< 2 Mose 20 >

1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi yi nyinaa:
And the Lord spoke all these words, saying:
2 “Mene Awurade, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no.
I am the Lord thy God, who brought thee out of the land of Egypt, out of the house of bondage.
3 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho.
Thou shalt have no other gods beside me.
4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase.
Thou shalt not make to thyself an idol, nor likeness of anything, whatever things are in the heaven above, and whatever are in the earth beneath, and whatever are in the waters under the earth.
5 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu,
Thou shalt not bow down to them, nor serve them; for I am the Lord thy God, a jealous God, recompensing the sins of the fathers upon the children, to the third and fourth generation to them that hate me,
6 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.
and bestowing mercy on them that love me to thousands [of them], and on them that keep my commandments.
7 Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.
Thou shalt not take the name of the Lord thy God in vain; for the Lord thy God will not acquit him that takes his name in vain.
8 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron.
Remember the sabbath day to keep it holy.
9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
Six days thou shalt labour, and shalt perform all thy work.
10 na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara.
But on the seventh day is the sabbath of the Lord thy God; on it thou shalt do no work, thou, nor thy son, nor thy daughter, thy servant nor thy maidservant, thine ox nor thine ass, nor any cattle of thine, nor the stranger that sojourns with thee.
11 Efisɛ Awurade de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.
For in six days the Lord made the heaven and the earth, and the sea and all things in them, and rested on the seventh day; therefore the Lord blessed the seventh day, and hallowed it.
12 Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
Honour thy father and thy mother, that it may be well with thee, and that thou mayest live long on the good land, which the Lord thy God gives to thee.
13 Nni awu.
Thou shalt not commit adultery.
14 Nsɛe aware.
Thou shalt not steal.
15 Mmɔ korɔn.
Thou shalt not kill.
16 Nni adansekurum.
Thou shalt not bear false witness against thy neighbour.
17 Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de.”
Thou shalt not covet thy neighbour's wife; thou shalt not covet thy neighbour's house; nor his field, nor his servant, nor his maid, nor his ox, nor his ass, nor any of his cattle, nor whatever belongs to thy neighbour.
18 Nnipa no nyinaa huu anyinam ne wusiw kumɔnn wɔ bepɔw no so. Wɔtee aprannaa ne torobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ denneennen. Enti wɔtew gyinae a ehu ama wɔn ho rewosow.
And all the people perceived the thundering, and the flashes, and the voice of the trumpet, and the mountain smoking; and all the people feared and stood afar off,
19 Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yebetie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”
and said to Moses, Speak thou to us, and let not God speak to us, lest we die.
20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, efi nnɛ rekɔ no, mubesuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”
And Moses says to them, Be of good courage, for God is come to you to try you, that his fear may be among you, that ye sin not.
21 Nanso, nnipa no tew wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose de, owuraa sum kabii no mu kɔɔ faako a Onyankopɔn wɔ hɔ no.
And the people stood afar off, and Moses went into the darkness where God was.
22 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfo no. ‘Mudi ho adanse sɛ, mifi ɔsoro ada me pɛ adi akyerɛ mo.
And the Lord said to Moses, Thus shalt thou say to the house of Jacob, and thou shalt report it to the children of Israel, Ye have seen that I have spoken to you from heaven.
23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforo ayɛ.
Ye shall not make to yourselves gods of silver, and gods of gold ye shall not make to yourselves.
24 “‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo.
Ye shall make to me an altar of earth; and upon it ye shall sacrifice your whole burnt-offerings, and your peace-offerings, and your sheep and your calves in every place, where I shall record my name; and I will come to thee and bless thee.
25 Mutumi de abo nso si afɔremuka, nanso abo a wontwae na momfa nsi. Sɛ mode afiri bi twa abo no di no adwinni a, enye sɛ wɔde si, efisɛ moagu ho fi.
And if thou wilt make to me an altar of stones, thou shalt not build them hewn [stones]; for thou hast lifted up thy tool upon them, and they are defiled.
26 Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.’
Thou shalt not go up to my altar by steps, that thou mayest not uncover thy nakedness upon it.

< 2 Mose 20 >