< Efesofo 6 >
1 Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye.
เห พาลกา: , ยูยํ ปฺรภุมฺ อุทฺทิศฺย ปิโตฺรราชฺญาคฺราหิโณ ภวต ยตสฺตตฺ นฺยายฺยํฯ
2 “Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho,
ตฺวํ นิชปิตรํ มาตรญฺจ สมฺมนฺยเสฺวติ โย วิธิ: ส ปฺรติชฺญายุกฺต: ปฺรถโม วิธิ:
3 “na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.”
ผลตสฺตสฺมาตฺ ตว กลฺยาณํ เทเศ จ ทีรฺฆกาลมฺ อายุ รฺภวิษฺยตีติฯ
4 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
อปรํ เห ปิตร: , ยูยํ สฺวพาลกานฺ มา โรษยต กินฺตุ ปฺรโภ รฺวินีตฺยาเทศาภฺยำ ตานฺ วินยตฯ
5 Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara.
เห ทาสา: , ยูยํ ขฺรีษฺฏมฺ อุทฺทิศฺย สภยา: กมฺปานฺวิตาศฺจ ภูตฺวา สรลานฺต: กรไณไรหิกปฺรภูนามฺ อาชฺญาคฺราหิโณ ภวตฯ
6 Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde.
ทฺฤษฺฏิโคจรียปริจรฺยฺยยา มานุเษโภฺย โรจิตุํ มา ยตธฺวํ กินฺตุ ขฺรีษฺฏสฺย ทาสา อิว นิวิษฺฏมโนภิรีศฺจรเสฺยจฺฉำ สาธยตฯ
7 Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa,
มานวานฺ อนุทฺทิศฺย ปฺรภุเมโวทฺทิศฺย สทฺภาเวน ทาสฺยกรฺมฺม กุรุธฺวํฯ
8 efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.
ทาสมุกฺตโย เรฺยน ยตฺ สตฺกรฺมฺม กฺริยเต เตน ตสฺย ผลํ ปฺรภุโต ลปฺสฺยต อิติ ชานีต จฯ
9 Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim.
อปรํ เห ปฺรภว: , ยุษฺมาภิ รฺภรฺตฺสนํ วิหาย ตานฺ ปฺรติ นฺยายฺยาจรณํ กฺริยตำ ยศฺจ กสฺยาปิ ปกฺษปาตํ น กโรติ ยุษฺมากมปิ ตาทฺฤศ เอก: ปฺรภุ: สฺวรฺเค วิทฺยต อิติ ชฺญายตำฯ
10 Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu.
อธิกนฺตุ เห ภฺราตร: , ยูยํ ปฺรภุนา ตสฺย วิกฺรมยุกฺตศกฺตฺยา จ พลวนฺโต ภวตฯ
11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano.
ยูยํ ยตฺ ศยตานศฺฉลานิ นิวารยิตุํ ศกฺนุถ ตทรฺถมฺ อีศฺวรียสุสชฺชำ ปริธทฺธฺวํฯ
12 Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. (aiōn )
ยต: เกวลํ รกฺตมำสาภฺยามฺ อิติ นหิ กินฺตุ กรฺตฺฤตฺวปรากฺรมยุกฺไตสฺติมิรราชฺยเสฺยหโลกสฺยาธิปติภิ: สฺวรฺโคทฺภไว รฺทุษฺฏาตฺมภิเรว สารฺทฺธมฺ อสฺมาภิ รฺยุทฺธํ กฺริยเตฯ (aiōn )
13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn.
อโต เหโต รฺยูยํ ยยา สํกุเล ทิเน'วสฺถาตุํ สรฺวฺวาณิ ปราชิตฺย ทฺฤฒา: สฺถาตุญฺจ ศกฺษฺยถ ตามฺ อีศฺวรียสุสชฺชำ คฺฤหฺลีตฯ
14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,
วสฺตุตสฺตุ สตฺยเตฺวน ศฺฤงฺขเลน กฏึ พทฺธฺวา ปุเณฺยน วรฺมฺมณา วกฺษ อาจฺฉาทฺย
15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan.
ศานฺเต: สุวารฺตฺตยา ชาตมฺ อุตฺสาหํ ปาทุกายุคลํ ปเท สมรฺปฺย ติษฺฐตฯ
16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no.
เยน จ ทุษฺฏาตฺมโน'คฺนิพาณานฺ สรฺวฺวานฺ นิรฺวฺวาปยิตุํ ศกฺษฺยถ ตาทฺฤศํ สรฺวฺวาจฺฉาทกํ ผลกํ วิศฺวาสํ ธารยตฯ
17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
ศิรสฺตฺรํ ปริตฺราณมฺ อาตฺมน: ขงฺคญฺเจศฺวรสฺย วากฺยํ ธารยตฯ
18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo.
สรฺวฺวสมเย สรฺวฺวยาจเนน สรฺวฺวปฺรารฺถเนน จาตฺมนา ปฺรารฺถนำ กุรุธฺวํ ตทรฺถํ ทฺฤฒากางฺกฺษยา ชาคฺรต: สรฺเวฺวษำ ปวิตฺรโลกานำ กฺฤเต สทา ปฺรารฺถนำ กุรุธฺวํฯ
19 Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi.
อหญฺจ ยสฺย สุสํวาทสฺย ศฺฤงฺขลพทฺธ: ปฺรจารกทูโต'สฺมิ ตมฺ อุปยุกฺเตโนตฺสาเหน ปฺรจารยิตุํ ยถา ศกฺนุยำ
20 Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.
ตถา นิรฺภเยน สฺวเรโณตฺสาเหน จ สุสํวาทสฺย นิคูฒวากฺยปฺรจาราย วกฺตฺฤตา ยตฺ มหฺยํ ทียเต ตทรฺถํ มมาปิ กฺฤเต ปฺรารฺถนำ กุรุธฺวํฯ
21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi.
อปรํ มม ยาวสฺถาสฺติ ยจฺจ มยา กฺริยเต ตตฺ สรฺวฺวํ ยทฺ ยุษฺมาภิ รฺชฺญายเต ตทรฺถํ ปฺรภุนา ปฺริยภฺราตา วิศฺวาสฺย: ปริจารกศฺจ ตุขิโก ยุษฺมานฺ ตตฺ ชฺญาปยิษฺยติฯ
22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.
ยูยํ ยทฺ อสฺมากมฺ อวสฺถำ ชานีถ ยุษฺมากํ มนำสิ จ ยตฺ สานฺตฺวนำ ลภนฺเต ตทรฺถเมวาหํ ยุษฺมากํ สนฺนิธึ ตํ เปฺรษิตวานฯ
23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ.
อปรมฺ อีศฺวร: ปฺรภุ รฺยีศุขฺรีษฺฏศฺจ สรฺเวฺวโภฺย ภฺราตฺฤภฺย: ศานฺตึ วิศฺวาสสหิตํ เปฺรม จ เทยาตฺฯ
24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.
เย เกจิตฺ ปฺรเภา ยีศุขฺรีษฺเฏ'กฺษยํ เปฺรม กุรฺวฺวนฺติ ตานฺ ปฺรติ ปฺรสาโท ภูยาตฺฯ ตถาสฺตุฯ