< Efesofo 5 >

1 Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no
So eifert nun Gott nach als Seine lieben Kinder.
2 na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.
Und wandelt in der Liebe, wie auch Christus euch geliebt und Sich hingegeben hat für uns, zur Gabe und zum Opfer, Gott zum lieblichen Geruch.
3 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron.
Hurerei aber und jegliche Unreinheit und Habsucht muß unerhört sein unter euch,
4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.
Schandbarkeit, leichtfertige törichte Reden, die unziemlich sind; vielmehr Dankbarkeit gegen Gott.
5 Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi.
Denn das sollt ihr wissen, daß kein Hurer oder Unreiner oder Habsüchtiger, der ja einem Götzen dient, ein Erbteil hat in Christi und Gottes Reich.
6 Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no.
Lasset euch von keinem mit eitlen Worten täuschen, denn um dieser willen kommt der Zorn Gottes über die Kinder des Unglaubens.
7 Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara.
Darum habt keine Gemeinschaft mit ihnen!
8 Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma.
Denn zuvor ward ihr Finsternis, jetzt aber seid ihr Licht in dem Herrn. Wandelt als Kinder des Lichtes,
9 Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo,
Denn die Frucht des Geistes erscheint in allerlei Güte, Gerechtigkeit und Wahrheit.
10 na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani.
Und prüfet, was dem Herrn wohlgefällig ist.
11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama.
Und habt keine Gemeinschaft mit den unfruchtbaren Werken der Finsternis; rügt sie vielmehr.
12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so.
Denn was im Geheimen von ihnen geschieht, muß man sich schämen auch nur zu sagen.
13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ.
Alles aber, wenn es gerügt wird vom Lichte, wird offenbar, denn alles, was offenbar gemacht wird, ist Licht.
14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se, “Nyan, wo a woada, na sɔre fi awufo mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
Darum spricht Er: Wache auf, du Schläfer, und stehe auf von den Toten, so wird dich Christus erleuchten.
15 Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa.
So seht nun zu, wie ihr vorsichtig wandelt, nicht wie Unweise, sondern als Weise.
16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
Und nehmt der Zeit wahr, denn es ist böse Zeit.
17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase.
Seid darum nicht unverständig, sondern versteht, was des Herrn Wille ist.
18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma.
Berauscht euch nicht im Wein, worin Ausschweifung liegt, sondern werdet des Geistes voll.
19 Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu,
Und unterhaltet euch untereinander mit Psalmen und Lobgesängen und geistlichen Liedern, singt und spielt dem Herrn in eurem Herzen.
20 na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Und sagt allezeit Dank Gott und dem Vater für alles im Namen unseres Herrn Jesus Christus,
21 Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
Indem ihr einander willfahret in der Furcht Christi.
22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,
Ihr Weiber seid untertan euren Männern wie dem Herrn.
23 efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua.
Denn der Mann ist des Weibes Haupt, wie auch Christus das Haupt der Gemeinde ist: Er ist des Leibes Heiland.
24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
Wie aber die Gemeinde Christus untertan ist, also auch die Weiber ihren Männern in allen Stücken.
25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,
Ihr Männer liebt eure Weiber, gleich wie auch Christus die Gemeinde geliebt, und Sich für sie hingegeben hat,
26 na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron,
Auf daß Er sie heiligte, nachdem Er sie durch das Wasserbad im Wort gereinigt hat;
27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ.
Damit Er Sich eine Gemeinde darstelle ohne Flecken oder Runzel oder dergleichen, sondern daß sie heilig und unsträflich sei.
28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho.
Also sollen die Männer ihre Weiber lieben wie ihre eigenen Leiber. Wer sein Weib liebt, liebt sich selbst.
29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no,
Denn niemand hat je sein eigen Fleisch gehaßt, sondern nährt und pflegt es, gleich wie auch Christus die Gemeinde;
30 na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa.
Weil wir Glieder sind Seines Leibes, von Seinem Fleisch und von Seinem Gebein.
31 “Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.”
Darum wird ein Mensch Vater und Mutter verlassen und seinem Weibe anhangen, und werden die zwei ein Fleisch sein.
32 Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm.
Dies Geheimnis ist groß, ich sage es aber auf Christus und die Gemeinde.
33 Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.
Doch auch ihr sollt ein jeglicher sein Weib so lieb haben, als sich selbst; das Weib aber fürchte den Mann.

< Efesofo 5 >