< Ɛster 1 >

1 Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Ahasweros a odii amantam ɔha aduonu ason so, fi India kosi Etiopia no bere so.
ויהי בימי אחשורוש הוא אחשורוש המלך מהדו ועד כוש--שבע ועשרים ומאה מדינה
2 Saa bere no na ɔte ahengua so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so.
בימים ההם--כשבת המלך אחשורוש על כסא מלכותו אשר בשושן הבירה
3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo.
בשנת שלוש למלכו עשה משתה לכל שריו ועבדיו חיל פרס ומדי הפרתמים ושרי המדינות--לפניו
4 Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi.
בהראתו את עשר כבוד מלכותו ואת יקר תפארת גדולתו ימים רבים שמונים ומאת יום
5 Eyi nyinaa twaa mu no, ɔhene no too pon sononko bi maa ahemfi hɔ asomfo ne mpanyimfo no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi ɔketewa so. Edii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfi adiwo turo mu.
ובמלואת הימים האלה עשה המלך לכל העם הנמצאים בשושן הבירה למגדול ועד קטן משתה--שבעת ימים בחצר גנת ביתן המלך
6 Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo hɔ. Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so.
חור כרפס ותכלת אחוז בחבלי בוץ וארגמן על גלילי כסף ועמודי שש מטות זהב וכסף על רצפת בהט ושש--ודר וסחרת
7 Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwinni ahorow papa bi somee, na adehyesa buu so wɔ hɔ, sɛnea ɔhene hyɛe no.
והשקות בכלי זהב וכלים מכלים שונים ויין מלכות רב כיד המלך
8 Nhyehyɛe a na ɛwɔ nsanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro nea obetumi so. Nanso wɔn a wobetumi anom no de, wɔnom sɛnea wɔpɛ, efisɛ na ɔhene no aka akyerɛ ne fifo no se obiara betumi anom sɛnea ɔpɛ.
והשתיה כדת אין אנס כי כן יסד המלך על כל רב ביתו--לעשות כרצון איש ואיש
9 Ɔhemmea Wasti too pon maa ahemfi mmea no saa bere koro no ara mu.
גם ושתי המלכה עשתה משתה נשים--בית המלכות אשר למלך אחשורוש
10 Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se
ביום השביעי כטוב לב המלך ביין--אמר למהומן בזתא חרבונא בגתא ואבגתא זתר וכרכס שבעת הסריסים המשרתים את פני המלך אחשורוש
11 wɔmfa ɔhemmea Wasti a ɔhyɛ ahemmea kyɛw no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, efisɛ na ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo pa ara.
להביא את ושתי המלכה לפני המלך--בכתר מלכות להראות העמים והשרים את יפיה כי טובת מראה היא
12 Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma.
ותמאן המלכה ושתי לבוא בדבר המלך אשר ביד הסריסים ויקצף המלך מאד וחמתו בערה בו
13 Esiane sɛ na ɛyɛ amanne sɛ ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase
ויאמר המלך לחכמים ידעי העתים כי כן דבר המלך לפני כל ידעי דת ודין
14 na wɔbɛn ɔhene no sɛ Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wofi Persia ne Media, na wɔyɛ ne nnamfo a wokura dibea akɛse wɔ ahemman no mu no kasae.
והקרב אליו כרשנא שתר אדמתא תרשיש מרס מרסנא ממוכן--שבעת שרי פרס ומדי ראי פני המלך הישבים ראשנה במלכות
15 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ ɔhemmea Wasti? Asotwe bɛn na mmara no kyerɛ sɛ wɔmfa mma ɔhemmea a mesomaa me piamfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”
כדת מה לעשות במלכה ושתי--על אשר לא עשתה את מאמר המלך אחשורוש ביד הסריסים
16 Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no se, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmea Wasti afom, na wafom ɔpanyin biara ne ɔmanfo a wɔwɔ wʼahenni no mu no nyinaa.
ויאמר מומכן (ממוכן) לפני המלך והשרים לא על המלך לבדו עותה ושתי המלכה כי על כל השרים ועל כל העמים אשר בכל מדינות המלך אחשורוש
17 Sɛ mmea a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmea Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wobefi ase atwiri wɔn kununom.
כי יצא דבר המלכה על כל הנשים להבזות בעליהן בעיניהן באמרם המלך אחשורוש אמר להביא את ושתי המלכה לפניו--ולא באה
18 Ansa na ade bɛkyɛ no, yɛn yerenom, wo mpanyimfo yerenom nyinaa bɛte nea ɔhemmea no yɛe, na wɔafi ase akasa wɔn kununom ɔkwan koro no ara so. Na ntwirii no ne abufuw no to rentwa da wɔ wʼaheman mu ha.
והיום הזה תאמרנה שרות פרס ומדי אשר שמעו את דבר המלכה לכל שרי המלך וכדי בזיון וקצף
19 “Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, yesusuw sɛ, ebeye sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔakyerɛw no Persiafo ne Mediafo mmara mu a wontumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmea Wasti mfi wʼani so, na wonsi ɔhemmea foforo a ɔsom bo kyɛn no.
אם על המלך טוב יצא דבר מלכות מלפניו ויכתב בדתי פרס ומדי ולא יעבור אשר לא תבוא ושתי לפני המלך אחשורוש ומלכותה יתן המלך לרעותה הטובה ממנה
20 Sɛ wɔde saa mmara yi to gua ma obiara te wɔ wʼaheman kɛse yi mu a, mmea awarefo de obu a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”
ונשמע פתגם המלך אשר יעשה בכל מלכותו כי רבה היא וכל הנשים יתנו יקר לבעליהן--למגדול ועד קטן
21 Ɔhene no ne nʼahenemma no faa Memukan afotu no sɛ ɛyɛ adwene pa, enti wodii so.
וייטב הדבר בעיני המלך והשרים ויעש המלך כדבר ממוכן
22 Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fi so.
וישלח ספרים אל כל מדינות המלך--אל מדינה ומדינה ככתבה ואל עם ועם כלשונו להיות כל איש שרר בביתו ומדבר כלשון עמו

< Ɛster 1 >