< Ɔsɛnkafo 9 >
1 Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.
Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.
2 Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛnea ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo; sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.
Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ; sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.
3 Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho.
Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho.
4 Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.
Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.
5 Na ateasefo nim sɛ wobewu, nanso awufo nnim hwee; wonni akatua biara bio, na wɔn ho nkae mpo ayera.
Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu, nanso awufoɔ nnim hwee; wɔnni akatua biara bio, na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.
6 Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dedaw; wonni hwee yɛ wɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu.
Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dada; wɔnni hwee yɛ wɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.
7 Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so.
Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so.
8 Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim.
Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim.
9 Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
10 Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ. (Sheol )
Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ. (Sheol )
11 Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase: Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo, aduan mma onyansafo nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ, na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn; nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso: Sɛnea asau buma mpataa, ne sɛnea afiri yi nnomaa no saa ara na mmere bɔne to nnipa wɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so.
Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso: Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa, ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
13 Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye:
Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie:
14 Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no.
Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.
15 Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.
Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.
16 Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.
Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.
17 Ɛsɛ sɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo no na ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu.
Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.
18 Nimdeɛ ye sen akode, nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree.
Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ, nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.