< Ɛster 8 >
1 Da no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no agyapade maa Ɔhemmea Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, efisɛ na Ɛster akyerɛ sɛnea ɔne no bɔ abusua fa.
Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri sɛ, na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no bɔ abusua.
2 Ɔhene no worɔw kaa a ogye fii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapade so.
Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so.
3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no se, Haman pɔw a ɔbɔ de tiaa Yudafo no wɔmma wonnyae.
Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae.
4 Na ɔhene no soo sika ahempema no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti ɔsɔre gyinaa nʼanim
Bio, ɔhene no sɔɔ sika ahempoma no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti, ɔsɔre gyinaa nʼanim
5 kae se, “Sɛ mesɔ Ɔhempɔn ani na sɛ osusuw sɛ eye a, hyɛ mmara a etia sɛe a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu no.
kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu.
6 Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?”
Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?”
7 Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmea Ɛster ne Yudani Mordekai se, “Mede Haman agyapade ama Ɛster, na wɔasɛn no wɔ dua so, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafo.
Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ɛster ne Yudani Mordekai sɛ, “Mede Haman agyapadeɛ ama Ɛster, na wɔasɛn no dua so, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ.
8 Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.”
Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.”
9 Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho.
Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho.
10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene no kaa sɔw ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfo ahoɔharefo a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene som no so.
Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so.
11 Ɔhene no mmara no maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ ɔman anaa ɔmantam biara a ebetu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ wokunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fow wɔn atamfo no agyapade.
Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ, ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ, wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ.
12 Da pɔtee a wotu sii hɔ maa nneyɛe yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason wɔ afe a na wɔrebesi mu no mu.
Ɛda pɔtee a wɔtu sii hɔ maa adeyɛ yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson wɔ afe a na wɔrebɛsim no mu.
13 Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfo nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafo no besiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfo so were.
Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfoɔ nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafoɔ no bɛsiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfoɔ so were.
14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu.
Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu.
15 Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa.
Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa.
16 Anigye ne ahosɛpɛw hyɛɛ Yudafo no ma, na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam wɔ baabiara.
Anigyeɛ ne ahosɛpɛ hyɛɛ Yudafoɔ no ma ma, na wɔhyɛɛ wɔn animuonyam wɔ baabiara.
17 Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no dui no, Yudafo no sɛpɛw wɔn ho, hyɛɛ fa kɛse na wodii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafo, efisɛ na wosuro nea Yudafo no bɛyɛ wɔn.
Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no duruiɛ no, Yudafoɔ no sɛpɛɛ wɔn ho, hyɛɛ fa kɛseɛ na wɔdii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ, na wɔsuro deɛ Yudafoɔ no bɛyɛ wɔn.