< Ɔsɛnkafo 12 >
1 Kae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu, ansa na nnabɔne no aba na mfe a wobɛka se, “Minni mu anigye biara” no reba,
Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba,
2 ansa na owia ne hann, ɔsram ne nsoromma aduru sum, na omununkum asan aba osutɔ akyi.
ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi.
3 Bere a ofi no awɛmfo ho popo, na mmarima ahoɔdenfo akom, bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;
Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo, na mmarima ahoɔdenfoɔ akom, ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;
4 bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;
ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;
5 bere a nnipa suro sorokɔ ne mmɔnten so amanenyasɛm; bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no na nkatede ho adwudwo. Afei onipa kɔ ne daa home mu na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.
ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ ne mmɔntene so amanenyasɛm; ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne na abɛbɛ wea korɔ na nkatedeɛ ho adwodwoɔ. Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.
6 Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew, anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho, anaasɛ asubura so nkyimii abubu,
Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate, anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho, anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,
7 na dɔte san kɔ asase a efi mu bae, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.
na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
8 “Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose. “Biribiara yɛ ahuhude!”
“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”
9 Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree.
Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.
10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
11 Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn.
Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn.
12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima. Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.
Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima. Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.
13 Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awiei ni: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so, na onipa asɛde nyinaa ni.
Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awieeɛ nie: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so, na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.
14 Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn, nea wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.
Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn, deɛ wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.