< Ɔsɛnkafo 3 >
1 Biribiara wɔ ne bere, na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.
Biribiara wɔ ne berɛ, na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.
2 Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere, ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,
Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ, ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,
3 okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere, obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere,
ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ, ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ,
4 agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere, awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere,
agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ, awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ,
5 abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere, atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,
aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ, akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,
6 adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere, adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere,
adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ, adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,
7 ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere, kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,
adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ, kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,
8 ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere, ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.
ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ, ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.
9 Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu?
Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu?
10 Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.
Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.
11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.
Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.
12 Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase.
Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.
13 Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde.
Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.
14 Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.
Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.
15 Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn, na nea ɛbɛba no nso aba dedaw; na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.
Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.
16 Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ: Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ, atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.
Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ: Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ, atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
17 Medwenee wɔ me koma mu se, “Onyankopɔn bebu atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn, efisɛ adwuma biara benya ne bere, nneyɛe biara ne ne bere.”
Medwenee wɔ mʼakomam sɛ, “Onyankopɔn bɛbu teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ, adeyɛ biara ne ne berɛ.”
18 Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa.
Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.
19 Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude.
Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.
20 Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu.
Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu.
21 Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”
Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”
22 Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?
Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?