< 2 Mose 13 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke unto Moses, saying,
2 “Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”
Sanctify unto me all the first-born, whatsoever openeth the womb among the children of Israel, both of man and of beast: it is mine.
3 Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa.
And Moses said unto the people, Remember this day, on which ye came out from Egypt, out of the house of slavery; for by strength of hand the Lord brought you out from here: and no leavened bread shall be eaten.
4 Afe biara mu Abib ɔsram awiei (bɛyɛ Ɔbɛnem awiei), monkae saa otukɔ yi.
This day go ye out, in the month of Abib.
5 Awurade de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.
And it shall be, when the Lord doth bring thee into the land of the Canaanites, and the Hittites, and the Emorites, and the Hivites, and the Jebusites, which he hath sworn unto thy fathers to give unto thee, a land flowing with milk and honey, that thou shalt perform this service in this month.
6 Mubedi brodo a mmɔkaw nni mu nko ara nnanson. Na da a ɛto so ason no, monto pon kɛse mma Awurade.
Seven days shalt thou eat unleavened bread, and on the seventh day shall be a feast to the Lord.
7 Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔkaw wɔ ne fi anaa mo asase no ahye so baabiara.
Unleavened bread shall be eaten these seven days; and there shall not be seen with thee any leavened bread, neither shall there be seen with thee any leaven in all thy boundaries.
8 Edu afirihyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma nea enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae nea Awurade yɛ maa mo bere a mutu fii Misraim asase so no.
And thou shalt tell thy son on that day, saying, This is done for the sake of that which the Lord did unto me when I came forth out of Egypt.
9 Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim.
And it shall be unto thee for a sign upon thy hand, and for a memorial between thy eyes, in order that the law of the Lord may be in thy mouth; for with a strong hand hath the Lord brought thee forth out of Egypt.
10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awiei no, munni afahyɛ yi.
And thou shalt keep this ordinance in its season, from year to year.
11 “Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfo te so mprempren no so a, monkae sɛ
And it shall be, when the Lord doth bring thee into the land of the Canaanites, as he hath sworn unto thee and to thy fathers, and giveth it to thee,
12 mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no.
That thou shalt set apart all that openeth the womb unto the Lord; and every firstling that cometh of a beast which thou shalt have, the males, shall belong to the Lord.
13 Mutumi de oguan ba anaa abirekyi ba bɛsesa afurum ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afurum no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wubu afurum no kɔn mu kum no. Nanso mo mmabarima abakan de, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.
And every firstling of an ass shalt thou redeem with a lamb; and if thou wilt not redeem it, then shalt thou break its neck: and all the first-born of man among thy children shalt thou redeem.
14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim.
And it shall be, when thy son asketh thee in time to come, saying, What is this? that thou shalt say unto him, By strength of hand the Lord brought us forth out of Egypt, out of the house of slavery;
15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, Awurade kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.’
And it came to pass, when Pharaoh obstinately refused to let us go, that the Lord slew all the first-born in the land of Egypt, both the first-born of man, and the first-born of beast; therefore do I sacrifice to the Lord all that openeth the womb, being males; but all the first-born of my children must I redeem.
16 Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”
And it shall be for a sign upon thy hand, and for frontlets between thy eyes; that by strength of hand the Lord brought us forth out of Egypt.
17 Farao maa nnipa no kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amma wɔamfa ɔkwan a ɛfa Filistifo man no mu a na ɛyɛ tiaa no so. Efisɛ Onyankopɔn kae se, “Sɛ wokohyia ɔko a, ebia na wɔasesa wɔn adwene ama wɔasan akɔ Misraim.”
And it came to pass, when Pharaoh let the people go, that God did not lead them the way through the land of the Philistines, because it was near; for God said, Lest peradventure the people repent when they see war, and return to Egypt.
18 Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
But God led the people about, by the way of the wilderness to the Red Sea: and the children of Israel went up armed out of the land of Egypt.
19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afi Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn beyi wɔn afi Misraim asase so.”
And Moses took the bones of Joseph with him; for he had caused the children of Israel to swear, saying, God will surely visit you, and ye shall then carry up my bones away hence with you.
20 Wofi Sukot no, wɔkɔkyeree nsraban wɔ Etam sare no ano.
And they took their journey from Succoth, and encamped in Etham, at the edge of the wilderness.
21 Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn kwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. Enti na wotumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa.
And the Lord went before them by day in a pillar of cloud, to lead them the way; and by night in a pillar of fire, to give light to them; that they might go by day and by night:
22 Awia mununkum fadum anaa anadwo gya fadum no amfi nʼafa wɔ nnipa no anim da.
He took not away the pillar of cloud by day, nor the pillar of fire by night, from before the people.