< 2 Mose 26 >

1 “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no.
“You are to construct the tabernacle itself with ten curtains of finely spun linen, each with blue, purple, and scarlet yarn, and cherubim skillfully worked into them.
2 Ɛsɛ sɛ nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia.
Each curtain shall be twenty-eight cubits long and four cubits wide —all curtains the same size.
3 Mompam saa ntama no anum mmɔ mu mma ɛnyɛ baako. Anum a aka no nso, monyɛ no saa ara.
Five of the curtains are to be joined together, and the other five joined as well.
4 Momfa ntama bibiri bamma aduonum nwurawura ntama no afa abien a ɛsensɛn hɔ no mu.
Make loops of blue material on the edge of the end curtain in the first set, and do the same for the end curtain in the second set.
5 Ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔtɔkoro aduonum ma edi nhwɛanim wɔ ɔfa biara.
Make fifty loops on one curtain and fifty loops on the end curtain of the second set, so that the loops line up opposite one another.
6 Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkoro aduonum na fa kyekyere nkɔtɔkoro no bɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Ahyiae Ntamadan hɔ no bɛyɛ ɔdan baako.
Make fifty gold clasps as well, and join the curtains together with the clasps, so that the tabernacle will be a unit.
7 “Monwen mmirekyi nwi mfa nkuru Ahyiae Ntamadan no so. Ɛsɛ sɛ nkuruso no dodow yɛ dubaako.
You are to make curtains of goat hair for the tent over the tabernacle—eleven curtains in all.
8 Nkurusotam dubaako no nyinaa tenten ne ne trɛw nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw nyɛ anammɔn asia.
Each of the eleven curtains is to be the same size—thirty cubits long and four cubits wide.
9 Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano.
Join five of the curtains into one set and the other six into another. Then fold the sixth curtain over double at the front of the tent.
10 Yɛ nkɔtɔkoro aduonum aduonum a wɔabobɔ hyehyɛ ntama asinasin akuw abien no biara ano.
Make fifty loops along the edge of the end curtain in the first set, and fifty loops along the edge of the corresponding curtain in the second set.
11 Na yɛ nsusomu aduonum na fa saa nsusomu no hyehyɛ nkɔtɔkoro no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua.
Make fifty bronze clasps and put them through the loops to join the tent together as a unit.
12 Ɔdan no nkurusotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiae Ntamadan no akyi,
As for the overlap that remains of the tent curtains, the half curtain that is left over shall hang down over the back of the tabernacle.
13 na anammɔn baako ne fa nso asensɛn anim.
And the tent curtains will be a cubit longer on either side, and the excess will hang over the sides of the tabernacle to cover it.
14 Momfa nneɛma ahorow abien mmɔ ɔdan no so. Nea edi kan no nyɛ odwennini were a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien nyɛ abirekyi were a ɛsɔ.
Also make a covering for the tent out of ram skins dyed red, and over that a covering of fine leather.
15 “Fa ɔkanto yɛ ntaaboo na fa twa Ahyiae Ntamadan no ho.
You are to construct upright frames of acacia wood for the tabernacle.
16 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra.
Each frame is to be ten cubits long and a cubit and a half wide.
17 Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ.
Two tenons must be connected to each other for each frame. Make all the frames of the tabernacle in this way.
18 Mobɛyɛ Ahyiae Ntamadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafo.
Construct twenty frames for the south side of the tabernacle,
19 Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase.
with forty silver bases under the twenty frames—two bases for each frame, one under each tenon.
20 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho.
For the second side of the tabernacle, the north side, make twenty frames
21 Ɛno nso wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so.
and forty silver bases—two bases under each frame.
22 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso wɔde ntaaboo asia na ebetwa ho
Make six frames for the rear of the tabernacle, the west side,
23 a ntaaboo abien sisi twea biara.
and two frames for the two back corners of the tabernacle,
24 Wɔde nkɔtɔkoro besuso ntaaboo abien no soro ne ne fam.
coupled together from bottom to top and fitted into a single ring. These will serve as the two corners.
25 Wɔka ne nyinaa bɔ mu a, ntaaboo awotwe na wɔde bɛyɛ ɔdan no fa hɔ a wɔde besisi dwetɛ nsisiso dunsia so. Mpuran biara bɛfa nsisiso abien.
So there are to be eight frames and sixteen silver bases—two under each frame.
26 “Fa ɔkanto sen mmeamu nnua bi na fa bea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum nkɔ ntaaboo no fa baako
You are also to make five crossbars of acacia wood for the frames on one side of the tabernacle,
27 na anum a aka no nso nkɔ ɔfa baako. Fa mmeamu nnua no anum bobɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi, a ani kyerɛ atɔe fam no.
five for those on the other side, and five for those on the rear side of the tabernacle, to the west.
28 Ma mmeamu dua a ɛbea mfimfini no nkɔ ntaaboo no soro kakra mma emfi ti nkɔka ti.
The central crossbar in the middle of the frames shall extend from one end to the other.
29 Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkaa suso mmeamu dua no mu na ennyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
Overlay the frames with gold and make gold rings to hold the crossbars. Also overlay the crossbars with gold.
30 “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiae Ntamadan no.
So you are to set up the tabernacle according to the pattern shown you on the mountain.
31 “Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no.
Make a veil of blue, purple, and scarlet yarn, and finely spun linen, with cherubim skillfully worked into it.
32 Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so.
Hang it with gold hooks on four posts of acacia wood, overlaid with gold and standing on four silver bases.
33 Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.
And hang the veil from the clasps and place the ark of the Testimony behind the veil. So the veil will separate the Holy Place from the Most Holy Place.
34 Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ.
Put the mercy seat on the ark of the Testimony in the Most Holy Place.
35 Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi.
And place the table outside the veil on the north side of the tabernacle, and put the lampstand opposite the table, on the south side.
36 “Fa ntama foforo a ɛyɛ ɔtam bibiri ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim.
For the entrance to the tent, you are to make a curtain embroidered with blue, purple, and scarlet yarn, and finely spun linen.
37 Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu.
Make five posts of acacia wood for the curtain, overlay them with gold hooks, and cast five bronze bases for them.

< 2 Mose 26 >