< 2 Mose 21 >

1 “Mmara a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ni:
ואלה המשפטים אשר תשים לפניהם׃
2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nni a ontua hwee.
כי תקנה עבד עברי שש שנים יעבד ובשבעת יצא לחפשי חנם׃
3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyiri no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfe ason no du a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa de a, ɔne ne yere no na wɔbɛkɔ.
אם בגפו יבא בגפו יצא אם בעל אשה הוא ויצאה אשתו עמו׃
4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbea waree wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmabarima ne mmabea a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no de, na okunu no akɔ ne baabi.
אם אדניו יתן לו אשה וילדה לו בנים או בנות האשה וילדיה תהיה לאדניה והוא יצא בגפו׃
5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ’ a,
ואם אמר יאמר העבד אהבתי את אדני את אשתי ואת בני לא אצא חפשי׃
6 ne wura no de no bɛba atemmufo anim na wɔde fitii afiti nʼasom bagua mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ.
והגישו אדניו אל האלהים והגישו אל הדלת או אל המזוזה ורצע אדניו את אזנו במרצע ועבדו לעלם׃
7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea sɛ afenaa a, mfe asia no du a, wɔrennyaa no sɛnea wogyaa mmarima nkoa no.
וכי ימכר איש את בתו לאמה לא תצא כצאת העבדים׃
8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho kwan sɛ ɔsan tɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛe so.
אם רעה בעיני אדניה אשר לא יעדה והפדה לעם נכרי לא ימשל למכרה בבגדו בה׃
9 Na sɛ afenaa wura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babea.
ואם לבנו ייעדנה כמשפט הבנות יעשה לה׃
10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsan ware foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew nʼaduan ne ntama a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere.
אם אחרת יקח לו שארה כסותה וענתה לא יגרע׃
11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛde abiɛsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ontua sika biara.”
ואם שלש אלה לא יעשה לה ויצאה חנם אין כסף׃
12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wobekum no bi.
מכה איש ומת מות יומת׃
13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a onguan nkohintaw.
ואשר לא צדה והאלהים אנה לידו ושמתי לך מקום אשר ינוס שמה׃
14 Sɛ obi hyɛ da taataa ɔfoforo so pɛ sɛ okum no a, onii no gyina afɔremuka anim koraa a, montwe no nkokum no.
וכי יזד איש על רעהו להרגו בערמה מעם מזבחי תקחנו למות׃
15 “Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no.
ומכה אביו ואמו מות יומת׃
16 “Obi a owia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wonkum no.
וגנב איש ומכרו ונמצא בידו מות יומת׃
17 “Nea ɔdome nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no.
ומקלל אביו ואמו מות יומת׃
18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɔbo anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so,
וכי יריבן אנשים והכה איש את רעהו באבן או באגרף ולא ימות ונפל למשכב׃
19 na akyiri no, otumi sɔre nantew na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no bere a wasɛe no no, obetua ho sika ama no, asan atua nʼayaresa ka nyinaa kosi sɛ ne ho bɛtɔ no.
אם יקום והתהלך בחוץ על משענתו ונקה המכה רק שבתו יתן ורפא ירפא׃
20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenaa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso.
וכי יכה איש את עבדו או את אמתו בשבט ומת תחת ידו נקם ינקם׃
21 Nanso sɛ nna bi akyi no akoa no anwu a, ɛno de, owura no renkɔ asotwe biara mu, efisɛ akoa no yɛ nʼagyapade.
אך אם יום או יומים יעמד לא יקם כי כספו הוא׃
22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wopira ɔpemfo ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a opiraa no no ka biara a ɔpemfo no kunu de bɛto atemmufo anim ama wɔapene so no.
וכי ינצו אנשים ונגפו אשה הרה ויצאו ילדיה ולא יהיה אסון ענוש יענש כאשר ישית עליו בעל האשה ונתן בפללים׃
23 Na sɛ opira no ma ɔbea no wu a, wonkum saa ɔbarima no.
ואם אסון יהיה ונתתה נפש תחת נפש׃
24 Sɛ ɔpemfo no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne de bi. Nsa nsi nsa anan, nan nsi nan anan,
עין תחת עין שן תחת שן יד תחת יד רגל תחת רגל׃
25 ɔhyew nsi ɔhyew anan, apirakuru nsi apirakuru anan na atape nsi atape anan.
כויה תחת כויה פצע תחת פצע חבורה תחת חבורה׃
26 “Sɛ owura bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenaa ani so ma nʼani bɔ a, esiane nʼani no nti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no de ne ho hyɛ anan.
וכי יכה איש את עין עבדו או את עין אמתו ושחתה לחפשי ישלחנו תחת עינו׃
27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no nti, ɔmma ɔnne ne ho mfa nhyɛ anan.
ואם שן עבדו או שן אמתו יפיל לחפשי ישלחנו תחת שנו׃
28 “Sɛ nantwi si ɔbea anaa ɔbarima ma no wu a, wonsiw nantwi no abo. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no,
וכי יגח שור את איש או את אשה ומת סקול יסקל השור ולא יאכל את בשרו ובעל השור נקי׃
29 gye sɛ wɔate sɛ mmere bi a atwa mu no, nantwi no sisii nnipa ma wɔbɔɔ ne wura no amanneɛ a wanka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ okum obi a, wonsiw nantwi no abo na ne wura no nso, wonkum no.
ואם שור נגח הוא מתמל שלשם והועד בבעליו ולא ישמרנו והמית איש או אשה השור יסקל וגם בעליו יומת׃
30 Sɛ nso owufo no abusuafo pɛ a, wɔbɛbɔ nantwi wura no ka. Atemmufo na wɔbɛkyerɛ nea ontua.
אם כפר יושת עליו ונתן פדין נפשו ככל אשר יושת עליו׃
31 Mmara koro no ara kyere nantwi a obesi abarimaa anaa ɔbea.
או בן יגח או בת יגח כמשפט הזה יעשה לו׃
32 Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan abien, na wɔasiw nantwi no abo.
אם עבד יגח השור או אמה כסף שלשים שקלים יתן לאדניו והשור יסקל׃
33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔtɔ mu a,
וכי יפתח איש בור או כי יכרה איש בר ולא יכסנו ונפל שמה שור או חמור׃
34 ka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.
בעל הבור ישלם כסף ישיב לבעליו והמת יהיה לו׃
35 “Sɛ ɔbarima bi nantwi pira nantwi foforo na sɛ owu a, mmoa wuranom baanu no bɛtɔn aboa a onwui no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa.
וכי יגף שור איש את שור רעהו ומת ומכרו את השור החי וחצו את כספו וגם את המת יחצון׃
36 Na sɛ aboa no taa sisi na ne wura no abu nʼani agu so de a, ɛno de, sikakyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwi wɔ hɔ no betua nantwi a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.
או נודע כי שור נגח הוא מתמול שלשם ולא ישמרנו בעליו שלם ישלם שור תחת השור והמת יהיה לו׃

< 2 Mose 21 >