‌اسرائیل زیورهای خود را از جبل حوریب از خود بیرون کردند.۶
7 Na Mose sii ahyiae ntamadan wɔ nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkitaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no din Ahyiae.
و موسی خیمه خود را برداشته، آن را بیرون لشکرگاه، دور از اردو زد، و آن را «خیمه اجتماع» نامید. و واقع شد که هر‌که طالب یهوه می‌بود، به خیمه اجتماع که خارج لشکرگاه بود، بیرون می‌رفت.۷
8 Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi sɛ obedu ɔdan no ano.
و هنگامی که موسی به سوی خیمه بیرون می‌رفت، تمامی قوم برخاسته، هر یکی به در خیمه خود می‌ایستاد، و در عقب موسی می‌نگریست تا داخل خیمه می‌شد.۸
9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no wɔ ɔkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.
و چون موسی به خیمه داخل می‌شد، ستون ابر نازل شده، به در خیمه می‌ایستاد، و خدا با موسی سخن می‌گفت.۹
10 Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no sɛ egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔ wɔn ntamadan no pon ano no.
و چون تمامی قوم، ستون ابر رابر در خیمه ایستاده می‌دیدند، همه قوم برخاسته، هر کس به در خیمه خود سجده می‌کرد.۱۰
11 Ɔdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose san kɔ nsraban no hɔ a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi sɛ Mose bɛsan aba.
وخداوند با موسی روبرو سخن می‌گفت، مثل شخصی که با دوست خود سخن گوید. پس به اردو بر می‌گشت. اما خادم او یوشع بن نون جوان، از میان خیمه بیرون نمی آمد.۱۱
12 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.’
و موسی به خداوند گفت: «اینک تو به من می‌گویی: این قوم را ببر. و تو مرا خبر نمی دهی که همراه من که را می‌فرستی. و تو گفته‌ای، تو را به نام می‌شناسم، و ایض در حضور من فیض یافته‌ای.۱۲
13 Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfo.”
الان اگر فی الحقیقه منظور نظر توشده‌ام، طریق خود را به من بیاموز تا تو رابشناسم، و در حضور تو فیض یابم، و ملاحظه بفرما که این طایفه، قوم تو می‌باشند.»۱۳
14 Na Awurade buaa no se, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”
گفت: «روی من خواهد آمد و تو را آرامی خواهم بخشید.»۱۴
15 Nanso Mose kae se, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ.
به وی عرض کرد: «هر گاه روی تونیاید، ما را از اینجا مبر.۱۵
16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu sɛ me ne me nkurɔfo anya wo hɔ adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?”
زیرا به چه چیز معلوم می‌شود که من و قوم تو منظور نظر تو شده‌ایم، آیانه از آمدن تو با ما؟ پس من و قوم تو از جمیع قومهایی که بر روی زمینند، ممتاز خواهیم شد.»۱۶
17 Awurade buaa Mose se, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”
خداوند به موسی گفت: «این کار را نیز که گفته‌ای خواهم کرد، زیرا که در نظر من فیض یافته‌ای و تو را بنام می‌شناسم.»۱۷
18 Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn anuonyam.
عرض کرد: «مستدعی آنکه جلال خود را به من بنمایی.»۱۸
19 Awurade buae se, “Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.
گفت: «من تمامی احسان خود را پیش روی تومی گذرانم و نام یهوه را پیش روی تو ندا می‌کنم، و رافت می‌کنم بر هر‌که رئوف هستم و رحمت خواهم کرد بر هر‌که رحیم هستم.۱۹
20 Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu.
و گفت روی مرا نمی توانی دید، زیرا انسان نمی تواند مرا ببیندو زنده بماند.»۲۰
21 “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
و خداوند گفت: «اینک مقامی نزد من است. پس بر صخره بایست.۲۱
22 Na sɛ mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi sɛ metwa mu.
و واقع می‌شود که چون جلال من می‌گذرد، تو را درشکاف صخره می‌گذارم، و تو را به‌دست خودخواهم پوشانید تا عبور کنم.۲۲
23 Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ sɛ wohu.”
پس دست خودرا خواهم برداشت تا قفای مرا ببینی، اما روی من دیده نمی شود.»۲۳

< 2 Mose 33 >