< Efesofo 2 >
1 Mo de, na moawuwu wɔ mo amumɔyɛ ne mo bɔne a
Også eder, da I vare døde ved eders Overtrædelser og Synder,
2 na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu. (aiōn )
hvori I fordum vandrede efter denne Verdens Tidsånd, efter hans Vis, som hersker over Luftens Magt, over den Ånd, der nu er virksom i Genstridighedens Børn, (aiōn )
3 Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so.
iblandt hvilke også vi fordum alle vandrede i vort Køds Begæringer og gjorde Kødets og Tankernes Villie og vare af Natur Vredes Børn ligesom også de andre,
4 Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no
men Gud, som er rig på Barmhjertighed, har for sin store Kærligheds Skyld, hvormed han elskede os,
5 maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.
også da vi vare døde ved vore Overtrædelser, levendegjort os med Kristus - af Nåde ere I frelste!
6 Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu
og medoprejst os og sat os med ham i det himmelske i Kristus Jesus,
7 sɛnea ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu no, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛso nni no adi; nʼadɔe a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. (aiōn )
for at han i de tilkommende Tider kunde vise sin Nådes overvættes Rigdom ved Godhed imod os i Kristus Jesus. (aiōn )
8 Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.
Thi af Nåden ere I frelste ved Tro, og det ikke af eder selv, Guds er Gaven;
9 Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.
ikke af Gerninger, for at ikke nogen skal rose sig.
10 Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
Thi vi ere hans Værk, skabte i Kristus Jesus til gode Gerninger, som Gud forud beredte, for at vi skulde vandre i dem.
11 Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo,
Derfor kommer i Hu, at fordum I Hedninger i Kødet, I, som bleve kaldte Forhud af den såkaldte Omskærelse, der sker i Kødet med Hånden,
12 monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase.
at I på den Tid, uden for Kristus, vare udelukkede fra Israels Borgerret og fremmede for Forjættelsens Pagter, uden Håb og uden Gud i Verden.
13 Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
Nu derimod, i Kristus Jesus, ere I, som fordum vare langt borte, komne nær til ved Kristi Blod.
14 Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no.
Thi han er vor Fred, han, som gjorde begge til eet og nedbrød Gærdets Skillevæg,
15 Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba;
Fjendskabet, da han i sit Kød afskaffede Budenes Lov med dens Befalinger, for at han i sig kunde skabe de to til eet nyt Menneske ved at stifte Fred
16 ɔnam asennua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abɔ mu ayɛ wɔn nipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam.
og for at forlige dem begge i eet Legeme med Gud ved Korset, idet han ved dette dræbte Fjendskabet.
17 Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa.
Og han kom og forkyndte Fred for eder, som vare langt borte, og Fred for dem, som vare nær.
18 Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
Thi ved ham have vi begge i een Ånd Adgang til Faderen.
19 Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu,
Så ere I da ikke mere fremmede og Udlændinge, men I ere de helliges Medborgere og Guds Husfolk,
20 na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so.
opbyggede på Apostlenes og Profeternes Grundvold, idet Hovedhjørnestenen er Kristus Jesus selv,
21 Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu.
i hvem enhver Bygning sammenføjes og vokser til et helligt Tempel i Herren,
22 Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.
i hvem også I blive medopbyggede til en Guds Bolig i Ånden.