< Ɔsɛnkafo 11 >

1 Fa wʼawi twa po; na daakye bi wubenya so mfaso.
mitte panem tuum super transeuntes aquas quia post multa tempora invenies illum
2 Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.
da partem septem necnon et octo quia ignoras quid futurum sit mali super terram
3 Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a, ɛtɔ osu gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a, nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
si repletae fuerint nubes imbrem super terram effundent si ceciderit lignum ad austrum aut ad aquilonem in quocumque loco ceciderit ibi erit
4 Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua, na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.
qui observat ventum non seminat et qui considerat nubes numquam metet
5 Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so, anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase, ade nyinaa Yɛfo no.
quomodo ignoras quae sit via spiritus et qua ratione conpingantur ossa in ventre praegnatis sic nescis opera Dei qui fabricator est omnium
6 Dua wʼaba anɔpa, na anwummere nso ma wo nsa nna ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, sɛ eyi anaa eyi, anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.
mane semina sementem tuam et vespere ne cesset manus tua quia nescis quid magis oriatur hoc an illud et si utrumque simul melius erit
7 Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia.
dulce lumen et delectabile est oculis videre solem
8 Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ onya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.
si annis multis vixerit homo et in omnibus his laetatus fuerit meminisse debet tenebrosi temporis et dierum multorum qui cum venerint vanitatis arguentur praeterita
9 Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun, ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu. Di nea wo koma pɛ ne nea wʼaniwa hu akyi, nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.
laetare ergo iuvenis in adulescentia tua et in bono sit cor tuum in diebus iuventutis tuae et ambula in viis cordis tui et in intuitu oculorum tuorum et scito quod pro omnibus his adducet te Deus in iudicium
10 Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.
aufer iram a corde tuo et amove malitiam a carne tua adulescentia enim et voluptas vana sunt

< Ɔsɛnkafo 11 >