< Ɛster 4 >

1 Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu.
Kane Modekai owinjo gigo duto mane osetimore, noyiecho lepe morwako pien gugru mobukore gi buru, kodhi e dala maduongʼ koywak kendo kogoyo nduru matek ka chunye lit.
2 Ogyinaa ahemfi no pon akyi, efisɛ na wɔmma obi a ɔhyɛ atweaatam no nkɔ mu.
To nodhi mana nyaka e dhoranga ruoth nikech ne ok oyiene ngʼat morwako pien gugru mondo odonji.
3 Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho.
E piny ka piny mane wach ruoth ochopoe, kuyo nomako jo-Yahudi, ka gitweyo chiemo, ka giywak kendo ka gidengo. Thothgi nonindo e piende gugru ka gibukore gi buru.
4 Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe.
Kane jotich Esta ma nyiri gi mago machwo mabwoch okelone wach mar Modekai nokuyo ahinya. Noorone lewni mondo orwaki kar rwako pien gugru, to notamore kawogi.
5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.
Eka Esta noluongo Hathak, achiel kuom jotich ruoth mabwoch manoketi mondo otine, noore ir Modekai mondo onone kuom gima chande.
6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ aguabɔbea a ɛwɔ ahemfi no pon ano.
Omiyo Hathak nowuok modhi ir Modekai e paw dala maduongʼ mane ni e nyim dhoranga ruoth.
7 Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde begu adehye foto mu no, nam so de atɔre Yudafo no ase.
Modekai nonyise gik moko duto mosetimorene, nonyise koda kar romb pesa ma Haman nosesingore nodhi chulo e kar keno mar joka ruoth mondo otiekgo jo-Yahudi.
8 Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo.
Nomiye kalatas mondikie weche mag tiekogi ma nondiki e dala mar Susa, mondo onyis Esta kendo olerne weche mondikgo, nowachone ni mondo okwaye mondo odhi e nyim ruoth kendo ohomb ruoth ongʼwon ne ogandane.
9 Enti Hatak san kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no.
Hathak nodok ir Esta monyise weche mane Modekai owacho.
10 Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsan mfa nkra nkɔma Mordekai se:
Eka nonyiso ngʼatno mondo owach ne Modekai niya,
11 “Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”
“Jotelo duto mag ruoth to gi ji duto moa e gwenge mag pinyruoth, ongʼeyo ni onge ngʼato angʼata madichwo kata ma dhako manyalo donjo ir ruoth e laru maiye ka ok ruoth ema oluonge to oket chik achiel kende ni nyaka nege. Makmana ka ruoth orieyo ludhe mar dhahabu kochomo ngʼatno eka ok nonege. Koro to osekawo ndalo piero adek kapok ruoth oluonga.”
12 Enti Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.
Kane onyis Modekai weche mane Esta owacho,
13 Mordekai nso de saa mmuae yi maa Ɛster se, “Nsusuw da biara da sɛ, sɛ wokunkum Yudafo no nyinaa a, wubenya wo ti adidi mu wɔ ahemfi hɔ.
nodwoko kowacho niya, “Kik ipar ni in kendi ema inikwo e dhood jo-Yahudi duto nikech in e od ruoth.
14 Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.”
To nikech ka ilingʼ e kinde ma kama, to jo-Yahudi noyud resruok e yo moro machielo, to in kod jood wuonu notieku. To ngʼama dingʼe ni ne ibiro e od ruoth e sa ma kama mana ni mondo ikonywa?”
15 Na Ɛster de mmuae yi kɔmaa Mordekai se,
Eka Esta nooro dwoko ne Modekai kama:
16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”
“Dhi ichok jo-Yahudi duto man Susa, mondo utwe chiemo kulemona. Kik uchiem kata metho kuom ndalo adek otieno gi odiechiengʼ. An gi nyiri matiyona bende wabiro tweyo chiemo kendo metho mana kaka un. Ka usetimo kamano, to abiro dhi ir ruoth, kata obedo ni chik ok oyie kamano. Ka ochuno ni nyaka atho, to anatho.”
17 Enti Mordekai kɔyɛɛ sɛnea Ɛster ka kyerɛɛ no no.
Omiyo Modekai nodhi motimo duto mane Esta ochiko mondo otim.

< Ɛster 4 >