< 2 Mose 25 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Jahve reče Mojsiju:
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me.
“Reci Izraelcima da me darivaju, a vi primajte darove u moju čast od svakoga koji daje od srca.
3 “Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,
A primajte ove darove: zlato, srebro i tuč;
4 ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi, abirekyi ho nwi,
ljubičasto, crveno i tamnocrveno predivo i prepredeni lan;
5 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma, ɔkanto dua,
učinjene ovnujske kože, pa fine kože; bagremovo drvo;
6 kanea ngo, ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee,
ulje za svjetlo; mirodije za ulje pomazanja i miomirisno kađenje;
7 abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade ne nkatabo mu.
oniks i drugo drago kamenje koje će se umetnuti u oplećak i naprsnik.
8 “Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu.
Neka mi sagrade Svetište da mogu boraviti među njima.
9 Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.
Pri gradnji Prebivališta i svega u njemu postupi točno prema uzorku koji ti pokažem.”
10 “Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa.
“Od bagremova drva neka naprave Kovčeg: dva i po lakta dug, lakat i po širok i lakat i po visok.
11 Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa.
Okuj ga čistim zlatom, okuj ga izvana i iznutra; a oko njega stavi naokolo završni pojas od zlata.
12 Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa.
Salij za nj četiri zlatna koluta; prikuj ih za četiri njegove noge; dva koluta s jedne strane, a dva s druge.
13 Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho.
Od bagremova drva napravi i motke te ih u zlato okuj.
14 Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no.
Onda provuci motke kroz kolutove sa strana Kovčega da se na njima Kovčeg nosi.
15 Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ.
Neka motke ostanu u kolutima Kovčega; neka se iz njih ne izvlače.
16 Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu.
Svjedočanstvo koje ću ti predati - u Kovčeg položi.”
17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi.
“Pomirilište napravi također od čistoga zlata. Neka bude dugo dva i pol lakta, a široko lakat i pol.
18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo.
Skuj i dva kerubina od zlata za oba kraja Pomirilišta.
19 Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua.
Napravi jednoga kerubina za jedan kraj, a drugoga kerubina za drugi kraj. Pričvrsti ih na oba kraja Pomirilišta da s njim sačinjavaju jedan komad.
20 Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
Kerubini neka dignu svoja krila uvis tako da svojim krilima zaklanjaju Pomirilište. Neka budu licem okrenuti jedan prema drugome, ali tako da lica kerubina gledaju u Pomirilište.
21 Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so.
Stavi na Kovčeg Pomirilište, a u Kovčeg položi ploče Svjedočanstva što ću ti ih dati.
22 Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo.
Tu ću se ja s tobom sastajati i ozgo ću ti, iznad Pomirilišta - između ona dva kerubina što su na Kovčegu ploča Svjedočanstva - saopćavati sve zapovijedi namijenjene Izraelcima.”
23 “Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa.
“Napravi od bagremova drva stol dva lakta dug, lakat širok, a lakat i pol visok.
24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia.
U čisto ga zlato obloži i načini mu naokolo završni pojas od zlata.
25 Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho.
Naokolo mu načini obrub, podlanicu širok, a onda po obrubu stavi završni pojas od zlata.
26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi
Nadalje, uspravi mu četiri koluta od zlata pa mu ih pričvrsti na njegova četiri nožna ugla.
27 twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu.
Neka su kolutovi tik pod obrubom da služe kao kvake motkama za nošenje stola.
28 Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho.
Motke napravi od bagremova drva i u zlato ih okuj. O njima će se stol nositi.
29 Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa.
Za nj onda napravi: zdjele, varjače, vrčeve i pehare za izlijevanje prinosa. Načini ih od čistoga zlata.
30 Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim.
Na stol svagda stavljaj pred moje lice prineseni kruh.”
31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako.
“Načini svijećnjak od čistoga zlata. Svijećnjak neka bude skovan. Njegovo podnožje, njegov stalak, njegove čaše, čaške i latice - sve neka bude od jednoga komada.
32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa.
Šest krakova neka mu izbija sa strana: tri kraka s jedne strane stalka, a tri kraka s druge strane stalka.
33 Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho.
Na jednome kraku neka budu tri čaše u obliku bademova cvijeta, svaka s čaškom i laticama. Tako za svih šest krakova što budu izbijali iz stalka svijećnjaka.
34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no.
Na samome svijećnjaku neka budu četiri čaše u obliku bademova cvijeta, svaka s čaškom i laticama.
35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so.
Čaška ispod dva kraka, sačinjavajući jedan komad s njime; onda čaška ispod druga dva kraka, od jednoga komada s njime, pa čaška ispod dva posljednja kraka, od jednoga komada s njime. Tako za svih šest krakova što iz stalka budu izbijali.
36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ.
Njihove čaške i njihovi krakovi sačinjavat će jedan komad s njim - sve skovano u jednome komadu od čistoga zlata.
37 “Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim.
Napravi i sedam svjetiljaka za njih. Svjetiljke neka tako budu postavljene da osvjetljuju prostor sprijeda.
38 Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ.
Usekači i pepeljare za njih neka su od čistoga zlata.
39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.
Upotrijebi talenat čistoga zlata za svijećnjak i sav njegov pribor.
40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no.
Pazi! Načini ih prema uzorku koji ti je na brdu pokazan.”