< 2 Mose 19 >

1 Anadwo a Israelfo no tu fii Misraim no, nʼasram abiɛsa so na wɔde koduu Sinai sare so.
In the third month, when the children of Israel were gone forth out of the land of Egypt, the same day came they into the wilderness of Sinai.
2 Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase.
For they were departed from Rephidim, and were come to the desert of Sinai, and had pitched in the wilderness; and there Israel camped before the mount.
3 Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na Awurade frɛɛ no fii bepɔw no so kae se, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefo Israelman se,
And Moses went up to God, and the LORD called to him out of the mountain, saying, Thus shall you say to the house of Jacob, and tell the children of Israel;
4 ‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no.
You have seen what I did to the Egyptians, and how I bore you on eagles’ wings, and brought you to myself.
5 Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea.
Now therefore, if you will obey my voice indeed, and keep my covenant, then you shall be a peculiar treasure to me above all people: for all the earth is mine:
6 Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.”
And you shall be to me a kingdom of priests, and an holy nation. These are the words which you shall speak to the children of Israel.
7 Mose sian fii bepɔw no so bae no, ɔfrɛɛ mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnka no kyerɛɛ wɔn.
And Moses came and called for the elders of the people, and laid before their faces all these words which the LORD commanded him.
8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.
And all the people answered together, and said, All that the LORD has spoken we will do. And Moses returned the words of the people to the LORD.
9 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛnea ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.”
And the LORD said to Moses, See, I come to you in a thick cloud, that the people may hear when I speak with you, and believe you for ever. And Moses told the words of the people to the LORD.
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa,
And the LORD said to Moses, Go to the people, and sanctify them to day and to morrow, and let them wash their clothes,
11 na siesie wo ho ma ɔkyena akyi efisɛ saa da no mesian aba Sinai Bepɔw no so a ɔmanfo nyinaa ani tua me.
And be ready against the third day: for the third day the LORD will come down in the sight of all the people on mount Sinai.
12 Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu.
And you shall set bounds to the people round about, saying, Take heed to yourselves, that you go not up into the mount, or touch the border of it: whoever touches the mount shall be surely put to death:
13 Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.”
There shall not an hand touch it, but he shall surely be stoned, or shot through; whether it be beast or man, it shall not live: when the trumpet sounds long, they shall come up to the mount.
14 Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtew wɔn ho ma wɔhoroo wɔn nneɛma nyinaa.
And Moses went down from the mount to the people, and sanctified the people; and they washed their clothes.
15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbea ho.”
And he said to the people, Be ready against the third day: come not at your wives.
16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe.
And it came to pass on the third day in the morning, that there were thunders and lightning, and a thick cloud on the mount, and the voice of the trumpet exceeding loud; so that all the people that was in the camp trembled.
17 Mose dii nnipa no anim fi wɔn atenae hɔ sɛ wɔrekohyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no ase.
And Moses brought forth the people out of the camp to meet with God; and they stood at the nether part of the mount.
18 Wusiw kumɔnn kataa Sinai Bepɔw no so, efisɛ Awurade sian baa so sɛ ogya. Wusiw buaa wim nyinaa te sɛ nea efi fononoo mu, na asasewosow wosoo bepɔw no denneennen.
And mount Sinai was altogether on a smoke, because the LORD descended on it in fire: and the smoke thereof ascended as the smoke of a furnace, and the whole mount quaked greatly.
19 Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae.
And when the voice of the trumpet sounded long, and waxed louder and louder, Moses spoke, and God answered him by a voice.
20 Enti Awurade baa Sinai Bepɔw no atifi, na ɔfrɛɛ Mose ma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn
And the LORD came down on mount Sinai, on the top of the mount: and the LORD called Moses up to the top of the mount; and Moses went up.
21 na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu.
And the LORD said to Moses, Go down, charge the people, lest they break through to the LORD to gaze, and many of them perish.
22 Asɔfo a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”
And let the priests also, which come near to the LORD, sanctify themselves, lest the LORD break forth on them.
23 Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’”
And Moses said to the LORD, The people cannot come up to mount Sinai: for you charged us, saying, Set bounds about the mount, and sanctify it.
24 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfo no ne nnipa no ntra ahye no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”
And the LORD said to him, Away, get you down, and you shall come up, you, and Aaron with you: but let not the priests and the people break through to come up to the LORD, lest he break forth on them.
25 Enti Mose sian kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn.
So Moses went down to the people, and spoke to them.

< 2 Mose 19 >