< 5 Mose 9 >
1 Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse wɔ mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade.
Hear, O Israel: Thou shalt go over the Jordan this day; to possess nations very great, and stronger than thyself, cities great, and walled up to the sky,
2 Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?”
A People great and tall, the sons of the Enacims, whom thou hast seen, and heard of, against whom no man is able to stand.
3 Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
Thou shalt know therefore this day that the Lord thy God himself will pass over before thee, a devouring and consuming fire, to destroy and extirpate and bring them to nothing before thy face quickly, as he hath spoken to thee.
4 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na Awurade redi mo anim apam wɔn.
Say not in thy heart, when the Lord thy God shall have destroyed them in thy sight: For my justice hath the Lord brought me in to possess this land, whereas these nations are destroyed for their wickedness.
5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma.
For it is not for thy justices, and the uprightness of thy heart that thou shalt go in to possess their lands: but because they have done wickedly, they are destroyed at thy coming in: and that the Lord might accomplish his word, which he promised by oath to thy fathers Abraham, Isaac, and Jacob.
6 Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.
Know therefore that the Lord thy God giveth thee not this excellent land in possession for thy justices, for thou art a very stiffnecked people.
7 Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ Awurade, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew Awurade anim atua.
Remember, and forget not how then provokedst the Lord thy God to wrath in the wilderness. From the day that thou camest out of Egypt unto this place, thou hast always strove against the Lord.
8 Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo.
For in Horeb also thou didst provoke him, and he was angry, and would have destroyed thee,
9 Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom.
When I went up into the mount to receive the tables of stone, the tables of the covenant which the Lord made with you: and I continued in the mount forty days and nights, neither eating bread, nor drinking water.
10 Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.
And the Lord gave me two tables of stone written with the finger of God, and containing all the words that he spoke to you in the mount from the midst of the Are, when the people were assembled together.
11 Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, Awurade de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me.
And when forty days were passed, and as many nights, the Lord gave me the two tables of stone, the tables of the covenant,
12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.”
And said to me: Arise, and go down from hence quickly: for thy people, which thou hast brought out of Egypt, have quickly forsaken the way that thou hast shewn them, and have made to themselves a molten idol.
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.
And again the Lord said to me: I see that this people is stiffnecked:
14 Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.”
Let me alone that I may destroy them, and abolish their name from under heaven, and set thee over a nation, that is greater and stronger than this.
15 Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no.
And when I came down from the burning mount, and held the two tables of the covenant with both hands,
16 Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm.
And saw that you had sinned against the Lord your God, and had made to yourselves a molten calf, and had quickly forsaken his way, which he had shewn you:
17 Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim.
I cast the tables out of my hands, and broke them in your sight.
18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a Awurade kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye.
And I fell down before the Lord as before, forty days and nights neither eating bread, nor drinking water, for all your sins, which you had committed against the Lord, and had provoked him to wrath:
19 Misuroo Awurade abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio.
For I feared his indignation and anger, wherewith being moved against you, he would have destroyed you. And the Lord heard me this time also.
20 Na Awurade bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso.
And he was exceeding angry against Aaron also, and would have destroyed him, and I prayed in like manner for him.
21 Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu.
And your sin that you had committed, that is, the calf, I took, and burned it with fire, and breaking it into pieces, until it was as small as dust, I threw it into the torrent, which cometh down from the mountain.
22 Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
At the burning also, and at the place of temptation, and at the graves of lust you provoked the Lord:
23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm.
And when he sent you from Cadesbarne, saying: Go up, and possess the land that I have given you, and you slighted the commandment of the Lord your God, and did not believe him, neither would you hearken to his voice:
24 Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
But were always rebellious from the day that I began to know you.
25 Ɛno nti na bere a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no.
And I lay prostrate before the Lord forty days and nights, in which I humbly besought him, that he would not destroy you as he had threatened:
26 Mebɔɔ mpae srɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no.
And praying, I said: O Lord God, destroy not thy people, and thy inheritance, which thou hast redeemed in thy greatness, whom thou hast brought out of Egypt with a strong hand.
27 Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob.
Remember thy servants Abraham, Isaac, and Jacob: look not on the stubbornness of this people, nor on their wickedness and sin:
28 Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘Awurade sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’
Lest perhaps the inhabitants of the land, out of which thou hast brought us, say: The Lord could not bring them into the land that he promised them, and he hated them: therefore he brought them out, that he might kill them in the wilderness,
29 Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”
Who are thy people and thy inheritance, whom thou hast brought out by thy great strength, and in thy stretched out arm.