< Ɔsɛnkafo 6 >

1 Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye:
יש רעה אשר ראיתי תחת השמש ורבה היא על האדם׃
2 Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.
איש אשר יתן לו האלהים עשר ונכסים וכבוד ואיננו חסר לנפשו מכל אשר יתאוה ולא ישליטנו האלהים לאכל ממנו כי איש נכרי יאכלנו זה הבל וחלי רע הוא׃
3 Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no.
אם יוליד איש מאה ושנים רבות יחיה ורב שיהיו ימי שניו ונפשו לא תשבע מן הטובה וגם קבורה לא היתה לו אמרתי טוב ממנו הנפל׃
4 Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so.
כי בהבל בא ובחשך ילך ובחשך שמו יכסה׃
5 Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya,
גם שמש לא ראה ולא ידע נחת לזה מזה׃
6 mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?
ואלו חיה אלף שנים פעמים וטובה לא ראה הלא אל מקום אחד הכל הולך׃
7 Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔde mmee no da.
כל עמל האדם לפיהו וגם הנפש לא תמלא׃
8 Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a mfaso bɛn na obenya?
כי מה יותר לחכם מן הכסיל מה לעני יודע להלך נגד החיים׃
9 Nea aniwa hu no ye sen nea akɔnnɔ kyin hwehwɛ. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.
טוב מראה עינים מהלך נפש גם זה הבל ורעות רוח׃
10 Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw, na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw; onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden sen no nnye eyi ho akyinnye.
מה שהיה כבר נקרא שמו ונודע אשר הוא אדם ולא יוכל לדין עם שהתקיף ממנו׃
11 Nsɛm dɔɔso a, mu ntease sua, na so wɔ mfaso ma onipa ana?
כי יש דברים הרבה מרבים הבל מה יתר לאדם׃
12 Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?
כי מי יודע מה טוב לאדם בחיים מספר ימי חיי הבלו ויעשם כצל אשר מי יגיד לאדם מה יהיה אחריו תחת השמש׃

< Ɔsɛnkafo 6 >