< 2 Mose 16 >

1 Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ.
Afterward all the Congregation of the children of Israel departed from Elim, and came to the wildernes of Sin, (which is betweene Elim and Sinai) the fiftenth day of the second moneth after their departing out of ye land of Egypt.
2 Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se,
And the whole Congregation of the children of Israel murmured against Moses and against Aaron in the wildernesse.
3 “Sɛ yɛwɔ Misraim na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.”
For the children of Israel sayde to them, Oh that we had dyed by the hand of the Lord in the land of Egypt, when wee sate by the flesh pots, when wee ate bread our bellies full: for yee haue brought vs out into this wildernesse, to kill this whole company with famine.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so.
Then sayd the Lord vnto Moses, Behold, I wil cause bread to rayne from heauen to you, and the people shall goe out, and gather that that is sufficient for euery day, that I may proue them, whether they wil walke in my Law or no.
5 Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.”
But the sixt daye they shall prepare that, which they shall bring home, and it shalbe twise as much as they gather dayly.
6 Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ Awurade na oyii mo fii Misraim asase so.
Then Moses and Aaron sayde vnto all the children of Israel, At euen ye shall know, that the Lord brought you out of the land of Egypt:
7 Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn?
And in the morning ye shall see the glorie of the Lord: for he hath heard your grudgings against the Lord: and what are we that ye haue murmured against vs?
8 Anwummere yi, Awurade bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa Awurade.”
Againe Moses sayd, At euen shall the Lord giue you flesh to eate, and in the morning your fil of bread: for the Lord hath heard your murmurings, which ye murmure against him: for what are we? your murmurings are not against vs, but against the Lord.
9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.”
And Moses sayd to Aaron, Say vnto all the Congregation of the children of Israel, Draw neere before the Lord: for he hath heard your murmurings.
10 Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, Awurade fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi.
Now as Aaron spake vnto the whole Congregation of the children of Israel, they looked toward the wildernesse, and beholde, the glory of the Lord appeared in a cloude.
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
(For the Lord had spoken vnto Moses, saying,
12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’”
I haue heard the murmurings of the children of Israel: tell them therefore, and say, At euen ye shall eate flesh, and in the morning ye shall be filled with bread, and ye shall knowe that I am the Lord your God)
13 Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee.
And so at euen the quailes came and couered the campe: and in the morning the dewe lay round about the hoste.
14 Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so.
And when the dewe that was fallen was ascended, beholde, a small round thing was vpon the face of the wildernes, small as the hoare frost on the earth.
15 Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?” Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no.
And when the children of Israel sawe it, they sayde one to another, It is MAN, for they wist not what it was. And Moses sayd vnto them, This is the breade which the Lord hath giuen you to eate.
16 Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’”
This is the thing which the Lord hath commanded: gather of it euery man according to his eating an Omer for a man according to the number of your persons: euery man shall take for them which are in his tent.
17 Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi.
And the children of Israel did so, and gathered, some more, some lesse.
18 Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de.
And when they did measure it with an Omer, hee that had gathered much, had nothing ouer, and he that had gathered litle, had no lacke: so euery man gathered according to his eating.
19 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.”
Moses then said vnto them, Let no man reserue thereof till morning.
20 Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye.
Notwithstanding they obeyed not Moses: but some of them reserued of it till morning, and it was full of wormes, and stanke: therefore Moses was angrie with them.
21 Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee.
And they gathered it euery morning, euery man according to his eating: for when the heate of the sunne came, it was melted.
22 Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa.
And the sixt day they gathered twise so much bread, two Omers for one man: then all the rulers of the Congregation came and told Moses.
23 Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’”
And he answered them, This is that, which the Lord hath sayde, To morowe is the rest of the holy Sabbath vnto the Lord: bake that to day which ye wil bake, and seethe that which ye wil seethe, and all that remaineth, lay it vp to be kept till the morning for you.
24 Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso.
And they laied it vp till the morning, as Moses bade, and it stanke not, neyther was there any worme therein.
25 Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ Awurade homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so.
Then Moses sayde, Eate that to day: for to day is the Sabbath vnto the Lord: to day ye shall not finde it in the fielde.
26 Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.”
Sixe dayes shall yee gather it, but in the seuenth day is the Sabbath: in it there shalbe none.
27 Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ.
Notwithstanding, there went out some of the people in ye seuenth day for to gather, and they found none.
28 Awurade bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn?
And the Lord sayde vnto Moses, Howe long refuse yee to keepe my commandements, and my lawes?
29 Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.”
Beholde, howe the Lord hath giuen you the Sabbath: therefore he giueth you the sixt day bread for two dayes: tary therefore euery man in his place: let no man goe out of his place the seuenth day.
30 Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee.
So the people rested the seuenth day.
31 Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.
And the house of Israel called the name of it, MAN. and it was like to coriander seede, but white: and the taste of it was like vnto wafers made with hony.
32 Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a Awurade de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no.
And Moses said, This is that which the Lord hath commanded, Fill an Omer of it, to keepe it for your posteritie: that they may see the bread wherewith I haue fed you in wildernesse, when I brought you out of the land of Egypt.
33 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.
Moses also said to Aaron, Take a pot and put an Omer full of MAN therein, and set it before the Lord to be kept for your posteritie.
34 Aaron yɛɛ sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ.
As the Lord commanded Moses, so Aaron laied it vp before the Testimonie to be kept.
35 Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no.
And the children of Israel did eate MAN fourtie yeres, vntill they came vnto a land inhabited: they did eate MAN vntill they came to the borders of the land of Canaan.
36 Lita abiɛsa yɛ omer baako.
The Omer is the tenth part of the Ephah.

< 2 Mose 16 >