< Ɛster 6 >

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.
آن شب پادشاه خوابش نبرد، پس فرمود کتاب «تاریخ پادشاهان» را بیاورند و وقایع سلطنت او را برایش بخوانند.
2 Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no.
در آن کتاب، گزارشی را به این مضمون یافت که بغتان و تارش که دو نفر از خواجه‌سرایان پادشاه بودند و جلوی در کاخ سلطنتی نگهبانی می‌دادند، قصد کشتن پادشاه را داشتند؛ ولی مردخای از سوء قصد آنها آگاه شد و به پادشاه خبر داد.
3 Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.”
پادشاه پرسید: «در ازای این خدمت چه پاداشی به مردخای داده شد؟» خدمتگزاران پادشاه گفتند: «پاداشی به او داده نشد.»
4 Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.
پادشاه گفت: «آیا کسی از درباریان در کاخ هست؟» برحسب اتفاق هامان تازه وارد کاخ شده بود تا از پادشاه اجازه بگیرد که مردخای را دار بزند.
5 Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.”
پس خدمتگزاران جواب دادند: «بله، هامان اینجاست.» پادشاه دستور داد: «بگویید بیاید.»
6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?” Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?”
وقتی هامان آمد، پادشاه به او گفت: «شخصی هست که مایلم به او عزت ببخشم. به نظر تو برای او چه باید کرد؟» هامان با خود فکر کرد: «غیر از من چه کسی مورد عزت و احترام پادشاه است.»
7 Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a,
پس جواب داد: «برای چنین شخصی باید ردای پادشاه و اسب سلطنتی او را که با زیورآلات تزیین شده است بیاورند.
8 ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba.
9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’”
آنگاه یکی از امیران عالی رتبهٔ پادشاه آن ردا را به او بپوشاند و او را بر اسب پادشاه سوار کند و در شهر بگرداند و جار بزند: به شخص مورد عزت پادشاه اینچنین پاداش داده می‌شود.»
10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”
پادشاه به هامان فرمود: «ردا و اسب را هر چه زودتر آماده کن و هر چه گفتی با تمام جزئیاتش برای مردخای یهودی که در دربار خدمت می‌کند انجام بده.»
11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.”
پس هامان ردای پادشاه را به مردخای پوشانید و او را بر اسب مخصوص پادشاه سوار کرد و در شهر گرداند و جار زد: «به شخص مورد عزت پادشاه اینچنین پاداش داده می‌شود.»
12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie.
سپس مردخای به دربار بازگشت، ولی هامان با سرافکندگی زیاد به خانه‌اش شتافت
13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”
و موضوع را برای زن خود و همهٔ دوستانش تعریف کرد. زنش و دوستان خردمند او گفتند: «مردخای یک یهودی است و تو نمی‌توانی در مقابلش بایستی. اگر وضع به این منوال ادامه یابد شکست تو حتمی است.»
14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.
در این گفتگو بودند که خواجه‌سرایان دربار به دنبال هامان آمدند تا او را فوری به ضیافت استر ببرند.

< Ɛster 6 >