< 2 Mose 12 >

1 Bere a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn se,
And the Lord spoke unto Moses and Aaron in the land of Egypt, saying,
2 “Efi nnɛ rekɔ, ɔsram yi bɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo asranna so.
This month shall be unto you the chief of months: the first shall it be unto you of the months of the year.
3 Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako.
Speak ye unto all the congregation of Israel, saying, On the tenth day of this month they shall take to themselves every man a lamb for every family, a lamb for every house:
4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so.
And if the household be too small for a lamb, then shall he take it with his neighbor who is next unto his house, according to the number of the souls; every man according to what he eateth shall ye make a count for the lamb.
5 Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ oguan anaa abirekyi a onnii dɛm.
A lamb without blemish, a male of the first year shall ye have; from the sheep, or from the goats may ye take it.
6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu.
And ye shall have it in keeping until the fourteenth day of the same month; and then the whole assembly of the congregation of Israel shall kill it toward evening.
7 Wɔmfa wɔn mogya nsra ofi biara apongua ho. Oguamma a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛde yi.
And they shall take of the blood, and put it on the two side-posts and on the upper door-post, in the houses, wherein they shall eat it.
8 Anadwo no ara, obiara bɛwe aboa a wɔatoto no no nam no bi. Wɔmfa brodo a wɔamfa mmɔkaw anyɛ ne awɔnwen na enni.
And they shall eat the flesh in that night, roasted by the fire, with unleavened bread; together with bitter herbs shall they eat it.
9 Wɔnnnoa nam no na wɔnnwe no amono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti, nʼanan ne nʼayamde nyinaa ka ho.
You shall not eat of it raw, nor in any wise sodden with water; but roasted by the fire; its head with its legs, and with its entrails.
10 Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, nea ɛbɛka no, sɛ ade kye so a, monnnwe na mmom monhyew no.
And ye shall not let any thing of it remain until morning; and that which remaineth of it until morning ye shall burn with fire.
11 Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.
And thus shall ye eat it, With your loins girded, your shoes on your feet, and your staff in your hand; and ye shall eat it in haste, it is passover unto the Lord.
12 “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade!
And I will pass through the land of Egypt in this night, and I will smite every first-born in the land of Egypt, both man and beast; and against all the gods of Egypt will I execute judgments: I am the Lord.
13 Mogya a mode bɛyɛ apongua no ho no bɛyɛ agyiraehyɛde, enti sɛ mihu mogya no a, metwa mu akɔ, na sɛ merekunkum Misraim mmakan a, merenkum mo de bi.
And the blood shall be to you for a token upon the houses where ye are; and when I see the blood, I will pass over you; and there shall be no plague against you to destroy, when I smite [others] in the land of Egypt.
14 “Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama Awurade. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa.
And this day shall be unto you for a memorial; and ye shall celebrate it as a feast unto the Lord; throughout your generations, as an ordinance for ever shall ye celebrate it.
15 Nnanson no mu, munni brodo a wɔmfaa mmɔkaw mfrae nko ara. Afahyɛ no da a edi kan no, munyiyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu. Obiara a saa bere no obebu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wobetwa no asu afi Israelman mu.
Seven days shall ye eat unleavened bread; but on the first day ye shall have put away leaven out of your houses; for whosoever eateth leavened bread, that soul shall be cut off from Israel, from the first day until the seventh day.
16 Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara.
And on the first day there shall be a holy convocation, and on the seventh day there shall be a holy convocation to you; no manner of work shall be done on them, save what is eaten by every man, that only may be prepared by you.
17 “Sɛ mudi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa da no na miyii mo fii Misraim asase so. Munni saa dapɔnna yi sɛ daa ahyɛde mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so.
And ye shall observe the unleavened bread; for on this selfsame day have I brought forth your armies out of the land of Egypt; therefore shall ye observe this day in your generations as an ordinance for ever.
18 Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere kosi ne da a ɛto so aduonu baako so no, brodo a mmɔkaw mfra mu nko ara na munni.
In the first month, on the fourteenth day of the month, at evening, shall ye eat unleavened bread, until the one and twentieth day of the month at evening.
19 Saa nnanson no mu no, ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw kakraa bi koraa wɔ mo afi mu. Enti obiara a obedi aduan a mmɔkaw wɔ mu no, wobeyi no afi Israel asafo kuw no mu. Saa mmara yi ka ananafo a wɔne mo te ne wɔn a wofi ɔman no mu no nyinaa nso.
Seven days no leaven shall be found in your houses; for whosoever eateth that which is leavened, even that soul shall be cut off from the congregation of Israel, whether he be a stranger, or one born in the land.
20 Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.”
Nothing that is leavened shall ye eat; in all your habitations shall ye eat unleavened bread.
21 Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa.
And Moses called for the elders of Israel, and said unto them, Draw out and take for yourselves lambs according to your families, and kill the passover sacrifice.
22 Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no.
And ye shall take a bunch of hyssop, and dip in the blood that is in the basin, and strike the lintel and the two side-posts with the blood that is in the basin; and none of you shall go out frown the door of his house until the morning.
23 Awurade betwa mu afa asase yi so akunkum Misraimfo. Na sɛ ohu sɛ mogya wɔ apongua no atifi ne apongua abien no ho a, obetwa saa ofi no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefo no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.
And the Lord will pass through to smite the Egyptians; and when he seeth the blood upon the lintel, and on the two side-posts, the Lord will pass over the door, and will not suffer the destroyer to come in unto your houses to smite.
24 “Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo.
And ye shall observe this thing, as an ordinance for thee and for thy sons for ever.
25 Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no.
And it shall come to pass, when ye be come into the land which the Lord will give you, according as he hath promised, that ye shall keep this service.
26 Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a,
And it shall come to pass, when your children shall say unto you, What mean ye by this service?
27 mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.
That ye shall say, It is the sacrifice of the passover unto the Lord, who passed over the houses of the children of Israel in Egypt, when he smote the Egyptians, and our houses he spared; and the people bent the head and bowed themselves.
28 Na Israelfo no dii Mose ne Aaron ahyɛde no so.
And the children of Israel went away, and did as the Lord had commanded Moses and Aaron, so did they.
29 Da no ara anadwo nnɔndumien Awurade kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa.
And it came to pass at midnight, that the Lord smote every first-born in the land of Egypt, from the first-born of Pharaoh that was to sit on his throne unto the first-born of the captive that was in the dungeon; and all the first-born of cattle.
30 Afei, Farao ne ne mpanyimfo ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ ofi biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.
And Pharaoh rose up in the night, he, and all his servants, and all the Egyptians; and there was a great cry in Egypt; for there was not a house where there was not some one dead.
31 Enti Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Mesrɛ mo, mo nyinaa muntu mfi ha. Monkɔsom Awurade sɛnea mokae no.
And he called for Moses and Aaron by night, and said, Rise up, get you forth from among my people, both ye and the children of Israel; and go, serve the Eternal, as ye have spoken.
32 Momfa mo nguan ne mo anantwi na monkɔ. Nanso munhyira me ansa na moakɔ.”
Also your flocks and your herds take, as ye have spoken, and be gone; and bless me also.
33 Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.”
And the Egyptians were urgent upon the people, to make haste to send them away out of the land; for they said, We are all dying.
34 Israelfo no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔw a mmɔkaw mfra mu, na wɔde wɔn ntade kyekyeree wɔn mmɔre nnaka de sisii wɔn mmati so.
And the people took up their dough before it was yet leavened, their kneading-troughs being bound up in their clothes upon their shoulders.
35 Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no.
And the children of Israel had done according to the word of Moses; and they had asked of the Egyptians vessels of silver, and vessels of gold, and garments.
36 Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe.
And the Lord had given the people favor in the eyes of the Egyptians, so that they gave unto them what they required; and they emptied out Egypt.
37 Anadwo no ara, Israelfo no sii mu fii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodow yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmea ne mmofra de wɔankan wɔn anka ho.
And the children of Israel journeyed from Ra'meses to Succoth, about six hundred thousand men on foot, beside children.
38 Nnipa ahorow pii bi a wɔnyɛ Israelfo kaa wɔn ho kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi nyinaa kaa wɔn ho.
And a mixed multitude also went up with them; and flocks, and herds, a very large amount of cattle.
39 Woduu baabi a wɔpɛ sɛ wodidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔkaw amfra a wɔde kɔe no bi too brodo dii. Na mmɔkaw nni mu, efisɛ Misraimfo no pam wɔn. Ɛno nti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ ɔkwan so.
And they baked of the dough, which they had brought forth out of Egypt, unleavened cakes, for it was not leavened; because they were thrust out of Egypt, and could not tarry, neither had they prepared any provisions for themselves.
40 Israelfo no tenaa Misraim mfe ahannan ne aduasa.
Now the time of the residence of the children of Israel, which they dwelt in Egypt, was four hundred and thirty years.
41 Na da a wodii mfe ahannan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfo nyinaa fii asase no so.
And it came to pass at the end of the four hundred and thirty years, and it happened even on the selfsame day, that all the armies of the Lord went out from the land of Egypt.
42 Saa anadwo no ne bere a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da.
A night to be observed was this unto the Lord to bring them out from the land of Egypt: this is that night holy to the Lord, to be observed by all the children of Israel in their generations.
43 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi.
And the Lord said unto Moses and Aaron, This is the ordinance of the passover: No stranger shall eat thereof.
44 Nanso ɔsomfo biara a wɔtew sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia de a, otumi we bi.
But every man's servant that is bought for money, when thou hast circumcised him, then shall he eat thereof.
45 Ɔpaani anaa ɔhɔho biara nnwe bi.
A resident foreigner and a hired servant shall not eat thereof.
46 “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu.
In one house shall it be eaten; thou shalt not carry forth aught of the flesh abroad out of the house; and no bone shall ye break in it.
47 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa di da no.
All the congregation of Israel shall prepare it.
48 “Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no.
And when a stranger sojourneth with thee, and will prepare the passover to the Lord, let his males be circumcised, and then let him come near and prepare it, and he shall be as one that is born in the land; but no uncircumcised person shall eat thereof.
49 Saa mmara yi ka Israelfo ne ahɔho a wɔne mo te no nso.”
One law shall be to him that is home-born, and unto the stranger that sojourneth among you.
50 Enti Israelfo no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛnea ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no.
And all the children of Israel did so; as the Lord had commanded Moses and Aaron, so did they.
51 Da no ara na Awurade yii Israelfo no fii Misraim asase so.
And it came to pass on the selfsame day, that the Lord did bring forth the children of Israel out of the land of Egypt by their armies.

< 2 Mose 12 >