< 2 Mose 28 >
1 “Yi wo nua Aaron ne ne mmabarima Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar na tew wɔn ho na wɔnyɛ asɔfo nsom me.
“Yi wo nua Aaron ne ne mmammarima Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar na te wɔn ho na wɔnyɛ asɔfoɔ nsom me.
2 Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no.
Pam atadeɛ kronkron ma wo nua Aaron na ama animuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atadeɛ no na ɛnyɛ fɛ, sɛdeɛ ɛbɛma afata nʼadwuma no.
3 Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me.
Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me.
4 Ntade ahorow a wɔbɛpam no ni: adɛbo asɔfotade, atade yuu, atade kɔnsin a ɛyɛ adamadam, abotiri ne nkyekyeremu. Wɔbɛpam ntade kronkron bi nso de ama Aaron mmabarima no.
Ntadeɛ ahodoɔ a wɔbɛpam no nie: adaaboɔ asɔfotadeɛ, asɔfotadeɛ, atadeɛ yuu, atadeɛ kɔnsini a ɛyɛ damedame, abɔtiten ne abɔwomu. Wɔbɛpam ntadeɛ kronkron bi nso de ama Aaron mmammarima no.
5 Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwen na ɛbɛpam.
Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwono na ɛbɛpam.
6 “Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no.
“Ma ntomanwono mu adwumfoɔ papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no.
7 Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu.
Wɔbɛpam no asinasini mmienu a ɛyɛ animu ne akyire a wɔapam ne mmatire no so abɔ mu.
8 Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan.
Abɔwomu no bɛyɛ ntoma korɔ no ara bi. Ɛbɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan.
9 “Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so.
“Fa apopobibirieboɔ mmienu na twerɛ Israelfoɔ mmusuakuo no din gu so.
10 Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu.
Aboɔdenboɔ biara, wɔntwerɛ edin nsia ngu so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bɛdidi so mpanin mu.
11 Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia.
Fa ɛkwan a aboɔdenboɔtwafoɔ si fa twa edin gu adwinneɛ so, na twerɛ edin ahodoɔ no sɛdeɛ Israel mma no din te, na fa sika ntotoano twa ho hyia.
12 Fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so na ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade.
Fa aboɔdemmoɔ mmienu no sisi asɔfotadeɛ no mmati so na ɛnyɛ nkaedeɛ mma Israelfoɔ. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade.
13 Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim
Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim mmienu.
14 ne ntweaban abien a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare ntetareho a ɛwɔ asɔfotade no mmati so no mu.
Na fa mmobareeɛ mmienu a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare mfomfamho a ɛwɔ asɔfotadeɛ no mmati so no mu.
15 “Momma odwumfo a nʼadwinni yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmu adɛbo no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan na ɛmpam adɛbo no sɛnea mode pam asɔfotade no.
“Momma odwumfoɔ a nʼadwinnie yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmuo adaaboɔ no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan na mompam adaaboɔ no sɛdeɛ mode pam asɔfotadeɛ no.
16 Mummu adɛbo no nto so na ɛnyɛ sɛ ntama nkotoku.
Montwa ntomasini no ahinanan na ɛfa biara nyɛ nsateakwaa nkron na mompam mfam so mma ɛnyɛ sɛ kotokuo.
17 Momfa abo a ɛsom bo a ɛsesa so anan mmobɔ mu. Nea a edi kan no nyɛ bogyanambo, nea ɛto so abien no nyɛ akraatebo na nea etwa to no nyɛ ɔbo a ɛte sɛ ahabammono.
Momfa aboɔdemmoɔ nsasoɔ ɛnan mmobɔ mu. Nsasoɔ a ɛdi ɛkan no nyɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no nyɛ akarateboɔ na deɛ ɛtwa toɔ no nyɛ ɛboɔ a ɛte sɛ ahahammonoboɔ.
18 Nsaso a ɛto so abien no nyɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo.
Nsasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ.
19 Nsaso a ɛto so abiɛsa no nso bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo.
Nsasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ.
20 Nsaso a ɛto so anan no bɛyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo. Sikakɔkɔɔ mmuano ntwa ne nyinaa ho nhyia.
Nsasoɔ a ɛtɔ so nan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ. Sikakɔkɔɔ ntotoano ntwa ne nyinaa ho nhyia.
21 Ɔbo no baako biara begyina hɔ ama Israel mmusuakuw no baako. Na wɔbɛkyerɛw abusua ko no din agu so sɛ nsɔwanode.
Aboɔdemmoɔ no baako biara bɛgyina hɔ ama Israel mmusuakuo no baako. Na wɔbɛtwerɛ abusua ko no din agu so sɛ nsɔanodeɛ.
22 “Ɔkwan a mobɛfa so de adɛbo no afam asɔfotade no mu ni: yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban.
“Ɛkwan a mobɛfa so de adaaboɔ no afam asɔfotadeɛ no mu nie: yɛ sikakɔkɔɔ mmobareeɛ,
23 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien, na fa tetare adɛbo no twɔtwɔw so.
na yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu, na fa tare adaaboɔ no apampam twɛtwɛwa so;
24 Fa sikakɔkɔɔ ntweaban abien no hyehyɛ adɛbo no nkaa abien no twɔtwɔw so,
wɔde sikakɔkɔɔ mmobareeɛ mmienu no bɛhyehyɛ adaaboɔ no nkawa mmienu no mu.
25 ntweaban abien a aka no fa biara nso, wɔmfa ntare ɔbo a ɛte sɛ apopobibiri no apɔw abien no so nsan mfa ntare asɔfotade no mmati so.
Nhoma mmienu no a aka no, kyekyere biara ti bɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu.
26 Yɛ sika nkaa abien na fa hyehyɛ adɛbo ntwea abien a ɛwɔ fam no mu.
Yɛ sika nkawa mmienu na fa hyehyɛ adaaboɔ ntwea mmienu a ɛwɔ asɔfotadeɛ no nkyɛn mu.
27 San yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ asɔfotade no ntwea so wɔ fam ma ɛnka nkyekyeremu no.
Sane yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu hyehyɛ asɔfotadeɛ no ntwea so wɔ fam ma ɛnka abɔwomu no.
28 Fa bibiri hama kyekyere adɛbo no ase na fa hyehyɛ nkaa a ɛwɔ asɔfotade no ase no mu. Eyi remma adɛbo no mfi asɔfotade no ho ntew nsensɛn.
Fa bibire nhoma kyekyere adaaboɔ no ase na fa hyehyɛ nkawa a ɛwɔ asɔfotadeɛ no ase no mu. Yei remma adaaboɔ no mfiri asɔfotadeɛ no ho nte ntwontwɔn.
29 “Aaron bɛfa saa kwan yi so na ɔde Israel mmusuakuw no din a ɛwɔ adɛbo no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na eyi na ɛbɛma Awurade akae Israelman bere nyinaa mu.
“Aaron bɛfa saa ɛkwan yi so na ɔde Israel mmusuakuo no din a ɛwɔ adaaboɔ no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na yei na ɛbɛma Awurade akae Israelman ɛberɛ nyinaa mu.
30 Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a aseɛ ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adaaboɔ a ɛda ne koko so no kotokuo mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛdeɛ de ma ne nkurɔfoɔ ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
31 “Wɔde ntama tuntum na ɛbɛpam asɔfotade no
“Wɔde ntoma tuntum na ɛbɛpam asɔfotadeɛ no
32 na wɔagyaw ɔkwan bi a Aaron de ne ti bewura mu. Ɛsɛ sɛ wɔde ntama a wɔanwen to atade no kɔn mu hyia, na ansuane amfa mu.
a wɔagya ɛkwan bi a Aaron de ne tiri bɛwura mu. Ɛsɛ sɛ wɔtwa mfimfini tokuro ma ano no yɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete.
33 Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan na ɛbɛpam ato ano.
Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan na ɛbɛpam ato ano.
34 Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ adɔmma ne atoaa aba a edi afrafra twa asɔfotade no mmuano ho hyia.
Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba a ɛdi afrafra twa asɔfotadeɛ no mmuano ho hyia.
35 Bere biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotade yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na dɔn no rewosow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
Ɛberɛ biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotadeɛ yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na ɛdɔn no rewoso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwu.
36 “Afei, boro sikakɔkɔɔ ankasa ma ɛnyɛ tratraa sɛ prɛte na kyerɛw so sɛnea wokurukyerɛw nsɔwanode so no se: Kronkron Ma Awurade.
“Afei, boro sikakɔkɔɔ amapa ma ɛnyɛ trawa sɛ prɛte na twerɛ so sɛdeɛ wɔkurukyire nsɔanodeɛ so no sɛ: Kronkron Ma Awurade.
37 Wɔde ntama tuntum beso mu asensɛn Aaron abotiri no anim.
Wɔde ntoma tuntum bɛsɔ mu asensɛn Aaron abotire no anim.
38 Aaron de saa ade no bɛbɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfo no bɔ afɔre biara na mfomso ba ho a, ɛho asodi bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.
Aaron de saa adeɛ no bɛbɔ ne moma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfoɔ no bɔ afɔdeɛ biara na mfomsoɔ ba ho a, ɛho asodie bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.
39 “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwen Aaron atade kɔnsin no. Ma ɛnyɛ adamadam na fa ntama koro no ara bi pam abotiri na nwen biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu.
“Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwono Aaron atadeɛ kɔnsini no. Ma ɛnyɛ damedame na fa ntoma korɔ no ara bi pam abotire na nwono biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu.
40 Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn.
Pam atadeɛ yuu ne abɔwomu ne abotire ma Aaron mmammarima na momfa obuo ne anidie mma wɔn.
41 Saa ntade yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmabarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfo wɔ ɔsom no mu, na momfa ntew wɔn ho sɛ asɔfo a wɔyɛ me dea.
Saa ntadeɛ yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmammarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ ɔsom no mu, na momfa nte wɔn ho sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ me dea.
42 “Mompam sirikyi ntade a efi wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntade no agu so.
“Mompam serekye ntadeɛ a ɛfiri wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntadeɛ no agu so.
43 Bere biara a Aaron ne ne mmabarima no rekɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔremuka no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a afɔbu bɛba wɔn so ama wɔawuwu. “Eyi yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmabarima.
Ɛberɛ biara a Aaron ne ne mmammarima no rekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔrebukyia no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a, afɔbuo bɛba wɔn so ma wɔawuwu. “Yei yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima.