< Ɔsɛnkafo 7 >

1 Din pa yɛ sen aduhuam papa, na owuda yɛ sen awoda.
A good name is better than fine perfume, and one’s day of death is better than his day of birth.
2 Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase, efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.
It is better to enter a house of mourning than a house of feasting, since death is the end of every man, and the living should take this to heart.
3 Awerɛhow ye sen ɔserew, efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.
Sorrow is better than laughter, for a sad countenance is good for the heart.
4 Onyansafo koma wɔ ayi ase, nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.
The heart of the wise is in the house of mourning, but the heart of fools is in the house of pleasure.
5 Eye sɛ wobetie onyansafo animka sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.
It is better to heed a wise man’s rebuke than to listen to the song of fools.
6 Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no saa ara na nkwaseafo serew te. Eyi nso yɛ ahuhude.
For like the crackling of thorns under the pot, so is the laughter of the fool. This too is futile.
7 Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.
Surely extortion turns a wise man into a fool, and a bribe corrupts the heart.
8 Asɛm awiei ye sen ne mfiase, na ntoboase ye sen ahantan.
The end of a matter is better than the beginning, and a patient spirit is better than a proud one.
9 Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm, na abufuw da nkwaseafo srɛ so.
Do not be quickly provoked in your spirit, for anger settles in the lap of a fool.
10 Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?” Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.
Do not say, “Why were the old days better than these?” For it is unwise of you to ask about this.
11 Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ, so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.
Wisdom, like an inheritance, is good, and it benefits those who see the sun.
12 Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no, saa ara na sika nso te; nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ: nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
For wisdom, like money, is a shelter, and the advantage of knowledge is that wisdom preserves the life of its owner.
13 Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho: Hena na obetumi ateɛ nea wɔama akyea?
Consider the work of God: Who can straighten what He has bent?
14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno nti onipa rentumi nhu nea ɛbɛto no daakye.
In the day of prosperity, be joyful, but in the day of adversity, consider this: God has made one of these along with the other, so that a man cannot discover anything that will come after him.
15 Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien: Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu, ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.
In my futile life I have seen both of these: A righteous man perishing in his righteousness, and a wicked man living long in his wickedness.
16 Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so, na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so; adɛn nti na wosɛe wo ho?
Do not be overly righteous, and do not make yourself too wise. Why should you destroy yourself?
17 Nyɛ omumɔyɛfo ntra so, na nyɛ ɔkwasea nso, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.
Do not be excessively wicked, and do not be a fool. Why should you die before your time?
18 Eye sɛ wubeso baako no mu den nanso nnyaa nea aka no mu. Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.
It is good to grasp the one and not let the other slip from your hand. For he who fears God will follow both warnings.
19 Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebree sen kuropɔn mu asodifo du.
Wisdom makes the wise man stronger than ten rulers in a city.
20 Onipa treneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
Surely there is no righteous man on earth who does good and never sins.
21 Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,
Do not pay attention to every word that is spoken, or you may hear your servant cursing you.
22 na wunim wɔ wo koma sɛ wo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.
For you know in your heart that many times you yourself have cursed others.
23 Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se, “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo” nanso na eyi boro me so.
All this I tested by wisdom, saying, “I resolve to be wise.” But it was beyond me.
24 Sɛnea nimdeɛ te biara, ɛwɔ akyiri na emu dɔ, hena na obetumi ahwehwɛ ahu?
What exists is out of reach and very deep. Who can fathom it?
25 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase, ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe te na mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase, ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.
I directed my mind to understand, to explore, to search out wisdom and explanations, and to understand the stupidity of wickedness and the folly of madness.
26 Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu; ɔbea a ɔyɛ afiri; ne koma yɛ nnaadaa na ne nsa yɛ mpokyerɛ. Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho nanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.
And I find more bitter than death the woman who is a snare, whose heart is a net, and whose hands are chains. The man who pleases God escapes her, but the sinner is ensnared.
27 Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,
“Behold,” says the Teacher, “I have discovered this by adding one thing to another to find an explanation.
28 mereyɛ nhwehwɛmu, na minhu hwee no, mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu, nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.
While my soul was still searching but not finding, among a thousand I have found one upright man, but among all these I have not found one such woman.
29 Eyi nko ara na mahu: Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo, nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”
Only this have I found: I have discovered that God made men upright, but they have sought out many schemes.”

< Ɔsɛnkafo 7 >