< 2 Mose 14 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
וידבר יהוה אל משה לאמר
2 “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ.
דבר אל בני ישראל וישבו ויחנו לפני פי החירת בין מגדל ובין הים לפני בעל צפן נכחו תחנו על הים
3 Sɛ wɔyɛ saa a, Farao besusuw sɛ, ‘Saa Israelfo no aka sare no ne po no ntam.’
ואמר פרעה לבני ישראל נבכים הם בארץ סגר עליהם המדבר
4 Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene Awurade no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.
וחזקתי את לב פרעה ורדף אחריהם ואכבדה בפרעה ובכל חילו וידעו מצרים כי אני יהוה ויעשו כן
5 Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!”
ויגד למלך מצרים כי ברח העם ויהפך לבב פרעה ועבדיו אל העם ויאמרו מה זאת עשינו כי שלחנו את ישראל מעבדנו
6 Enti Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafo no anim taa wɔn.
ויאסר את רכבו ואת עמו לקח עמו
7 Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefo dɔm a wɔn dodow yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforo bi a asraafo tete wɔn so ka wɔn.
ויקח שש מאות רכב בחור וכל רכב מצרים ושלשם על כלו
8 Farao taa Israelfo no, efisɛ na wɔde Misraimfo agyapade bebree kɔ.
ויחזק יהוה את לב פרעה מלך מצרים וירדף אחרי בני ישראל ובני ישראל יצאים ביד רמה
9 Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.
וירדפו מצרים אחריהם וישיגו אותם חנים על הים כל סוס רכב פרעה ופרשיו וחילו--על פי החירת לפני בעל צפן
10 Bere a Farao asraafo no rebɛn no, Israelfo no huu wɔn sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn koma tui, na wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn.
ופרעה הקריב וישאו בני ישראל את עיניהם והנה מצרים נסע אחריהם וייראו מאד ויצעקו בני ישראל אל יהוה
11 Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no se, “Wode yɛn aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, efisɛ nna nni Misraim a sɛ yewuwu a wobesie yɛn wɔ mu ana? Adɛn nti na woma yetu fii Misraim?
ויאמרו אל משה המבלי אין קברים במצרים לקחתנו למות במדבר מה זאת עשית לנו להוציאנו ממצרים
12 Bere a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo se ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkae se yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sen sɛ yebewu agu sare so ha.”
הלא זה הדבר אשר דברנו אליך במצרים לאמר חדל ממנו ונעבדה את מצרים כי טוב לנו עבד את מצרים ממתנו במדבר
13 Nanso Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Munnsuro. Munnyina pintinn na mubehu anwonwakwan a Awurade nam so begye mo nnɛ. Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio.
ויאמר משה אל העם אל תיראו--התיצבו וראו את ישועת יהוה אשר יעשה לכם היום כי אשר ראיתם את מצרים היום--לא תספו לראתם עוד עד עולם
14 Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!”
יהוה ילחם לכם ואתם תחרשון
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnkɔ wɔn anim.
ויאמר יהוה אל משה מה תצעק אלי דבר אל בני ישראל ויסעו
16 Fa wo pema no. Fa kyerɛ nsu no so na po no mu bɛpae ama ɔkwan ada mu ma Israelfo no afa asase wosee so.
ואתה הרם את מטך ונטה את ידך על הים--ובקעהו ויבאו בני ישראל בתוך הים ביבשה
17 Mepirim Misraimfo no koma ama wɔataa mo na di a medi Farao ne ne dɔm so no bɛma moahu mʼanuonyam.
ואני הנני מחזק את לב מצרים ויבאו אחריהם ואכבדה בפרעה ובכל חילו ברכבו ובפרשיו
18 Na Misraimfo nyinaa behu sɛ, mene Awurade.”
וידעו מצרים כי אני יהוה בהכבדי בפרעה ברכבו ובפרשיו
19 Onyankopɔn bɔfo a odi Israelfo anim no twee ne ho bedii Israelfo no akyi. Na omununkum dum no nso bedii Israelfo no akyi.
ויסע מלאך האלהים ההלך לפני מחנה ישראל וילך מאחריהם ויסע עמוד הענן מפניהם ויעמד מאחריהם
20 Ebetwaa Israelfo no ne Misraimfo no ntam. Na anadwo no, ɛdan ogya maa sum tɔɔ Misraimfo no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfo no kwan. Enti Misraimfo no anhu Israelfo no akyi kwan.
ויבא בין מחנה מצרים ובין מחנה ישראל ויהי הענן והחשך ויאר את הלילה ולא קרב זה אל זה כל הלילה
21 Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apuei mframa dennen maa po no san nʼakyi maa asase no yɛɛ wosee.
ויט משה את ידו על הים ויולך יהוה את הים ברוח קדים עזה כל הלילה וישם את הים לחרבה ויבקעו המים
22 Enti Israelfo no faa po kwan a mu wosee no so. Na nsu no yɛɛ afasu wɔ benkum ne nifa maa wɔn.
ויבאו בני ישראל בתוך הים ביבשה והמים להם חומה מימינם ומשמאלם
23 Misraimfo no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no tiw wɔn koduu po no mfimfini.
וירדפו מצרים ויבאו אחריהם--כל סוס פרעה רכבו ופרשיו אל תוך הים
24 Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne omununkum dum no too Misraimdɔm no so maa wɔn ho yeraw wɔn.
ויהי באשמרת הבקר וישקף יהוה אל מחנה מצרים בעמוד אש וענן ויהם את מחנה מצרים
25 Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ Awurade reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.”
ויסר את אפן מרכבתיו וינהגהו בכבדת ויאמר מצרים אנוסה מפני ישראל--כי יהוה נלחם להם במצרים
26 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ po no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no so.”
ויאמר יהוה אל משה נטה את ידך על הים וישבו המים על מצרים על רכבו ועל פרשיו
27 Mose yɛɛ saa, na ade kyee anɔpa no, po no san nʼakyi bɛsen sɛnea na ɛte. Misraimfo no pɛɛ sɛ woguan, nanso Awurade maa nsu no faa wɔn.
ויט משה את ידו על הים וישב הים לפנות בקר לאיתנו ומצרים נסים לקראתו וינער יהוה את מצרים בתוך הים
28 Nsu no kataa kwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no nyinaa so. Farao asraafo dodow a wɔfaa po no mu taa Israelfo no nso, anka ɔbaako koraa.
וישבו המים ויכסו את הרכב ואת הפרשים לכל חיל פרעה הבאים אחריהם בים לא נשאר בהם עד אחד
29 Israelfo no nantew faa asase wosee a nsu yɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa no so.
ובני ישראל הלכו ביבשה בתוך הים והמים להם חמה מימינם ומשמאלם
30 Saa da no Awurade gyee Israelfo fii Misraimfo nsam. Na Israelfo no huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu deda mpoano.
ויושע יהוה ביום ההוא את ישראל--מיד מצרים וירא ישראל את מצרים מת על שפת הים
31 Bere a Israelfo huu tumi a Awurade ada no adi de atia Misraimfo no, wosuroo Awurade, na wogyee Awurade ne nʼakoa Mose dii.
וירא ישראל את היד הגדלה אשר עשה יהוה במצרים וייראו העם את יהוה ויאמינו ביהוה ובמשה עבדו

< 2 Mose 14 >