< 2 Mose 11 >
1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu.
याहवेह ने मोशेह से कहा, “फ़रोह तथा मिस्र पर मैं एक और कष्ट भेजूंगा. इसके बाद वह तुम्हें यहां से जाने देगा; और वह ज़रूर तुम्हें यहां से निकालेगा.
2 Monka nkyerɛ Israelfo mmarima ne mmaa nyinaa se wɔnsrɛ wɔn amannifo Misraimfo no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinne.”
इस्राएलियों से यह कहो कि प्रत्येक पुरुष एवं स्त्री अपने-अपने पड़ोसी से सोना एवं चांदी मांग ले.”
3 Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu.
याहवेह ही ने मिस्रियों को इस्राएलियों के प्रति दयालु बना दिया. इसके अलावा मोशेह भी मिस्र देश में फ़रोह के सेवकों तथा मिस्री लोगों में महान बने थे.
4 Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea Awurade se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so.
मोशेह ने कहा, “याहवेह का संदेश है, ‘आधी रात को मैं मिस्र देश के बीच में से निकल जाऊंगा.
5 Na Misraim fi biara mu ɔbabarima panyin bewu. Efi Farao babarima panyin so, ne dehye a obedi nʼade, ne somfo mu somfo kumaa koraa ba panyin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bewuwu.
और मिस्र देश के हर पहले बेटे की मृत्यु हो जाएगी. फ़रोह के पहले बेटे से लेकर चक्की पीसने वाली का पहला बेटा और सब पशुओं का भी पहिलौठा मर जाएगा.
6 Na owu no ho agyaadwotwa bedu Misraim asase so nyinaa. Awerɛhow a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na bi nso remma da bio.
तब पूरे देश में दुःख का माहौल होगा; ऐसा न तो कभी इससे पहले हुआ, न ऐसा फिर कभी होगा.
7 Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!
पर इस्राएली मनुष्यों पर और उनके किसी पशु पर कोई कुत्ता न भौंकेगा ताकि यह समझ आ जाये कि यह याहवेह ही हैं जिन्होंने इस्राएलियों तथा मिस्रियों के बीच अंतर रखा है.’
8 Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.
तुम्हारे ये सभी सेवक मेरे पास आकर मुझे प्रणाम करेंगे और कहेंगे, आप चले जाइए और अपने सब लोगों को भी अपने साथ ले जाइए!” यह कहते हुए मोशेह बहुत गुस्से में फ़रोह के पास से निकल गए.
9 Na Awurade aka akyerɛ Mose se, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na megyina ayɛ anwonwade de ada me tumi adi.”
इसके बाद याहवेह ने मोशेह से कहा, “फ़रोह तो अब भी तुम्हारी न सुनेगा, क्योंकि मैं मिस्र देश में और अद्भुत काम दिखाना चाहता हूं.”
10 Ɛwɔ mu sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwonwade no nyinaa wɔ Farao anim de, nanso Awurade pirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no mfi asase no so nkɔ.
मोशेह तथा अहरोन ने सभी चमत्कार फ़रोह को दिखाए. फिर भी याहवेह ने फ़रोह का मन कठोर बनाए रखा, और फ़रोह इस्राएलियों को मिस्र देश से निकलने के लिए रोकता रहा.