< 2 Mose 10 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn efisɛ mapirim ɔne ne mpanyimfo nyinaa koma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me nsɛnkyerɛnne ahorow yi wɔ wɔn mu
And Jehovah saith unto Moses, 'Go in unto Pharaoh, for I have declared hard his heart, and the heart of his servants, so that I set these My signs in their midst,
2 na ɛnam so ama woatumi aka anwonwade a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo nenanom, sɛnea me ne Misraimfo no dii no nwenweenwen ne sɛnea meyɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ wɔn mu no, na ama woahu sɛ mene Awurade no.”
and so that thou recountest in the ears of thy son, and of thy son's son, that which I have done in Egypt, and My signs which I have set among them, and ye have known that I [am] Jehovah.'
3 Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me.
And Moses cometh in — Aaron also — unto Pharaoh, and they say unto him, 'Thus said Jehovah, God of the Hebrews, Until when hast thou refused to be humbled at My presence? send My people away, and they serve Me,
4 Sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma mmoadabi aba wo man yi mu.
for if thou art refusing to send My people away, lo, I am bringing in to-morrow the locust into thy border,
5 Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛwe biribiara a ɛkae a mparuwbo a ɛtɔe no ansɛe no no nyinaa a wuram nnua nyinaa ka ho.
and it hath covered the eye of the land, and none is able to see the land, and it hath eaten the remnant of that which is escaped, which is left to you from the hail, and it hath eaten every tree which is springing for you out of the field;
6 Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’” Na Mose fii Farao anim kɔe.
and they have filled thy houses, and the houses of all thy servants, and the houses of all the Egyptians, which neither thy fathers nor thy father's fathers have seen, since the day of their being on the ground unto this day,' — and he turneth and goeth out from Pharaoh.
7 Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn no!”
And the servants of Pharaoh say unto him, 'Until when doth this [one] become a snare to us? send the men away, and they serve Jehovah their God; knowest thou not yet that Egypt hath perished?'
8 Enti wɔsan de Mose ne Aaron baa Farao anim. Farao kae se, “Eye, monkɔsom Awurade, mo Nyankopɔn no. Na ɛhefo na mo ne wɔn bɛkɔ?”
And Moses is brought back — Aaron also — unto Pharaoh, and he saith unto them, 'Go, serve Jehovah your God; — who and who [are] those going?'
9 Mose buaa Farao se, “Yɛde mmofra ne mpanyin, yɛn mmabarima, yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapade nyinaa na ebetu saa kwan no, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”
And Moses saith, 'With our young ones, and with our aged ones, we go, with our sons, and with our daughters, with our flock, and our herd, we go, for we have a festival to Jehovah.'
10 Farao de abufuw buae se, “Sɛ mɛma mode mmofra nketewa yi akɔ a, ɛno de, Awurade ankasa nka mo ho. Mahu sɛ mowɔ adwemmɔne.
And he saith unto them, 'Be it so, Jehovah [be] with you when I send you and your infants away; see — for evil [is] before your faces;
11 Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, efisɛ ɛno na mobisaa me.” Farao pam wɔn fii nʼahemfi hɔ.
not so! go now, ye who [are] men, and serve Jehovah, for that ye are seeking;' and [one] casteth them out from the presence of Pharaoh.
12 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.”
And Jehovah saith unto Moses, 'Stretch out thy hand against the land of Egypt for the locust, and it goeth up against the land of Egypt, and doth eat every herb of the land — all that the hail hath left.'
13 Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa.
And Moses stretcheth out his rod against the land of Egypt, and Jehovah hath led an east wind over the land all that day, and all the night; the morning hath been, and the east wind hath lifted up the locust.
14 Mmoadabi no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ se, mmoadabi mmaa ɔman no mu saa da na bi nso remma saa bio.
And the locust goeth up against all the land of Egypt, and resteth in all the border of Egypt — very grievous: before it there hath not been such a locust as it, and after it there is none such;
15 Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
and it covereth the eye of all the land, and the land is darkened; and it eateth every herb of the land, and all the fruit of the trees which the hail hath left, and there hath not been left any green thing in the trees, or in the herb of the field, in all the land of Egypt.'
16 Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfo kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn no, ne mo nyinaa.
And Pharaoh hasteth to call for Moses and for Aaron, and saith, 'I have sinned against Jehovah your God, and against you,
17 Afei, momfa me bɔne nkyɛ me bio na monsrɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ onyi owu yi mfi yɛn so.”
and now, bear with, I pray you, my sin, only this time, and make ye supplication to Jehovah your God, that He turn aside from off me only this death.'
18 Enti Mose fii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade.
And he goeth out from Pharaoh, and maketh supplication unto Jehovah,
19 Awurade bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so.
and Jehovah turneth a very strong sea wind, and it lifteth up the locust, and bloweth it into the Red Sea — there hath not been left one locust in all the border of Egypt;
20 Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma Israelfo no ankɔ.
and Jehovah strengtheneth the heart of Pharaoh, and he hath not sent the sons of Israel away.
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.”
And Jehovah saith unto Moses, 'Stretch out thy hand towards the heavens, and there is darkness over the land of Egypt, and the darkness is felt.'
22 Enti Mose teɛɛ ne nsa hwɛɛ soro maa sum kabii beduruu Misraim asase no so nnansa.
And Moses stretcheth out his hand towards the heavens, and there is darkness — thick darkness in all the land of Egypt three days;
23 Sum no duruu saa no, na obiara nhu hwee na wontumi ntu wɔn anan nso nnansa. Nanso Israelfo no de, na nea wɔte hɔ yɛ hann.
they have not seen one another, and none hath risen from his place three days; and to all the sons of Israel there hath been light in their dwellings.'
24 Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.”
And Pharaoh calleth unto Moses and saith, 'Go ye, serve Jehovah, only your flock and your herd are stayed, your infants also go with you;'
25 Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn.
and Moses saith, 'Thou also dost give in our hand sacrifices and burnt-offerings, and we have prepared for Jehovah our God;
26 Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.”
and also our cattle doth go with us, there is not left a hoof, for from it we do take to serve Jehovah our God; and we — we know not how we do serve Jehovah till our going thither.'
27 Nanso Awurade pirim Farao koma nti wamma wɔn ankɔ.
And Jehovah strengtheneth the heart of Pharaoh, and he hath not been willing to send them away;
28 Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.”
and Pharaoh saith to him, 'Go from me, take heed to thyself, add not to see my face, for in the day thou seest my face thou diest;'
29 Mose buae se, “Meremma wʼanim bio sɛnea woreka no pɛpɛɛpɛ.”
and Moses saith, 'Rightly hast thou spoken, I add not any more to see thy face.'

< 2 Mose 10 >