< 2 Mose 17 >

1 Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ.
Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ.
2 Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
3 Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”
Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!”
4 Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”
Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.”
5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ.
6 Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea Awurade kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu.
Mɛhyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. Sɛ woduru hɔ a, fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no wɔ Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu.
7 Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?”
Enti, Mose too beaeɛ hɔ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa sɛ, “Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?”
8 Afei, akofo a wofi Amalek bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe.
Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so wɔ Refidim ne wɔn koeɛ.
9 Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”
Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.”
10 Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ.
Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ.
11 Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so.
Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so.
12 Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe.
Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ.
13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.
Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano.
14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.”
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ yei ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua sɛ, mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase.”
15 Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa.
Mose sii afɔrebukyia hɔ na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa.
16 Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.”
Mose kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”

< 2 Mose 17 >