< Efesofo 1 >

1 Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:
하나님의 뜻으로 말미암아 그리스도 예수의 사도 된 바울은 에베소에 있는 성도들과 그리스도 예수 안에 신실한 자들에게 편지하노니
2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.
하나님 우리 아버지와 주 예수 그리스도로 좇아 은혜와 평강이 너희에게 있을지어다!
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.
찬송하리로다! 하나님 곧 우리 주 예수 그리스도의 아버지께서 그리스도 안에서 하늘에 속한 모든 신령한 복으로 우리에게 복 주시되
4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu
곧 창세 전에 그리스도 안에서 우리를 택하사 우리로 사랑 안에서 그 앞에 거룩하고 흠이 없게 하시려고
5 hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,
그 기쁘신 뜻대로 우리를 예정하사 예수 그리스도로 말미암아 자기의 아들들이 되게 하셨으니
6 de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔba no mu no.
이는 그의 사랑하시는 자 안에서 우리에게 거저 주시는 바 그의 은혜의 영광을 찬미하게 하려는 것이라
7 Ne mu na yenya ogye a efi ne mogya mu. Ne mu na yenya bɔnefakyɛ nso, sɛnea Onyankopɔn adom mmoroso a
우리가 그리스도 안에서 그의 은혜의 풍성함을 따라 그의 피로 말미암아 구속 곧 죄 사함을 받았으니
8 ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te.
이는 그가 모든 지혜와 총명으로 우리에게 넘치게 하사
9 Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ
그 뜻의 비밀을 우리에게 알리셨으니 곧 그 기쁘심을 따라 그리스도 안에서 때가 찬 경륜(經綸)을 위하여 예정하신 것이니
10 bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
하늘에 있는 것이나 땅에 있는 것이 다 그리스도 안에서 통일되게 하려 하심이라
11 Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase,
모든 일을 그 마음의 원대로 역사하시는 자의 뜻을 따라 우리가 예정을 입어 그 안에서 기업이 되었으니
12 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam.
이는 그리스도 안에서 전부터 바라던 우리로 그의 영광의 찬송이 되게 하려 하심이라
13 Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu.
그 안에서 너희도 진리의 말씀 곧 너희의 구원의 복음을 듣고 그 안에서 또한 믿어 약속의 성령으로 인치심을 받았으니
14 Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.
이는 우리의 기업에 보증이 되사 그 얻으신 것을 구속하시고 그의 영광을 찬미하게 하려 하심이라
15 Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no,
이를 인하여 주 예수 안에서 너희 믿음과 모든 성도를 향한 사랑을 나도 듣고
16 minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu,
너희를 인하여 감사하기를 마지 아니하고 내가 기도할 때에 너희를 말하노라
17 na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no.
우리 주 예수 그리스도의 하나님, 영광의 아버지께서 지혜와 계시의 정신을 너희에게 주사 하나님을 알게 하시고
18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefo no,
너희 마음 눈을 밝히사 그의 부르심의 소망이 무엇이며 성도 안에서 그 기업의 영광의 풍성이 무엇이며
19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi
그의 힘의 강력으로 역사하심을 따라 믿는 우리에게 베푸신 능력의 지극히 크심이 어떤 것을 너희로 알게 하시기를 구하노라
20 bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no.
그 능력이 그리스도 안에서 역사하사 죽은 자들 가운데서 다시 살리시고 하늘에서 자기의 오른 편에 앉히사
21 Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. (aiōn g165)
모든 정사(政事)와 권세와 능력과 주관하는 자와 이 세상 뿐 아니라 오는 세상에 일컫는 모든 이름 위에 뛰어나게 하시고 (aiōn g165)
22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,
또 만물을 그 발 아래 복종하게 하시고 그를 만물 위에 교회의 머리로 주셨느니라
23 a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.
교회는 그의 몸이니 만물 안에서 만물을 충만케 하시는 자의 충만이니라

< Efesofo 1 >