< 2 Mose 29 >

1 “Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm.
And this is the thing which thou shalt do to them to hallow them, that they may serve me as priests: take one young bullock, and two rams without blemish,
2 Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ dɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so.
and unleavened bread, and unleavened cakes mingled with oil, and unleavened wafers anointed with oil — of wheaten flour shalt thou make them.
3 Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano.
And thou shalt put them into one basket, and present them in the basket, with the bullock and the two rams.
4 Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano hɔ, na momfa nsu nguare wɔn.
And Aaron and his sons thou shalt bring near the entrance of the tent of meeting, and shalt bathe them with water.
5 Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no,
And thou shalt take the garments, and clothe Aaron with the vest, and the cloak of the ephod, and the ephod, and the breastplate, and shalt gird him with the girdle of the ephod.
6 na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no.
And thou shalt put the turban upon his head, and fasten the holy diadem to the turban,
7 Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so.
and shalt take the anointing oil, and pour [it] on his head, and anoint him.
8 Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn.
And thou shalt bring his sons near, and clothe them with the vests.
9 Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa.
And thou shalt gird them with the girdle — Aaron and his sons, and bind the high caps on them; and the priesthood shall be theirs for an everlasting statute; and thou shalt consecrate Aaron and his sons.
10 “Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam.
And thou shalt present the bullock before the tent of meeting; and Aaron and his sons shall lay their hands upon the head of the bullock;
11 Munkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
and thou shalt slaughter the bullock before Jehovah, at the entrance of the tent of meeting;
12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase.
and thou shalt take of the blood of the bullock, and put it on the horns of the altar with thy finger, and shalt pour all the blood at the bottom of the altar.
13 Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so.
And thou shalt take all the fat that covereth the inwards, and the net of the liver, and the two kidneys, and the fat that is upon them, and burn them upon the altar.
14 Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi hɔ nkɔ afikyiri na monkɔhyew no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.
And the flesh of the bullock, and its skin, and its dung, shalt thou burn with fire outside the camp: it is a sin-offering.
15 “Sɛ wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam
And thou shalt take one of the rams, and Aaron and his sons shall put their hands upon the head of the ram;
16 na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa.
and thou shalt slaughter the ram, and shalt take its blood, and sprinkle [it] on the altar round about.
17 Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako
And thou shalt cut up the ram into its pieces, and wash its inwards, and its legs, and put [them] upon its pieces, and upon its head;
18 na monhyew no wɔ afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ Awurade ani.
and thou shalt burn the whole ram upon the altar: it is a burnt-offering to Jehovah — a sweet odour; it is an offering by fire to Jehovah.
19 “Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam,
And thou shalt take the second ram, and Aaron and his sons shall lay their hands upon the head of the ram;
20 Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa.
and thou shalt slaughter the ram, and take of its blood, and put [it] on the tip of the [right] ear of Aaron, and on the tip of the right ear of his sons, and on the thumb of their right hand, and on the great toe of their right foot; and thou shalt sprinkle the blood upon the altar round about.
21 Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew wɔ Awurade anim.
And thou shalt take of the blood that is upon the altar, and of the anointing oil, and sprinkle [it] on Aaron, and on his garments, and on his sons, and on the garments of his sons with him; and he shall be hallowed, and his garments, and his sons, and his sons' garments with him.
22 “Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no.
Also of the ram shalt thou take the fat, and the fat-tail, and the fat that covereth the inwards, and the net of the liver, and the two kidneys, and the fat that is upon them, and the right shoulder — for it is a ram of consecration —
23 Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu.
and one loaf of bread, and one cake of oiled bread, and one wafer out of the basket of the unleavened [bread] that is before Jehovah;
24 Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ afɔrebɔde mma Awurade.
and thou shalt put all this in the hands of Aaron, and in the hands of his sons, and shalt wave them as a wave-offering before Jehovah.
25 Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ohuam afɔre mma no.
And thou shalt receive them of their hand and burn [them] upon the altar over the burnt-offering, for a sweet odour before Jehovah: it is an offering by fire to Jehovah.
26 Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa.
And thou shalt take the breast of the ram of consecration which is for Aaron, and wave it as a wave-offering before Jehovah; and it shall be thy part.
27 “Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho.
And thou shalt hallow the breast of the wave-offering, and the shoulder of the heave-offering, that hath been waved and heaved up, of the ram of the consecration, of that which is for Aaron, and of [that] which is for his sons.
28 Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Israelfo asɛde sɛ wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Awurade.
And they shall be for Aaron and his sons, as an everlasting statute, on the part of the children of Israel; for it is a heave-offering; and it shall be a heave-offering on the part of the children of Israel of the sacrifices of their peace-offerings, [as] their heave-offering to Jehovah.
29 “Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo.
And the holy garments of Aaron shall be his sons' after him, to be anointed therein, and to be consecrated in them.
30 Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea hɔ.
The son that is priest in his stead shall put them on seven days, when he cometh into the tent of meeting to serve in the sanctuary.
31 “Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no wɔ baabi a ɛhɔ tew.
And thou shalt take the ram of the consecration, and boil its flesh in a holy place.
32 Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
And Aaron and his sons shall eat the flesh of the ram, and the bread that is in the basket, at the entrance of the tent of meeting.
33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho.
They shall eat the things with which the atonement was made, to consecrate [and] to hallow them; but a stranger shall not eat [of them], for they are holy.
34 Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron.
And if [any] of the flesh of the consecration, and of the bread, remain until the morning, then thou shalt burn the remainder with fire: it shall not be eaten, for it is holy.
35 “Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma.
And thus shalt thou do to Aaron, and to his sons, according to all that I have commanded thee: seven days shalt thou consecrate them.
36 Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho.
And thou shalt offer every day a bullock as a sin-offering for atonement; and the altar shalt thou cleanse from sin, by making atonement for it, and shalt anoint it, to hallow it.
37 Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.
Seven days shalt thou make atonement for the altar and hallow it; and the altar shall be most holy: whatever toucheth the altar shall be holy.
38 “Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre wɔ afɔremuka no so.
And this is what thou shalt offer upon the altar — two lambs of the first year, day by day continually.
39 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere.
The one lamb thou shalt offer in the morning; and the other lamb thou shalt offer between the two evenings.
40 Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa.
And with the one lamb a tenth part of wheaten flour mingled with beaten oil, a fourth part of a hin; and a drink-offering, a fourth part of a hin of wine.
41 Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama Awurade.
And the second lamb shalt thou offer between the two evenings; as the oblation in the morning, and as its drink-offering shalt thou offer with this, for a sweet odour, an offering by fire to Jehovah.
42 “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara wɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa.
It shall be a continual burnt-offering throughout your generations at the entrance of the tent of meeting before Jehovah, where I will meet with you, to speak there with thee.
43 Na mehyia Israelmma wɔ hɔ na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho.
And there will I meet with the children of Israel; and it shall be hallowed by my glory.
44 “Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho.
And I will hallow the tent of meeting, and the altar; and I will hallow Aaron and his sons, that they may serve me as priests.
45 Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn,
And I will dwell in the midst of the children of Israel, and will be their God.
46 na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Nyankopɔn.
And they shall know that I am Jehovah their God, who have brought them forth out of the land of Egypt, to dwell in their midst: I am Jehovah their God.

< 2 Mose 29 >