< 2 Mose 32 >

1 Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”
民はモーセが山を下ることのおそいのを見て、アロンのもとに集まって彼に言った、「さあ、わたしたちに先立って行く神を、わたしたちのために造ってください。わたしたちをエジプトの国から導きのぼった人、あのモーセはどうなったのかわからないからです」。
2 Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyiyi mo sika nsonkaa nyinaa mmra.”
アロンは彼らに言った、「あなたがたの妻、むすこ、娘らの金の耳輪をはずしてわたしに持ってきなさい」。
3 Wɔn nyinaa yiyii wɔn nsonkaa brɛɛ Aaron.
そこで民は皆その金の耳輪をはずしてアロンのもとに持ってきた。
4 Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.”
アロンがこれを彼らの手から受け取り、工具で型を造り、鋳て子牛としたので、彼らは言った、「イスラエルよ、これはあなたをエジプトの国から導きのぼったあなたの神である」。
5 Aaron huu sɛ nnipa no ani agye sika nantwi ba ohoni no ho no, osii afɔremuka sii nantwi ba no anim kae se, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.”
アロンはこれを見て、その前に祭壇を築いた。そしてアロンは布告して言った、「あすは主の祭である」。
6 Wɔsɔree anɔpahema fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre de maa nantwi ba ohoni no. Ɛno akyi no, wɔtoo pon kɛse, didi nomee, goruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.
そこで人々はあくる朝早く起きて燔祭をささげ、酬恩祭を供えた。民は座して食い飲みし、立って戯れた。
7 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ ntɛm na sian kɔ wo nkurɔfo a wode wɔn fi Misraim asase so bae no nkyɛn, efisɛ wɔagu wɔn ho fi,
主はモーセに言われた、「急いで下りなさい。あなたがエジプトの国から導きのぼったあなたの民は悪いことをした。
8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’”
彼らは早くもわたしが命じた道を離れ、自分のために鋳物の子牛を造り、これを拝み、これに犠牲をささげて、『イスラエルよ、これはあなたをエジプトの国から導きのぼったあなたの神である』と言っている」。
9 Awurade kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa.
主はまたモーセに言われた、「わたしはこの民を見た。これはかたくなな民である。
10 Afei, ma me kwan na memma mʼabufuw nnɛw ntia wɔn mma mensɛe wɔn. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.”
それで、わたしをとめるな。わたしの怒りは彼らにむかって燃え、彼らを滅ぼしつくすであろう。しかし、わたしはあなたを大いなる国民とするであろう」。
11 Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi?
モーセはその神、主をなだめて言った、「主よ、大いなる力と強き手をもって、エジプトの国から導き出されたあなたの民にむかって、なぜあなたの怒りが燃えるのでしょうか。
12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no.
どうしてエジプトびとに『彼は悪意をもって彼らを導き出し、彼らを山地で殺し、地の面から断ち滅ぼすのだ』と言わせてよいでしょうか。どうかあなたの激しい怒りをやめ、あなたの民に下そうとされるこの災を思い直し、
13 Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’”
あなたのしもべアブラハム、イサク、イスラエルに、あなたが御自身をさして誓い、『わたしは天の星のように、あなたがたの子孫を増し、わたしが約束したこの地を皆あなたがたの子孫に与えて、長くこれを所有させるであろう』と彼らに仰せられたことを覚えてください」。
14 Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.
それで、主はその民に下すと言われた災について思い直された。
15 Afei, Mose sian fii bepɔw no so bae a okura Mmaransɛm Du no a wɔakyerɛw agu abo apon abien akyi ne anim no.
モーセは身を転じて山を下った。彼の手には、かの二枚のあかしの板があった。板はその両面に文字があった。すなわち、この面にも、かの面にも文字があった。
16 Onyankopɔn no ankasa na ɔkyerɛw mmaransɛm no wɔ apon no so.
その板は神の作、その文字は神の文字であって、板に彫ったものである。
17 Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”
ヨシュアは民の呼ばわる声を聞いて、モーセに言った、「宿営の中に戦いの声がします」。
18 Ɛnna Mose nso buaa no se, “Ɛnyɛ nkonimdi mu nnyigyei na ɛnyɛ nkogu de, na mmom, ɛyɛ nnwonto nnyigyei na mete.”
しかし、モーセは言った、「勝どきの声でなく、敗北の叫び声でもない。わたしの聞くのは歌の声である」。
19 Wobeduu atenae hɔ, Mose huu nantwi ba no ne asaw a wɔresaw. Enti ɔde abufuwhyew tow kyerɛwapon no hwehwee fam ma ebubuu wɔ bepɔw no ase.
モーセが宿営に近づくと、子牛と踊りとを見たので、彼は怒りに燃え、手からかの板を投げうち、これを山のふもとで砕いた。
20 Ɔfaa nantwi ba no nan no wɔ ogya mu na edwoe no, ɔyam no muhumuhu de guu nsu mu maa nnipa no nomee.
また彼らが造った子牛を取って火に焼き、こなごなに砕き、これを水の上にまいて、イスラエルの人々に飲ませた。
21 Obisaa Aaron se, “Dɛn nko ara na saa nnipa no yɛɛ wo a enti wudii wɔn anim ma wɔyɛɛ saa bɔne kɛse yi?”
モーセはアロンに言った、「この民があなたに何をしたので、あなたは彼らに大いなる罪を犯させたのですか」。
22 Aaron buaa no se, “Mma wo bo mmfuw. Wo ara wunim sɛnea wo nkurɔfo yi yɛ nnipa bɔne fa.
アロンは言った、「わが主よ、激しく怒らないでください。この民の悪いのは、あなたがごぞんじです。
23 Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’
彼らはわたしに言いました、『わたしたちに先立って行く神を、わたしたちのために造ってください。わたしたちをエジプトの国から導きのぼった人、あのモーセは、どうなったのかわからないからです』。
24 Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!”
そこでわたしは『だれでも、金を持っている者は、それを取りはずしなさい』と彼らに言いました。彼らがそれをわたしに渡したので、わたしがこれを火に投げ入れると、この子牛が出てきたのです」。
25 Mose huu sɛ Aaron ama nnipa no adan aguamammɔfo ama wɔn atamfo anya wɔn no,
モーセは民がほしいままにふるまったのを見た。アロンは彼らがほしいままにふるまうに任せ、敵の中に物笑いとなったからである。
26 ogyinaa wɔn atenae hɔ pon no ano teɛɛ mu se, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifo no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.
モーセは宿営の門に立って言った、「すべて主につく者はわたしのもとにきなさい」。レビの子たちはみな彼のもとに集まった。
27 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’”
そこでモーセは彼らに言った、「イスラエルの神、主はこう言われる、『あなたがたは、おのおの腰につるぎを帯び、宿営の中を門から門へ行き巡って、おのおのその兄弟、その友、その隣人を殺せ』」。
28 Enti wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ da no.
レビの子たちはモーセの言葉どおりにしたので、その日、民のうち、おおよそ三千人が倒れた。
29 Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifo no se, “Nnɛ, moatu mo ho asi hɔ sɛ mobɛsom Awurade, efisɛ moayɛ osetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti obehyira mo bebree.”
そこで、モーセは言った、「あなたがたは、おのおのその子、その兄弟に逆らって、きょう、主に身をささげた。それで主は、きょう、あなたがたに祝福を与えられるであろう」。
30 Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.”
あくる日、モーセは民に言った、「あなたがたは大いなる罪を犯した。それで今、わたしは主のもとに上って行く。あなたがたの罪を償うことが、できるかも知れない」。
31 Enti Mose san kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame.
モーセは主のもとに帰って、そして言った、「ああ、この民は大いなる罪を犯し、自分のために金の神を造りました。
32 Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”
今もしあなたが、彼らの罪をゆるされますならば。しかし、もしかなわなければ、どうぞあなたが書きしるされたふみから、わたしの名を消し去ってください」。
33 Awurade buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu.
主はモーセに言われた、「すべてわたしに罪を犯した者は、これをわたしのふみから消し去るであろう。
34 Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”
しかし、今あなたは行って、わたしがあなたに告げたところに民を導きなさい。見よ、わたしの使はあなたに先立って行くであろう。ただし刑罰の日に、わたしは彼らの罪を罰するであろう」。
35 Na esiane sɛ nnipa no som Aaron nantwi ba no nti, ɔtew ɔyare guu wɔn so.
そして主は民を撃たれた。彼らが子牛を造ったからである。それはアロンが造ったのである。

< 2 Mose 32 >