< Ɛster 9 >

1 Na Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no, wɔde ɔhene no mmara abien no yɛɛ adwuma. Saa da no na Yudafo no atamfo no ani da so sɛ wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani danee.
Na Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, wɔde ɔhene no mmara mmienu no yɛɛ adwuma. Saa ɛda no, na Yudafoɔ no atamfoɔ no ani da so sɛ, wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani daneeɛ.
2 Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn.
Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn.
3 Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no.
Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no.
4 Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro.
Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro.
5 Yudafo no kunkum wɔn atamfo, sɛee wɔn wɔ afoa ano. Wokunkum wɔn atamfo, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no nea wɔpɛ biara.
Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara.
6 Wokunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban no mu.
Wɔkunkumm nnipa ahanum wɔ Susa aban no mu.
7 Wɔsan kunkum Parsandata, Dalfon ne Aspata,
Afei, wɔkumm Parsandata, Dalfon ne Aspata,
8 Porata, Adalia, Aridata,
Porata, Adalia, Aridata,
9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata
Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata
10 a, wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no mmabarima du no. Nanso wɔamfa asade biara.
a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.
11 Bere a wɔbɔɔ ɔhene no amanneɛ a ɛfa nnipa dodow a wokum wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummere no,
Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no amaneɛ a ɛfa nnipa dodoɔ a wɔkumm wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummerɛ no,
12 ɔma wɔfrɛɛ Ɔhemmea Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yudafo no akunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmabarima du no. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha de a, ɛno de asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, dɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo; ka kyerɛ me na mɛyɛ.”
ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.”
13 Na Ɛster kae se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafo a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ nea wɔyɛɛ no nnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmabarima du no amu nsensɛn nnua so.”
Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.”
14 Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuru wɔ Susa. Wɔsan de Haman mmabarima du no amu sensɛn nnua so.
Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuro wɔ Susa. Wɔsane de Haman mmammarima edu no amu sensɛnee dua no so.
15 Na Yudafo a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so awotwe, na wɔsan kunkum nnipa ahaasa; na bio, wɔamfa asade biara.
Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na wɔsane kunkumm nnipa ahasa, na bio, wɔamfa asadeɛ biara.
16 Saa bere no na Yudafo nkae a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wokum wɔn atamfo no mpem aduɔson anum, nam so nyaa ɔhome fii wɔn atamfo nsam. Nanso wɔamfa asade biara.
Saa ɛberɛ no mu, na Yudafoɔ nkaeɛ no a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa no aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔkumm wɔn atamfoɔ no ɔpeduɔson enum, nam so nyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.
17 Saa ara na wɔyɛɛ wɔ Adar ɔsram no (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no wɔ amantam no nyinaa mu. Ade kyee no, wɔhomee, didii, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdi no ho.
Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho.
18 Nanso Yudafo a wɔwɔ Susa no toaa so kunkum wɔn atamfo no da a ɛto so abien no nso, na wɔhomee ne nnansa so de didii, gyee wɔn ani.
Nanso, Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no toaa so kunkumm wɔn atamfoɔ no da a ɛtɔ so mmienu no nso, na wɔhomee ne nnansa so didiiɛ, gyee wɔn ani.
19 Enti ebesi nnɛ yi, Yudafo a wɔtete nkuraa a wɔntoo afasu mfaa ho no di saa afirihyia dapɔnna yi. Wodi afoofi saa awɔwbere da yi mu, sɛpɛw wɔn ho, de akyɛde mema wɔn ho wɔn ho.
Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yudafoɔ a wɔtete nkuraa a wɔntwaa afasuo mfaa ho no di saa afirinhyia dapɔnna yi. Wɔdi afoofi saa awɔberɛ da yi mu, sɛpɛ wɔn ho, de akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho.
20 Mordekai kyerɛw saa nsɛm a esisii yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu,
Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu,
21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonni afirihyia afahyɛ yi wɔ saa nnaanu no mu.
hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu.
22 Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.
23 Enti Yudafo no faa Mordekai adwenkyerɛ no, fii afirihyia amanne no ase.
Enti, Yudafoɔ no faa Mordekai adwenkyerɛ no, hyɛɛ afirinhyia amanneɛ no ase.
24 Efisɛ na Haman a ɔyɛ Agagni Hamedata babarima, a ɔyɛ Yudafo tamfo no apam sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔsram a ɔnam ntontobɔ so nyae no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim).
Na Hamedata, a ɔfiri Agag babarima Haman, a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no pamm sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔbosome a ɔnam ntontobɔ so nyaeɛ no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim).
25 Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so.
Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so.
26 (Ɛno nti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, efisɛ ɛyɛ tete kasa a ne nkyerɛase ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahu a wɔanya no nti,
(Ɛno enti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete kasa a asekyerɛ ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahunu a wɔanya enti,
27 Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanne no ho fa, na wɔama wɔn awo ntoatoaso ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnaanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no wɔ afe biara mu no, wɔremma ɛmpa wɔn ti so da.
Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da.
28 Wɔbɛkae saa nna yi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafo mu, na nsɛm a esii no nso wɔn asefo werɛ remfi da.
Wɔbɛkae saa nna yi, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafoɔ mu, na nsɛm a ɛsiiɛ no nso wɔn asefoɔ werɛ remfiri da.
29 Na Ɔhemmea Ɛster, Abihail babea no ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa foforo a wɔde ɔhemmea no tumi kɛse foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.
Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.
30 Ɛno akyi no, wɔsoma ma wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoe ne bammɔ aba, kɔɔ Yudafo a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu ason no a ɛwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa so.
Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so.
31 Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirihyiade a wodi no nnɛ yi ara no timii. Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛnea wɔasi no gyinae ama wɔn ho ne wɔn asefo no, de ama mmuadadi ne agyaadwotwa mmere no atim.)
Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirinhyiadeɛ a wɔdi no ɛnnɛ yi ara no tim. Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛdeɛ wɔasi no gyinaeɛ ama wɔn ho ne wɔn asefoɔ de ama mmuadadie ne agyaadwotwa mmerɛ atim no.)
32 Enti Ɛster mmara no sii Purim ho nhyehyɛe so dua, na wɔkyerɛw ne nyinaa guu nhoma mu.
Enti Ɛster ɔhyɛ no sii Purim ho nhyɛhyɛɛ so dua, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa guu nkrataa mu.

< Ɛster 9 >