< Ɛster 7 >
1 Enti ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmea Ɛster aponto no ase.
Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no.
2 Wɔrenonom nsa saa da no, ɔhene no ka kyerɛɛ no bio se, “Ɔhemmea Ɛster, kyerɛ me nea wopɛ. Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”
Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”
3 Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn.
Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.
4 Efisɛ wɔatɔn me ne me manfo ama nnipa a wobekunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, efisɛ ɛno de, ɛyɛ asɛm ketewa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”
Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”
5 Ɔhene Ahasweros bisae se, “Hena na ɔbɛyɛ saa? Na hena na obetumi de ne nsa aka wo?”
Ɔhene Ahasweros bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?”
6 Ɛster buae se, “Saa omumɔyɛfo ne ɔtamfo yi ne onimguasefo Haman.” Ehu maa Haman ho popoo wɔ ɔhene ne ɔhemmea no anim.
Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.” Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim.
7 Ɔhene no de abufuw huruw gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfi hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, guan toaa Ɔhemmea Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, efisɛ na onim sɛ nʼawie adu.
Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.
8 Ɔtew hwee Ɔhemmea Ɛster mpa a ɔrehome wɔ so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso fii ahemfi no turo mu hɔ bae. Ɔhene no bobɔɔ mu se, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmea yi bere a ɔwɔ me nkyɛn wɔ fie ha nso?” Ɔhene no kasa wiee ara pɛ, nʼasomfo no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawie adu.
Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ. Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?” Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.
9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.”
Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”
10 Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe.
Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.