< 2 Mose 2 >

1 Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu.
Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu.
2 Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa.
Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa.
3 Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.
Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.
4 Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.
Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.
5 Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.
Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.
6 Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”
Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.”
7 Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?”
Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?”
8 Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae.
Ɔhene babaa no buaa sɛ, “Aane.” Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ.
9 Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no.
Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abɔfra no kɔ efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka.” Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no.
10 Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.”
Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa sɛ, “Mɛto ne edin Mose ɛfiri sɛ meyii no firii nsuo mu.”
11 Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua.
Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua.
12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ.
Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ hɔ.
13 Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”
Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no hɔ nsrahwɛ. Ɔduruu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ dɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”
14 Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.
Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ.
15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no,
Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no,
16 Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan.
Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan.
17 Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee.
Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ.
18 Wɔsan koduu wɔn agya Reuel nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?”
Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?”
19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.”
Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.”
20 Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”
Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.”
21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware.
Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ.
22 Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”
Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri sɛ, Mose kyerɛ aseɛ sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.”
23 Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.
Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.
24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no.
Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no.
25 Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.
Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn.

< 2 Mose 2 >