< Ɔsɛnkafo 8 >

1 Hena na ɔte sɛ onyansafo? Hena na onim sɛnea nneɛma te? Nimdeɛ te nnipa anim, na ɛbrɛ ne denyɛ ase.
Who is as the wise man? and who knows the interpretation of a thing? a man’s wisdom makes his face to shine, and the boldness of his face shall be changed.
2 Mise: Di ɔhene mmaransɛm so, efisɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.
I counsel you to keep the king’s commandment, and that in regard of the oath of God.
3 Mpɛ ntɛm mfi ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ na onii no anyɛ nea ɔpɛ biara.
Be not hasty to go out of his sight: stand not in an evil thing; for he does whatever pleases him.
4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”
Where the word of a king is, there is power: and who may say to him, What do you?
5 Nea odi ne mmaransɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa koma behu bere a ɛsɛ, ne ne kwan.
Whoever keeps the commandment shall feel no evil thing: and a wise man’s heart discerns both time and judgment.
6 Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
Because to every purpose there is time and judgment, therefore the misery of man is great on him.
7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti, hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba?
For he knows not that which shall be: for who can tell him when it shall be?
8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no, saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.
There is no man that has power over the spirit to retain the spirit; neither has he power in the day of death: and there is no discharge in that war; neither shall wickedness deliver those that are given to it.
9 Mihuu eyinom nyinaa bere a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase no ho. Bere bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforo so ma ɛdan ɔhaw ma no.
All this have I seen, and applied my heart to every work that is done under the sun: there is a time wherein one man rules over another to his own hurt.
10 Bio, mihuu sɛ wɔasie amumɔyɛfo, wɔn a anka wodi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Eyi nso yɛ ahuhude.
And so I saw the wicked buried, who had come and gone from the place of the holy, and they were forgotten in the city where they had so done: this is also vanity.
11 Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛe a wɔde yɛ bɔne ho.
Because sentence against an evil work is not executed speedily, therefore the heart of the sons of men is fully set in them to do evil.
12 Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no.
Though a sinner do evil an hundred times, and his days be prolonged, yet surely I know that it shall be well with them that fear God, which fear before him:
13 Nanso esiane sɛ amumɔyɛfo nsuro Onyankopɔn nti, ɛrensi wɔn yiye na wɔn nna renware sɛ sunsuma.
But it shall not be well with the wicked, neither shall he prolong his days, which are as a shadow; because he fears not before God.
14 Ade bi nso a ɛyɛ ahuhude a esi wɔ asase so, ɛne sɛ, atreneefo bi nya akatua a ɛfata amumɔyɛfo, na amumɔyɛfo bi nya akatua a ɛfata atreneefo. Eyi nso, mise ɛyɛ ahuhude.
There is a vanity which is done on the earth; that there be just men, to whom it happens according to the work of the wicked; again, there be wicked men, to whom it happens according to the work of the righteous: I said that this also is vanity.
15 Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
Then I commended mirth, because a man has no better thing under the sun, than to eat, and to drink, and to be merry: for that shall abide with him of his labor the days of his life, which God gives him under the sun.
16 Bere a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,
When I applied my heart to know wisdom, and to see the business that is done on the earth: (for also there is that neither day nor night sees sleep with his eyes: )
17 mihuu nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte nea ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhu nkyerɛase da. Sɛ mpo onyansafo bi ka se onim a, ɔrentumi nte ase yiye da.
Then I beheld all the work of God, that a man cannot find out the work that is done under the sun: because though a man labor to seek it out, yet he shall not find it; yes farther; though a wise man think to know it, yet shall he not be able to find it.

< Ɔsɛnkafo 8 >