< 2 Mose 24 >
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me.
2 Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.”
Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twe bɛn bepɔ no koraa.”
3 Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.”
Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.”
4 Mose kyerɛw Awurade mmara no nyinaa guu hɔ. Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien.
Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ. Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu.
5 Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma Awurade.
Afei, ɔsomaa mmabunu a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma Awurade.
6 Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so.
Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so.
7 Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.”
Ɔkan nwoma a watwerɛ a ɛyɛ Apam Nwoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio sɛ, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi mmara no nyinaa so.”
8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
9 Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so
Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so.
10 na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu.
Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn.
11 Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
13 Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.
Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so.
14 Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.”
Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.”
15 Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu.
Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu.
16 Na Awurade anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu.
Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu.
17 Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw.
Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ.
18 Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.
Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.