< 2 Mose 18 >

1 Ankyɛ biara na Mose ase, Midian sɔfo Yetro, tee anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo Israelfo ne Mose, ne sɛnea wayi wɔn afi Misraim asase so no.
וישמע יתרו כהן מדין חתן משה את כל אשר עשה אלהים למשה ולישראל עמו כי הוציא יהוה את ישראל ממצרים׃
2 Mose de ne yere Sipora kɔe no, nʼase Yetro gyee no
ויקח יתרו חתן משה את צפרה אשת משה אחר שלוחיה׃
3 a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”
ואת שני בניה אשר שם האחד גרשם כי אמר גר הייתי בארץ נכריה׃
4 Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.”
ושם האחד אליעזר כי אלהי אבי בעזרי ויצלני מחרב פרעה׃
5 Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmabarima baanu no kaa ne ho. Wodui no, na Mose ne nnipa no abɔ atenae wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho.
ויבא יתרו חתן משה ובניו ואשתו אל משה אל המדבר אשר הוא חנה שם הר האלהים׃
6 Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmabarima baanu no ka ne ho.”
ויאמר אל משה אני חתנך יתרו בא אליך ואשתך ושני בניה עמה׃
7 Mose sɔre kohyiaa nʼase. Ɔkotow no nidi mu gyee no fɛw so. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkɔɔ Mose ntamadan mu.
ויצא משה לקראת חתנו וישתחו וישק לו וישאלו איש לרעהו לשלום ויבאו האהלה׃
8 Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.
ויספר משה לחתנו את כל אשר עשה יהוה לפרעה ולמצרים על אודת ישראל את כל התלאה אשר מצאתם בדרך ויצלם יהוה׃
9 Yetro tee nea Awurade ayɛ ama Israel, ne titiriw no, sɛnea oyii wɔn fii Misraim no, nʼani gyee yiye.
ויחד יתרו על כל הטובה אשר עשה יהוה לישראל אשר הצילו מיד מצרים׃
10 Yetro kae se, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afi Misraimfo ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso.
ויאמר יתרו ברוך יהוה אשר הציל אתכם מיד מצרים ומיד פרעה אשר הציל את העם מתחת יד מצרים׃
11 Afei, mahu sɛ Awurade yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.”
עתה ידעתי כי גדול יהוה מכל האלהים כי בדבר אשר זדו עליהם׃
12 Yetro de ɔhyew afɔrebɔde bae, na ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Akyiri no, Aaron ne Israel mpanyimfo no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreguan no wɔ Awurade anim.
ויקח יתרו חתן משה עלה וזבחים לאלהים ויבא אהרן וכל זקני ישראל לאכל לחם עם חתן משה לפני האלהים׃
13 Ade kyee no, Mose tenaa ase fii anɔpa kosii anwummere tiee ntawntaw a asisi wɔ nnipa no mu.
ויהי ממחרת וישב משה לשפט את העם ויעמד העם על משה מן הבקר עד הערב׃
14 Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?”
וירא חתן משה את כל אשר הוא עשה לעם ויאמר מה הדבר הזה אשר אתה עשה לעם מדוע אתה יושב לבדך וכל העם נצב עליך מן בקר עד ערב׃
15 Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.
ויאמר משה לחתנו כי יבא אלי העם לדרש אלהים׃
16 Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.”
כי יהיה להם דבר בא אלי ושפטתי בין איש ובין רעהו והודעתי את חקי האלהים ואת תורתיו׃
17 Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye.
ויאמר חתן משה אליו לא טוב הדבר אשר אתה עשה׃
18 Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ.
נבל תבל גם אתה גם העם הזה אשר עמך כי כבד ממך הדבר לא תוכל עשהו לבדך׃
19 Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.
עתה שמע בקלי איעצך ויהי אלהים עמך היה אתה לעם מול האלהים והבאת אתה את הדברים אל האלהים׃
20 Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase.
והזהרתה אתהם את החקים ואת התורת והודעת להם את הדרך ילכו בה ואת המעשה אשר יעשון׃
21 Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo.
ואתה תחזה מכל העם אנשי חיל יראי אלהים אנשי אמת שנאי בצע ושמת עלהם שרי אלפים שרי מאות שרי חמשים ושרי עשרת׃
22 Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn.
ושפטו את העם בכל עת והיה כל הדבר הגדל יביאו אליך וכל הדבר הקטן ישפטו הם והקל מעליך ונשאו אתך׃
23 Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.”
אם את הדבר הזה תעשה וצוך אלהים ויכלת עמד וגם כל העם הזה על מקמו יבא בשלום׃
24 Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ.
וישמע משה לקול חתנו ויעש כל אשר אמר׃
25 Oyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufo—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du.
ויבחר משה אנשי חיל מכל ישראל ויתן אתם ראשים על העם שרי אלפים שרי מאות שרי חמשים ושרי עשרת׃
26 Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛse no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketenkete no.
ושפטו את העם בכל עת את הדבר הקשה יביאון אל משה וכל הדבר הקטן ישפוטו הם׃
27 Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom.
וישלח משה את חתנו וילך לו אל ארצו׃

< 2 Mose 18 >